Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 4/1 kr. 15
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Tenaa Ase Ampa?
    Nyan!—2016
  • Josephus Beresosɛm a Ɛyɛ Anigye No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yesu Kristo​—Adanse A Ɛkyerɛ Sɛ Ɔtraa Asase so
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Onipa A Ɔsen Biara A Watra Ase Pɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 4/1 kr. 15

So Wunim?

Adanse a Bible de ma akyi no, dɛn bio na ɛkyerɛ sɛ na Yesu yɛ onipa ankasa?

▪ Nhoma akyerɛwfo a wɔtenaa ase wɔ Yesu wu akyi pɛɛ no mu pii kaa Yesu ho asɛm. Wɔn mu bi ne Cornelius Tacitus a ɔkyerɛw Romafo a na amrado di wɔn so ho abakɔsɛm no. Bere a Tacitus rekyerɛw ogya a ɛtɔɔ Roma wɔ afe 64 wɔ Yesu awo akyi ho asɛm no, ɔkae sɛ na nkurɔfo reka sɛ Amrado Nero na odii saa awurukasɛm no. Tacitus kae sɛ, Nero bɔɔ mmɔden sɛ ɔde asɛm a esii no bɛto nnipakuw bi a na wɔfrɛ wɔn Kristofo so. Tacitus kyerɛwee sɛ: “Wɔnam sodifo Pontio Pilato so kum Kristo a Kristofo nyaa wɔn din fii ne hɔ no wɔ sodifo Tiberio bere so.”—Annals, XV, 44.

Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus nso kaa Yesu ho asɛm. Bere a Josephus reka nsɛm a esisii fi bere a Roma amrado, Festo a odii Yudea so wɔ bɛyɛ afe 62 mu wɔ Yesu awo akyi no wui, kosi Albinus a odii n’ade bere so no, ɔkae sɛ, Ɔsɔfopanyin Ananus (Anania) “boaboaa Sanhedrin atemmufo no ano, na ɔde ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yakobo, Yesu a na wɔfrɛ no Kristo no nua ne afoforo, begyinaa wɔn anim.”—Jewish Antiquities, XX, 200 (ix, 1).

Dɛn nti na na wɔfrɛ Yesu sɛ Kristo?

▪ Nsɛmpa no ma yehu sɛ bere a ɔbɔfo Gabriel yii ne ho adi kyerɛɛ Maria na ɔka kyerɛɛ no sɛ obenyinsɛn no, ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔto ne babarima no din Yesu. (Luka 1:31) Eyi yɛ din a na tete no wɔtaa de to Yudafo. Nnipa a wɔwɔ saa din no a Bible kaa wɔn ho asɛm akyi no, Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛw nnipa 12 a na wɔn nso wokura saa din no ho asɛm. Ná wɔfrɛ Maria babarima no “Nasareni,” a na ɛma wohu sɛ ɔne Yesu a ofi Nasaret no. (Marko 10:47) Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ no “Kristo,” anaa Yesu Kristo. (Mateo 16:16) Dɛn na eyi kyerɛ?

Wonyaa Twi asɛmfua “Kristo” fii Hela asɛmfua Khri·stosʹ mu, na Hebrifo nso frɛ no Ma·shiʹach (Mesia). Nea nsɛmfua abien no nyinaa kyerɛ ankasa ne “Nea Wɔasra No.” Ansa na wɔrewo Yesu no, na wɔde saa din no frɛ afoforo. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛ sɛ na wɔasra Mose, Aaron, ne Ɔhene Dawid, a nea ɛkyerɛ ne sɛ na wɔde Onyankopɔn adwuma ahyɛ wɔn nsa, na na wɔama wɔn tumi. (Leviticus 4:3; 8:12; 2 Samuel 22:51; Hebrifo 11:24-26) Ná Yesu, Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no ne Yehowa nanmusifo titiriw. Ne saa nti, na ɛfata sɛ wɔfrɛɛ Yesu sɛ “Kristo, Onyankopɔn teasefo no Ba.”—Mateo 16:16; Daniel 9:25.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Flavius Josephus mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena