Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w09 8/15 kr. 12-16
  • Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So Yɛ Anidaso A Wɔasan Ama Ada Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So Yɛ Anidaso A Wɔasan Ama Ada Adi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso a Ɛso Katae
  • Nokware Hyerɛn wɔ Esum Mu
  • “Nimdeɛ a Edi Mu Bɛdɔɔso”
  • “Anuonyam Ahofadi” Reba!
  • Mfirihyia Apem Anidaso No Di Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So—So Ɛyɛ Kristofo Anidaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ahurusi Wɔ “Onyankopɔn A Ɔma Anidaso” No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Bere A Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Yɛ Asase So Ma
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
w09 8/15 kr. 12-16

Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So Yɛ Anidaso A Wɔasan Ama Ada Adi

“Wo Daniel, to nsɛm no mu . . . kosi awiei bere no. Nnipa bebree bɛtweetwee mu, na nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.”—DAN. 12:4.

1, 2. Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho wɔ adesua asɛm yi mu?

NNIPA ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ate nsɛm bi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu a ɛma nnipa nya anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ paradise asase so no ase yiye. (Adi. 7:9, 17) Efi bere a wɔbɔɔ nnipa pɛɛ na Onyankopɔn daa no adi sɛ wɔbɔɔ onipa sɛ ɔntena ase daa, na mmom wɔammɔ no sɛ ɔntena ase mfe kakraa bi na onwu.—Gen. 1:26-28.

2 Ná adesamma a wɔbɛsan ama wɔayɛ pɛ te sɛ bere a na Adam nyɛɛ bɔne no ka anidaso a na Israelfo no wɔ ho. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so ama adesamma anya daa nkwa wɔ Paradise wɔ asase so no mu. Ɛnde, dɛn nti na na ɛsɛ sɛ wɔsan da anidaso a na nnipa wɔ no adi? Ɔkwan bɛn na wɔfaa so daa no adi na wɔmaa nnipa ɔpepem pii hui?

Anidaso a Ɛso Katae

3. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ anidaso a adesamma wɔ sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no so katae?

3 Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ atoro adiyifo de nkyerɛkyerɛ bɔne bɛsɛe ne nkyerɛkyerɛ, na wɔbɛdaadaa nnipa dodow no ara. (Mat. 24:11) Ɔsomafo Petro bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ: “Akyerɛkyerɛfo atorofo bɛsɔre mo mu.” (2 Pet. 2:1) Ɔsomafo Paulo kae sɛ “bere bi bɛba a [nnipa rentena] nkyerɛkyerɛ pa no mu, na mmom wɔbɛboaboa akyerɛkyerɛfo ano afa ma wɔanunu wɔn asom, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te.” (2 Tim. 4:3, 4) Satan ka ho na wɔredaadaa nnipa, na wama Kristoman akata atirimpɔw ankasa a Onyankopɔn wɔ ma nnipa ne asase no so.—Monkenkan 2 Korintofo 4:3, 4.

4. Adesamma anidaso bɛn na nyamesom akannifo a wɔawae no annye antom?

4 Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso a ɛwɔ soro a ebebubu nnipa nniso nyinaa ama asa. (Dan. 2:44) Wɔ Kristo mfirihyia apem nniso no mu no, wɔde Satan bɛto amoa donkudonku mu, wobenyan awufo, na wɔbɛma adesamma ayɛ pɛ wɔ asase so. (Adi. 20:1-3, 6, 12; 21:1-4) Nanso, nyamesom akannifo awaefo a wɔwɔ Kristoman mu de nkyerɛkyerɛ foforo abɛka ho. Sɛ nhwɛso no, Asɔre Agya Origen a ofi Alexandria a ɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so abiɛsa mu no kasa tiaa wɔn a na wogye di sɛ nnipa benya nhyira wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu wɔ asase so no. The Catholic Encyclopedia no ka Katolek nyamekyerɛfo Augustine a ofi Hippo (354-430 Y.B.) no ho asɛm sɛ “ogyee nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ mfirihyia apem nniso biara nni hɔ no toom.”a

5, 6. Dɛn nti na Origen ne Augustine annye mfirihyia apem nniso no antom?

5 Dɛn nti na Origen ne Augustine annye mfirihyia apem nniso no antom? Ná Origen yɛ Clement a ofi Alexandria a na ogye Helafo atetesɛm a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da di no suani. Esiane sɛ adwene a na Plato kura wɔ ɔkra ho no nyaa Origen so nkɛntɛnso kɛse nti, nyamekyerɛfo Werner Jaeger kae sɛ Origen “na ɔde Plato nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra fi onipa mu kɔtena baabi no bɛkaa Kristofo nkyerɛkyerɛ ho.” Ɛno nti, Origen kyerɛkyerɛe sɛ nhyira a ɛbɛba wɔ Mfirihyia Apem no mu no ntumi nyɛ asase so de, na mmom, wobenya saa nhyira no wɔ ahonhom atenae.

6 Ansa na Augustine resakra aba Kristoman mu wɔ bere a na wadi mfe 33 no, na wabɛyɛ Plotinus a ɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so abiɛsa no mu a ɔfaa ne nkyerɛkyerɛ no bi fii Plato de mu no kyidini. Bere a Augustine sakrae akyi no, na ɔda so ara gye Plotinus nkyerɛkyerɛ di. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “[Augustine] titiriw na ɔde Helafo nyansapɛ a egyina Plato nkyerɛkyerɛ so bɛhyɛɛ Apam Foforo nkyerɛkyerɛ mu.” Augustine kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Mfirihyia Apem Nniso a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 20 no “yɛ anansesɛm” sɛnea The Catholic Encyclopedia ka no. Nhoma no de ka ho sɛ: “Nyamekyerɛfo a wofi Hela ne Roma a wɔbaa akyiri yi no gyee saa nkyerɛkyerɛmu . . . yi toom, na wɔankɔ so annye mfirihyia Apem Nniso a ɛbɛba asase so no antom.”

7. Atoro nkyerɛkyerɛ bɛn na akata daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so no so, na ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

7 Tete Babilon nkyerɛkyerɛ a ɛtrɛw kɔɔ wiase nyinaa a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra anaa honhom a enwu da a ɛte ne nipadua mu no kataa daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so ho anidaso no so. Bere a Kristoman gyee saa nkyerɛkyerɛ no toom no, nyamekyerɛfo no kyinkyim Kyerɛwnsɛm no ma ɛyɛɛ te sɛ nea kyerɛw nsɛm a ɛka ɔsoro anidaso ho asɛm no kyerɛkyerɛ sɛ nnipa pa nyinaa bɛkɔ soro. Saa nkyerɛkyerɛ yi kyerɛ sɛ onipa ba asase so bedi bere tiaa bi ma wɔde sɔ no hwɛ sɛ ɔbɛfata sɛ ɔkɔtena ɔsoro anaa. Biribi a ɛte saa kataa Yudafo anidaso a ɛne sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no so. Bere a Yudafo no de nkakrankakra gyee Helafo nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ biribi hyɛ nnipa mu a enwu da toom no, anidaso a na wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase wɔ asase so no yerae. Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko koraa wɔ nea Bible ka fa onipa ho no ho! Onipa yɛ honam abɔde, na ɔnyɛ honhom. Yehowa ka kyerɛɛ onipa a odi kan no sɛ: “Woyɛ dɔte.” (Gen. 3:19) Baabi a wɔde maa onipa sɛ ɔntena daa ne asase so, na ɛnyɛ ɔsoro.—Monkenkan Dwom 104:5; 115:16.

