Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w09 10/1 kr. 20
  • Yehowa Ani Sɔ Wɔn a Wodwo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ani Sɔ Wɔn a Wodwo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Miriam​—Onyaa Hokwan Wɔ Ne Mmofraase Ne Mpanyinyɛ Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • “Monto Dwom Mma Yehowa”!
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Mose​—Ɔbarima a Ɔwɔ Ɔdɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Numeri Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
w09 10/1 kr. 20

Bɛn Onyankopɔn

Yehowa Ani Sɔ Wɔn a Wodwo

Numeri 12:1-15

NNIPA a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi yiye wɔ wiase yi mu no taa da su ahorow te sɛ ahantan, anibere, ne anuonyampɛ adi. Nanso, so su a ɛte saa no boa ma yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam yɛ papa? Dabi, mmom nea Yehowa pɛ ne sɛ n’asomfo bedwo. Eyi da adi wɔ asɛm a ɛwɔ Numeri ti 12 no mu. Asɛm yi sii wɔ Sinai sare so bere a na wɔagye Israelfo afi Egypt no.

Miriam ne Aaron a wɔyɛ Mose nuanom mpanyimfo no “kasa tiaa” wɔn nua kumaa no. (Nkyekyɛm 1) Sɛ́ anka wɔne Mose besusuw nsɛm ho no, wɔkasa tiaa no mmom, na ɛda adi sɛ anwiinwii no trɛwee wɔ nsraban no mu. Ɛbɛyɛ sɛ Miriam a wodii kan bɔɔ ne din no na ofii anwiinwii no ase. Ade a edi kan a ɛma wonwiinwii ne sɛ, ná Mose akɔware Kusni bea. So na Miriam suro sɛ ebia ɔbea foforo a ɔnyɛ Israelni mpo yi, begye n’anuonyam?

Ná wɔn anwiinwii no gyina nneɛma pii so. Miriam ne Aaron kɔɔ so kae sɛ: “Mose nkutoo so na Yehowa nam kasa? Ɔmfa yɛn so nkasa bi anaa?” (Nkyekyɛm 2) So tumi anaa anuonyam a na wɔrepɛ nti na wonwiinwii?

Sɛnea Bible kyerɛ no, Mose anka anwiinwii no ho hwee. Ɛda adi sɛ ɔde boasetɔ gyinaa ano. Boasetɔ a onyae a enti wammua wɔn no foa asɛm a Bible ka fa ne ho sɛ na ɔyɛ “ɔbarima a odwo sen obiara” wɔ asase so no so.a (Nkyekyɛm 3) Ná ɛho nhia sɛ Mose beyi ne ho ano, efisɛ na Yehowa retie, na na ogyina Mose akyi.

Yehowa buu nea na wɔreyɛ no sɛ wɔrenwiinwii atia n’ankasa. Anyɛ yiye koraa no, ɔno na ɔpaw Mose. Bere a Onyankopɔn reka anwiinwiifo no anim no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔne Mose wɔ abusuabɔ soronko: “Me ne no kasa ano ne ano.” Afei Yehowa bisaa Miriam ne Aaron sɛ: “Adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia . . . Mose?” (Nkyekyɛm 8) Wɔnam Mose a wɔkasa tiaa no no so kasa tiaa Onyankopɔn. Esiane wɔn aniammɔho nti, ná Yehowa abufuhyew bɛba wɔn so.

Kwata yɛɛ Miriam a ɛda adi sɛ ɔno na ofii anwiinwii no ase no. Ntɛm ara na Aaron paa Mose kyɛw sɛ ɔnsrɛ mma ne nuabea no. Wode susuw ho hwɛ, sɛ na Miriam ho bɛtɔ no a, gye sɛ Mose a na wɔafom no no mmom srɛ ma no! Mose fii odwo mu yɛɛ wɔn abisade no maa wɔn. Afei de, Mose buee n’ano kasae. Ɔsrɛɛ Yehowa maa ne nuabea no. Wɔsaa Miriam yare, nanso na ɛsɛ sɛ woyi no fi nnipa no mu ma okodi nanson wɔ nsraban no akyi.

Bible mu asɛm yi boa ma yehu su ahorow a Yehowa ani gye ho ne suban a okyi. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛn Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yi su ahorow te sɛ ahantan, anibere, ne anuonyampɛ biara a yehu wɔ yɛn mu no fi hɔ. Wɔn a wodwo no na Yehowa dɔ wɔn. Ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11; Yakobo 4:6.—w09 8/1-E.

[Ase hɔ asɛm]

a Odwo yɛ su a ɛma obi tumi tɔ ne bo ase gyina atɛnkyea ano na ogyae nsɛm mu ma ɛka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena