So Yehowa Adansefo Gu Nkurɔfo Aware?
NNIPA pii ka sɛ, “Sɛ okunu anaa ɔyere sesa ne som a, wɔn aware begu.” Ɛtɔ mmere bi a, wɔka saa asɛm yi kyerɛ ɔwarefo a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo no. Nanso, bere nyinaa na saa asɛm yi yɛ nokware?
Sɛ ɔwarefo bi fi ase kyerɛ nyamesom ho anigye anaa ɔpɛ sɛ ɔsesa gyidi a woakura mu akyɛ a, ɛnyɛ nwonwa sɛ ebetumi ama ne hokafo ho adwiriw no. Ebetumi de dadwen, abasamtu, ne abufuw mpo aba.
Mpɛn pii no, ɔbea no na odi kan hu sɛ ehia sɛ ɔsesa ne som. Sɛ wo yere ne Yehowa Adansefo resua Bible no a, eyi betumi aka w’aware dɛn? Sɛ woyɛ ɔbea warefo a wo ne Yehowa Adansefo resua Bible a, dɛn na wubetumi ayɛ na amma dadwen anhyɛ wo kunu so pii?
Okunu Bi Anom Asɛm
Bere a Mark a ɔwɔ Australia yere fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na wɔaware mfe 12. Mark ka sɛ: “Ná mewɔ anigye wɔ m’aware mu, na na mewɔ adwuma pa yɛ. Ná asetena yɛ dɛ. Afei me yere ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no. Ɛhɔ ara na mihui sɛ asɛm ato me. Mfiase no, na minhu nea menyɛ wɔ Bible a me yere afi ase resua no ho, enti bere a ɔka kyerɛɛ me sɛ wasi gyinae sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu bɛyɛ Yehowa Dansefo no, ɛhaw me paa.”
Esiane ɔsom foforo a na Mark yere pɛ sɛ ɔkɔ mu nti, na osusuw sɛ n’aware no agu ara ne sa. Mark yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma ne yere agyae Bible a ɔresua no, na wama ɔne Adansefo no atwa abusuabɔ biara mu. Nanso Mark ampere ne ho anyɛ biribiara, mmom no ɔtɔɔ ne bo ase twɛn kakra. Dɛn na ɛbaa n’aware no so?
Mark ka sɛ: “Anigyesɛm ne sɛ, yɛn aware no mu ayɛ den koraa sen kan no. Efi bere a me yere bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo mfe 15 ni no, yɛakɔ so ara anya anigye wɔ yɛn aware mu.” Dɛn na ɛboa maa aware no gyinae? Mark ka sɛ, “Sɛ misusuw ho a, mɛka sɛ efi sɛnea me yere de Bible mu afotu pa yɛɛ adwuma no. Wabɔ mmɔden bere nyinaa sɛ obebu me.”
Afotu a Mmea a Wɔatumi Ama Wɔn Kununom Ate Wɔn Ase De Ma
Sɛ woyɛ ɔbea warefo a wo ne Yehowa Adansefo resua Bible a, dɛn na wubetumi aka anaa dɛn na wubetumi ayɛ de atew dadwen a ebia ahyɛ wo kunu so no so? Susuw nsɛm a mmea a wofi wiase mmeae ahorow aka a edidi so yi ho hwɛ.
Sakiko a ɔwɔ Japan ka sɛ: “Maware mfe 31 ni, na mewɔ mma baasa. Mfe 22 ni a mebɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den sɛ wo ne okunu a wo ne no nni ɔsom biako mu bɛtena. Nanso, meyere me ho paa sɛ mede Bible mu afotu a ɛka sɛ ‘yɛnyɛ ntɛm ntie asɛm, nyɛ nyaa nkasa, na yɛnyɛ nyaa mfa abufuw’ no bɛyɛ adwuma. (Yakobo 1:19) Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ me kunu papa na mayɛ nea ɔpɛ ama no bere dodow a entia Bible mmara. Eyi aboa ma yɛn aware asɔ.”
Nadezhda a ɔwɔ Russia ka sɛ: “Maware mfe 28 ni, na mebɔɔ asu sɛ Ɔdansefo mfe 16 ni. Ansa na meresua Bible no, na minnye ntom sɛ me kunu na ɛsɛ sɛ ɔyɛ abusua no ti. Ná metaa sisi gyinae a m’ankasa mepɛ. Nanso ɛwom ara no, mibehui sɛ Bible mu asɛm a mede yɛɛ adwuma no maa asomdwoe ne anigye baa yɛn abusua mu. (1 Korintofo 11:3) Bere rekɔ so no, ɛyɛɛ mmerɛw maa me sɛ mɛbrɛ me ho ase, na me kunu nso ahu nsakrae a mayɛ no.”
Marli a ɔwɔ Brazil ka sɛ: “Mewɔ mma baanu, na mewaree mfe 21 ni. Mfe 16 ni a mebɔɔ asu sɛ Ɔdansefo. Mihui sɛ Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ awarefo bom tena na ɛnyɛ sɛ wɔbɛtetew mu. Enti meyere me ho sɛ mɛyɛ ɔyere pa, na mama me kasa ne sɛnea meyɛ m’ade no ama Yehowa ne me kunu ani agye.”
Larisa a ɔwɔ Russia ka sɛ: “Bere a mebɛyɛɛ Yehowa Dansefo bɛyɛ mfe 19 ni no, mihui sɛ na ade a ehia paa ne sɛ mɛyɛ nsakrae wɔ m’asetena mu. Me kunu tumi hu sɛ Bible no aboa me ma mayɛ ɔyere pa na ama m’ani asɔ no yiye. Mfiase no, na yɛn adwene nhyia wɔ sɛnea yɛbɛtete yɛn mma ho, nanso yɛate yɛn ho ase. Me kunu ma kwan ma yɛn mma no ne me kɔ Kristofo nhyiam efisɛ ohu sɛ wɔrekyerɛkyerɛ wɔn nneɛma a wobenya so mfaso nkutoo.”
Valquíria a ɔwɔ Brazil ka sɛ: “Mewɔ ba biako na m’aware mfe 19 ni. Mfe 13 ni a mebɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Mfiase no na me kunu mpɛ sɛ mepue akɔ asɛnka. Nanso misuae sɛ mede odwo bɛkyerɛkyerɛ no nsɛm mu na maboa no ma wahu sɛ Bible no reboa me ma masesa me nipasu. Nkakrankakra me kunu huu sɛnea ehia sɛ mede me ho hyɛ asɛnka adwuma no mu. Ɛnnɛ, ɔde mmoa biara a mihia ma me wɔ me som ho. Sɛ me ne afoforo rekosua Bible wɔ nkuraa a ɛwɔ akyirikyiri ase a, ɔde ne kar kosi me na onya ntoboase twɛn me wɔ abɔnten kosi sɛ mewie.”
Bible Boa Aware
Sɛ wo kunu anaa wo yere ne Yehowa Adansefo resua Bible a, nsuro sɛ ɛbɛma w’aware agu. Sɛnea okununom ne ɔyerenom pii a wɔwɔ wiase afanan nyinaa ahu no, Bible boa ma aware yɛ yiye.
Okunu bi a ɔnyɛ Yehowa Dansefo gye toom sɛ: “Bere a me yere bɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, mfiase no ɛhaw me paa, nanso seesei mahu sɛ aboa paa ɛmfa ho sɛ na ɛnna fam no.” Okunu foforo nso kaa ne yere ho asɛm sei: “Me yere nokwaredi ne n’akokoduru ama mabu Yehowa Dansefo paa. Bible a me yere asua no aboa yɛn aware no yiye. Obiara ate ne yɔnko ase na yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yebom tena sɛ awarefo kosi awiei.”—w08 11/1-E.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 32]
Yehowa Adansefo Bu Aware Dɛn?
Yehowa Adansefo bu Bible no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Enti wɔfa nea ɛka wɔ aware ho no aniberesɛm. Hyɛ nea Bible ka de bua nsɛmmisa a edidi so yi nsow:
▪ So Yehowa Adansefo hyɛ wɔn nkurɔfo nkuran sɛ wɔntew wɔn ho mfi wɔn aware mu hokafo a ɔnyɛ Ɔdansefo no ho? Dabi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ onua bi wɔ yere a onnye nni, na sɛ ɔbea no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ogyaa no; na sɛ ɔbea bi nso wɔ kunu a onnye nni, na sɛ ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ogyaa ne kunu no.” (1 Korintofo 7:12, 13) Yehowa Adansefo di saa ahyɛde yi so.
▪ So wɔhyɛ ɔbea warefo a ɔyɛ Yehowa Dansefo nkuran sɛ sɛ ne kunu ne no nni ɔsom biako mu a, ɛnsɛ sɛ otie n’asɛm? Dabi. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mo ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a ɔkasa nka ho, efisɛ wɔn ankasa bedi mo abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.”—1 Petro 3:1, 2.
▪ So Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ sɛ okunu tumi nni anohyeto? Dabi. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Onyankopɔn.” (1 Korintofo 11:3) Ɔbea warefo a ɔyɛ Kristoni bebu ne kunu sɛ ɔno ne abusua no ti. Nanso okunu no tumi wɔ anohyeto. Obebu ne nneyɛe ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn ne Kristo. Enti, sɛ okunu hyɛ ne yere sɛ ɔnyɛ biribi a ɛbɛtõ Onyankopɔn mmara a, ɔbea warefo a ɔyɛ Kristoni ‘betie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom asen nnipa.’—Asomafo Nnwuma 5:29.
▪ So Yehowa Adansefo bara awaregyae? Dabi. Yesu Kristo kae sɛ: “Mise mo sɛ sɛ ɛnyɛ aguamammɔ [nna mu ɔbrasɛe] nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.” (Mateo 19:9) Enti, Yehowa Adansefo gye Yesu asɛm a ɔkae sɛ wobetumi agyina awaresɛe so agyae aware no tom na wogye di nso. Nanso wogye di paa nso sɛ ɛnsɛ sɛ wogyina asɛm biara so kɛkɛ gyae aware. Wɔhyɛ wɔn nkurɔfo nkuran sɛ wonni Yesu asɛm yi so: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro. . . . Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—Mateo 19:5, 6.