Nokware Hyerɛn wɔ Esum Mu

8. Dɛn na nhomanimfo binom a wɔtenaa ase wɔ afe 1600 mfe no mu no ka faa nnipa anidaso ho?

8 Ɛwom sɛ ɔsom dodow no ara a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no nkyerɛkyerɛ sɛ nnipa benya daa nkwa wɔ asase so de, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na Satan tumi maa nokware no so katae. Wɔ mfe pii a na abɛsen kɔ mu no, nokware no hyerɛn maa nnipa kakraa bi a wɔtɔɔ wɔn bo ase kenkan Bible no ma wɔtee sɛnea Onyankopɔn bɛsan ama adesamma ayɛ pɛ no ho nsɛm bi ase. (Dw. 97:11; Mat. 7:13, 14; 13:37-39) Ebeduu afe 1600 mfe no mu no, na Bible nkyerɛase ne ne tintim ama nnipa pii anya Kyerɛw Kronkron no bi. Wɔ afe 1651 mu no, nhomanimfo bi kyerɛwee sɛ sɛnea Adam maa “Paradise ne Daa Nkwa a nnipa benya wɔ Asase so bɔɔ wɔn no,” saa ara nso na “wɔbɛma nnipa nyinaa atena Asase so” Kristo mu; “sɛ ɛnte saa a, na ntotoho no nyɛ papa.” (Monkenkan 1 Korintofo 15:21, 22.) Anwensɛm akyerɛwfo a wɔka Borɔfo kasa a wɔagye din mu biako ne John Milton (1608-1674) a ɔkyerɛw Paradise Lost (Paradise a Ɛyerae) ne ne ntoaso Paradise Regained (Paradise a Wɔasan Anya) nhoma no. Milton kaa akatua a anokwafo benya wɔ asase so paradise mu ho asɛm wɔ ne nhoma no mu. Ɛwom sɛ Milton de ne bere fã kɛse no ara suaa Bible de, nanso ohui sɛ nnipa rentumi nte nokwasɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu nyinaa ase nwie kosi sɛ Kristo bɛba.

9, 10. (a) Dɛn na Isaac Newton kyerɛw faa adesamma anidaso ho? (b) Dɛn nti na na Newton susuw sɛ ɛte sɛ nea na ɛbɛkyɛ paa ansa na Kristo aba?

9 Ná Onuonyamfo Isaac Newton (1642-1727) a ɔyɛ akontaabufo a wagye din no nso ani gye Bible sua ho. Ɔtee ase sɛ wobenyan akronkronfo ama wɔakɔtena soro, na wɔne Kristo bedi ade a aniwa nhu wɔn. (Adi. 5:9, 10) Ɔkyerɛw wɔn a wɔbɛyɛ Ahenni no manfo ho asɛm sɛ: “Nnipa bɛkɔ so atena asase so wɔ atemmu da no akyi, na wɔrentena ase mfe 1000 pɛ, na mmom, wɔbɛtena ase afebɔɔ.”

10 Ná Newton susuw sɛ ɛbɛkyɛ paa ansa na Kristo aba. Abakɔsɛm kyerɛwfo Stephen Snobelen kae sɛ: “Ade biako nti a na Newton susuw sɛ ɛbɛkyɛ paa ansa na Onyankopɔn Ahenni no aba ne sɛ, na Baasakoro a ɛyɛ awaefo nkyerɛkyerɛ no agye ntini wɔ nnipa pii a wɔwɔ hɔ saa bere no mu.” Ná asɛmpa no so da so ara akata. Newton anhu Kristofo kuw biara a na wobetumi aka asɛmpa no saa bere no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nnipa rente Daniel ne Yohane nkɔmhyɛ yi [Yohane nkɔmhyɛ no wɔ Adiyisɛm nhoma no mu] ase kosi awiei bere no.” Newton kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “‘Afei,’ Daniel kae sɛ, ‘nnipa pii bedi akɔneaba, na nimdeɛ bɛdɔɔso.’ Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔka Asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu ansa na ahohiahia kɛse no ne wiase no awiei aba. Nnipakuw kɛse a wokurakura berɛw a wofi ahohiahia kɛse no mu no ntumi nnɔɔso mmɛyɛ nnipa a wofi amanaman nyinaa mu a wontumi nkan wɔn dodow, gye sɛ wɔka Asɛmpa no ansa na ahohiahia kɛse no aba.”—Dan. 12:4; Mat. 24:14; Adi. 7:9, 10.

11. Dɛn nti na adesamma anidaso so kɔɔ so katae maa nnipa dodow no ara wɔ Milton ne Newton bere so?

11 Wɔ Milton ne Newton bere so no, na ɛyɛ hu sɛ obi bɛkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bi a ɛne asɔre no de nhyia. Ɛno nti, wɔantintim nhoma a wogyinaa nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ Bible mu so kyerɛwee no kosii wɔn wu akyi. Wɔn a wɔtew wɔn ho fii Katolek asɔre no ho bɛyɛɛ Protestantfo wɔ afeha a ɛto so 16 no mu no antumi anyi atoro nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da no amfi hɔ, na Protestant asɔre akɛse no nso kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ Augustine adwene a ɛne sɛ Mfirihyia Apem Nniso no atwam, na ɛnyɛ afei na ɛrebɛba no. So nimdeɛ adɔɔso wɔ awiei bere yi mu?

“Nimdeɛ a Edi Mu Bɛdɔɔso”

12. Bere bɛn na na nimdeɛ a edi mũ bɛdɔɔso?

12 Daniel hyɛɛ “awiei bere no” ho nkɔm bi a ɛyɛ anigye paa. (Monkenkan Daniel 12:3, 4, 9, 10.) Yesu kae sɛ: “Saa bere no treneefo bɛhyerɛn paa sɛ owia.” (Mat. 13:43) Ɛyɛɛ dɛn na nimdeɛ a edi mũ adɔɔso wɔ awiei bere yi mu? Susuw nsɛm bi a ɛkɔɔ so ansa na afe 1914, afe a emu na awiei bere no fii ase no reba no ho hwɛ.

13. Bere a Charles Taze Russell hwehwɛɛ nea ɛbɛyɛ a nnipa bɛsan ayɛ pɛ mu wiei no, asɛm bɛn na ɔkyerɛwee?

13 Wɔ afe 1800 mfe no awiei mu no, na nnipa komapafo bi reyɛ nhwehwɛmu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte “nsɛm a eye no nhwɛsode” no ase. (2 Tim. 1:13) Ná saa nnipa no mu biako ne Charles Taze Russell. Wɔ afe 1870 mu no, ɔne nnipa foforo a na wɔrehwehwɛ nokware no tew Bible adesuakuw bi. Wɔ afe 1872 mu no, wɔhwehwɛɛ ɔkwan a na adesamma bɛfa so asan ayɛ pɛ mu. Akyiri yi, Russell kyerɛwee sɛ: “Ebesi saa bere no, na yentumi nhuu nsonsonoe kɛse a ɛda akatua a asɔre no (Kristofo a wɔasra wɔn asafo no) a seesei wɔresɔ ahwɛ ne nea na nnipa anokwafo a wɔwɔ wiase benya no mu yiye.” Akatua a na nnipa anokwafo a wɔwɔ wiase benya no bɛyɛ “pɛyɛ a na anka nnipa nyinaa nana anaa wɔn agya Adam wom wɔ Eden turom a wɔbɛsan ama wɔakɔ mu no.” Russell kae sɛ na nnipa foforo bi aboa no wɔ Bible a na ɔresua no mu. Henanom na wɔboaa no no?

14. (a) Henry Dunn tee Asomafo Nnwuma 3:21 ase dɛn? (b) Henanom na Dunn kae sɛ wɔbɛtena asase so daa?

14 Nnipa a wɔboaa no no mu biako ne Henry Dunn. Ná Dunn akyerɛw biribi afa “mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa sɛnea Onyankopɔn nam ne tete adiyifo kronkron no anom so aka no” ho. (Aso. 3:21) Ná Dunn nim sɛ adesamma a wɔbɛsan ama wɔayɛ pɛ wɔ asase so wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no ka saa nsiesie yi ho. Dunn san hwehwɛɛ asɛmmisa bi a na akyere nnipa pii adwene mu. Na saa asɛmmisa no ne sɛ, Henanom na wɔbɛtena ase daa wɔ asase so? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wobenyan nnipa ɔpepem pii afi awufo mu, akyerɛkyerɛ wɔn nokware no, na wɔama wɔanya hokwan agye Kristo adi.

15. Dɛn na George Storrs hu faa owusɔre ho?

15 Wɔ afe 1870 mu no, George Storrs nso kyerɛe sɛ wobenyan wɔn a wɔnteɛ afi awufo mu ma wɔanya hokwan atena ase daa wɔ asase so. Ɔsan hui wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ sɛ wonyan obi fi awufo mu na onipa no anyɛ ade a ɛbɛma wanya daa nkwa a, “‘sɛ ɔdebɔneyɛfo no adi mfe ɔha’ mpo a, obewu.” (Yes. 65:20) Ná Storrs te Brooklyn, New York, na na ɔyɛ nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no Bible Examiner no samufo.

