Nsɛm a Akenkanfo Bisa
So Ɛyɛ Nokware Sɛ Anyansafo Baasa Kɔsraa Akokoaa Yesu?
Yesu awo ho nsɛm a wɔka wɔ Buronya bere mu wɔ wiase nyinaa, fi Amerika Anafo Fam kosi Europa Apuei Fam ne Asia, no kyerɛ sɛ ahene, anaa anyansafo baasa de akyɛde a ɛsom bo kɔmaa akokoaa Yesu. So asɛm yi yɛ nokware? So ɛne nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no hyia? Ma yɛnhwɛ.
Mateo ne Luka Nsɛmpa no ma yehu Yesu awo ho nsɛm. Saa Nsɛmpa abien yi kyerɛ sɛ nguanhwɛfo awiɛmfoɔ bi a na wɔbɛn baabi a wɔwoo Yesu no nkutoo na wɔkɔsraa no. Nokwarem no, na nnipa a wɔka sɛ wɔyɛ ahene, anaa anyansafo no yɛ nsoromma mu ahwɛfo; wɔnyɛ ahene, na Bible no ankyerɛ wɔn dodow nso. Nsoromma mu ahwɛfo no ankɔsra Yesu bere a wɔawo no foforo a na ɔda mmoa adididaka mu no. Mmom, bere a wɔkɔɔ hɔ no, na Yesu yɛ abofra a ɔte fie. Yesu nkyɛn a wɔkɔe no de ne nkwa too asiane mu mpo!
Tɔ wo bo ase hwɛ Yesu awo ho nsɛm a Bible kyerɛwfo Luka kyerɛwee no mu, na wubehu sɛ ɔkae sɛ: “Saa bere no, na nguanhwɛfo . . . a wɔwɛn wɔn nguan anadwo wɔ wuram. Amonom hɔ ara Yehowa bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn, na . . . ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no ho sɛ ɔda mmoa adididaka mu’ . . . Na wɔyɛɛ ntɛm kohuu Maria ne Yosef, ne akokoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.”—Luka 2:8-16.
Yosef, Maria ne nguanhwɛfo no nkutoo na na wɔka akokoaa Yesu ho. Wɔammɔ onipa foforo biara din wɔ Luka kyerɛwtohɔ no mu.
Afei ma yɛnhwehwɛ asɛm a ɛwɔ Mateo 2:1-11 no mu wɔ King James Bible nkyerɛase no mu. Ɛka sɛ: “Bere a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem . . . Na bere a wɔkɔɔ fie no mu no, wohuu abofraa no ne ne na Maria.”
Hyɛ no nsow sɛ “anyansafo” ho asɛm kɛkɛ na kyerɛwtohɔ no kae, anka sɛ wɔyɛ “anyansafo baasa.” Na ɛka nso sɛ wofi apuei na ɛkɔɔ Yerusalem, na ɛnyɛ Betlehem, faako a wɔwoo Yesu no. Bere a woduu Betlehem no, na Yesu nyɛ akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu, na mmom na ɔyɛ “abofraa” a ɔwɔ fie.
Afei nso, bere a King James Bible no kaa nnipa a wɔkɔsraa Yesu no ho asɛm sɛ wɔyɛ “anyansafo” no, Bible nkyerɛase afoforo ka sɛ wɔyɛ “Magi” anaa “nsoromma mu ahwɛfo.” Nhoma bi ka sɛ: “Hela din asɛm ankasa a wɔkyerɛ ase “anyansafo” no fa Persia asɔfo a wɔaben wɔ nsoromma mu hwɛ ho.” (A Handbook on the Gospel of Matthew) Nsɛm asekyerɛ nhoma bi nso kyerɛ asɛmfua no ase sɛ “bayi bonsam, osumanni, ntafoayifo, obi a waben wɔ abayisɛm mu.”—The Expanded Vine’s Expository Dictionary of New Testament Words.
Ɛwom sɛ nnipa pii de wɔn ho hyɛ nsoromma mu hwɛ ne abayisɛm mu nnɛ de, nanso Bible no kasa tia. (Yesaia 47:13-15) Nneɛma a ɛtete saa no yɛ ahonhonsɛmdi, na Yehowa Nyankopɔn kyi. (Deuteronomium 18:10-12) Ɛno nti na Onyankopɔn bɔfo biara anka Yesu awo no ho asɛm ankyerɛ nsoromma mu ahwɛfo no. Nanso, Onyankopɔn de ne ho gyee nsɛm mu, na ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ dae mu sɛ mma wɔnsan nkɔ Ɔhene Herode nkyɛn nkɔbɔ no amanneɛ efisɛ na ɔhene no rehwehwɛ Yesu akum no. Enti “wofii hɔ kɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.”—Mateo 2:11-16.
So ɛsɛ sɛ nokware Kristofo hyɛ atetesɛm a ɛmma yenhu Yesu awo ho nokwasɛm no ho nkuran? Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa da.—w09-E 12/1.