16. Dɛn na ɛmaa Bible Asuafo no daa nsow wɔ Kristoman ho?

16 Russell hui wɔ Bible mu sɛ na bere adu sɛ wɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Enti wɔ afe 1879 mu no, ofii ase tintim Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence, a seesei wɔfrɛ no Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ no. Bere bi a na atwam no, na nnipa kakraa bi pɛ na wɔte adesamma anidaso ho nokwasɛm no ase, nanso afei de, na Bible Asuafo akuw a wɔwɔ aman pii so no nya Ɔwɛn-Aban no bi sua. Nkyerɛkyerɛ a ɛmaa Bible Asuafo no daa nsow koraa wɔ Kristoman mu asɔre ahorow ho ne nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ nnipa kakraa bi na wɔbɛkɔ soro, na wɔbɛma nnipa ɔpepem pii nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ asase so no.

17. Ɛyɛɛ dɛn na nimdeɛ a edi mũ bɛyɛɛ nea ɛdɔɔso?

17 “Awiei bere no” a wɔhyɛɛ ho nkɔm no fii ase wɔ afe 1914 mu. So nimdeɛ a edi mũ a ɛfa adesamma anidaso ho no bɛyɛɛ nea ɛdɔɔso? (Dan. 12:4) Eduu afe 1913 no, na wotintim ɔkasa ahorow a Russell ma no wɔ atesɛm nkrataa 2,000 mu, na na nnipa a wɔkenkan no dodow si 15,000,000. Eduu afe 1914 awiei no, na nnipa bɛboro 9,000,000 a wɔwɔ aman pii so ahwɛ “Photo-Drama of Creation”—sini a nnipa a wɔkeka wɔn ho ne wɔn a wɔnkeka wɔn ho wom a ɛkyerɛkyerɛ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no. Yehowa asomfo maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da” wɔ kasa bɛboro 30 mu wɔ wiase nyinaa fi afe 1918 besii afe 1925, na wɔde kyerɛkyerɛɛ daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so mu. Eduu afe 1934 no, Yehowa Adansefo hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so no asu. Saa ntease yi a wonyae no ma wonyaa ahoɔden foforo de kaa Ahenni ho asɛmpa no. Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii na anidaso a wɔanya sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so no ma wɔda Yehowa ase paa.

“Anuonyam Ahofadi” Reba!

18, 19. Asetena pa bɛn na wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Yesaia 65:21-25?

18 Wɔde honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkyerɛw asetena a Onyankopɔn nkurɔfo benya wɔ asase so ho asɛm. (Monkenkan Yesaia 65:21-25.) Ɛda adi sɛ nnua bi a na ɛwɔ hɔ wɔ bere a Yesaia kyerɛw saa asɛm no bɛyɛ mfe 2,700 ni no da so ara wɔ hɔ nnɛ. So wubetumi de w’adwene ayɛ ho mfonini sɛ wote ase bere tenten saa a wowɔ ahoɔden ne apɔwmuden?

19 Sɛ́ anka yɛn nkwa nna bɛyɛ tiaa no, yebenya nkwa a enni awiei de asisi adan, ayeyɛ mfuw, na yɛasua nneɛma pii. Susuw nnamfo a wubetumi anya no ho hwɛ. Wo ne wo nnamfo no bɛkɔ so atena ase wɔ ɔdɔ mu de akosi daa. Hwɛ “anuonyam ahofadi” a “Onyankopɔn mma” benya wɔ asase so saa bere no!—Rom. 8:21.

[Ase hɔ asɛm]

a Augustine kyerɛe sɛ Onyankopɔn Mfirihyia Apem Nniso Ahenni a ɛbɛba daakye biara nni hɔ, na mmom ɔkyerɛe sɛ na ahenni no afi ase dedaw fi bere a wɔde asɔre no sii hɔ no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ɛyɛɛ dɛn na anidaso a adesamma wɔ sɛ wɔbɛtena ase wɔ asase so no so katae?

• Ntease bɛn na nnipa bi a wɔkenkan Bible nyae wɔ afe 1600 mfe no mu?

• Bere a na afe 1914 rebɛn no, ɛyɛɛ dɛn na wɔbɛtee adesamma anidaso ankasa no ase yiye?

• Ɔkwan bɛn so na asase so anidaso no ho nimdeɛ adɔɔso?

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Ná anwensɛm kyerɛwfo John Milton (benkum) ne akontaabufo Isaac Newton (nifa) nim daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so ho anidaso no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Bible Asuafo a wodi kan no hui wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ bere adu sɛ wɔka adesamma anidaso ankasa ho asɛm wɔ wiase nyinaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena