Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 10/1 kr. 24-28
  • Akunafo—Dɛn Na Wohia? Wobɛyɛ Dɛn Aboa Wɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akunafo—Dɛn Na Wohia? Wobɛyɛ Dɛn Aboa Wɔn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Ɛnsɛ sɛ Yɛyɛ
  • Nea Wubetumi Ayɛ
  • Bere a Ehia Paa Sɛ Woda Tema Adi
  • Awerɛkyekye wɔ ne Bere
  • “Nkwa Da So Ara Yɛ Akyɛde a Ɛsom Bo”
  • Bere a Wo Hokafo Aka Baabi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • “Enkosi sɛ Owu Bɛtetew Yɛn Ntam”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Afoforo Bɛyɛ Dɛn Aboa?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 10/1 kr. 24-28

Akunafo—Dɛn Na Wohia? Wobɛyɛ Dɛn Aboa Wɔn?

Ná Jeanne wɔ ne mukaase a ɛhɔ kanea nhyerɛn pii no. Ofii nkate mu de nneɛma sisii adidipon so. Sɛnea ɛte biara no, na ɛsɛ sɛ odidi. Bere a n’ani baa ne ho so no, ohui sɛ ɔde mprɛte abien asisi pon no so . . . na ofii ase sui. Ná watow pon ama nnipa baanu sɛnea bere bi a atwam no na ɔtaa yɛ no! Ná ne kunu a ɔdɔ no no afi mu bɛyɛ mfe abien ni.

ƐYƐ den paa sɛ nnipa a asɛm a ɛte saa ntoo wɔn da no bɛte awerɛhow a obi a ne hokafo awu no di no ase. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ awerɛhosɛm bi si a, ɛyɛ den ma nnipa sɛ wobegye atom ntɛm ara. Ná ɛyɛ den ma Beryl a wadi mfe 72 no sɛ obegye atom sɛ ne kunu awu ampa. Ɔka sɛ: “Ná ɛyɛ me sɛ daeso bi. Ná minnye nni sɛ ɔremma fie ha bio.”

Sɛ wotwa obi nsa anaa ne nan a, ɛtɔ mmere bi a onii no tumi “susuw” sɛ ne nsa anaa ne nan no da so ara wɔ hɔ. Saa ara na ɛtɔ mmere bi a, obi a ne hokafo awu ma enti ɔredi awerɛhow no tumi susuw sɛ “wahu” ne dɔfo no wɔ nnipadɔm mu, anaasɛ ɛyɛ a ne nkutoo tumi kasa te sɛ nea ne hokafo no wɔ hɔ!

Sɛ obi kɔ tebea a ɛte saa mu a, mpɛn pii no nnamfo ne abusuafo ntumi nhu nea wɔbɛyɛ de aboa no. Wunim obi a ne hokafo awu? Ɛnde, mmoa bɛn na wubetumi de ama no? Dɛn na ɛsɛ sɛ wuhu na ama woatumi aboa akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina awerɛhow a wodi no ano? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn a wodi awerɛhow no na wɔde nkakrankakra anya awerɛkyekye?

Nneɛma a Ɛnsɛ sɛ Yɛyɛ

Sɛ obi hokafo wu a, awerɛhow a odi no betumi ahaw ne nnamfo ne n’abusuafo ma enti wɔbɛpɛ sɛ ebia wɔyɛ biribi de boa na ama awerɛhow a ɔredi no atwa ntɛm. Nanso, obi a obisabisaa akunafo bɛyɛ 700 nsɛm no kyerɛwee sɛ: “Wɔnhyɛɛ bere tenten a ‘ɛsɛ sɛ’ obi de di awerɛhow.” Ne saa nti, sɛ anka wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛma okunafo bi agyae awerɛhodi no, ma no kwan ma onsu ne hokafo a wafi mu no.—Genesis 37:34, 35; Hiob 10:1.

Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ woboa ma wɔyɛ ayi no ho nhyehyɛe de, nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na woannye nhyehyɛe no nyinaa ammɔ so. Paul a ɔyɛ okunafo a wadi mfe 49 no ka sɛ: “Mihu sɛ eye paa sɛ wɔn a wɔfaa akwannuasa nyinaa so boaa me no maa me kwan ma m’ankasa misisii ayi no ho gyinae a na ɛho hia me no nyinaa. Ɛyɛɛ me dɛ paa sɛ biribiara kɔɔ so yiye wɔ me yere ayi no ase. Ɛno ne ade a etwa to a na metumi ayɛ de akyerɛ sɛ na medɔ no.”

Nokwarem no, nnipa dodow no ara ani gye ho sɛ afoforo bɛboa wɔn. Ɔbea kunafo bi a wɔfrɛ no Eileen a wadi mfe 68 ka sɛ: “Esiane sɛ na m’adwene atu afra nti, na ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ ayi no ho nhyehyɛe ne ɛho nkrataasɛm. Anigyesɛm ne sɛ, me babarima ne m’asebea boaa me yiye.”

Afei nso, nsuro sɛ wobɛka nea wawu no ho asɛm. Beryl a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Me nnamfonom boaa me paa. Nanso, mihui sɛ na wɔn mu pii mpɛ sɛ wɔbɔ me kunu John din ka asɛm. Ná ayɛ te sɛ nea ɔntenaa nkwa mu da, na na ɛhaw me yiye.” Bere rekɔ so no, akunafo bɛpɛ sɛ wɔbɔ wɔn dɔfo a wawu agyaw wɔn no din ka asɛm. So wokae biribi a nea wawu no yɛ maa wo, anaa ne ho asɛm bi a ɛyɛ anika? Ɛnde, bɔ mmɔden ka ho asɛm kyerɛ okunafo no; ɛnsɛ sɛ ehu nti, woka wo nsɛm hyɛ. Sɛ wuhu sɛ sɛ woka asɛm bi na ɛrenhaw okunafo no a, ɛnde ka nea ne hokafo no yɛe a w’ani gye ho, anaa nea ama w’ani agyina no no ho asɛm kyerɛ no. Eyi bɛboa okunafo a ɔregyam ne hokafo no ma wahu sɛ ɛnyɛ ɔno nko na ɔredi awerɛhow.—Romafo 12:15.

Ɛnsɛ sɛ wode afotu puapua okunafo a ɔredi awerɛhow no bere a woreyɛ biribi aboa no no. Ɛnsɛ sɛ wohyɛ okunafo no ma ɔpere ne ho sisi gyinae ahorow bi.a Mmom, fa nhumu di dwuma na bisa wo ho sɛ, ‘Nneɛma pa bɛn na metumi ayɛ de aboa m’adamfo anaa me busuani a wakɔ tebea a emu yɛ den a ɛte saa mu no?’

Nea Wubetumi Ayɛ

Sɛ obi hokafo wu ara pɛ a, ɛda adi sɛ n’ani begye ho sɛ afoforo bɛyɛ nneɛma bi de aboa no. So wubetumi anoa aduan ama no, agye abusuafo a wɔbɛba ne nkyɛn no bi atena wo fie, anaa wɔakɔtena ne nkyɛn ne no abɔ nkɔmmɔ?

Ɛsɛ sɛ wuhu nso sɛ ɛsono sɛnea mmarima a wɔyɛ akunafo gyina awerɛhodi ne ankonamyɛ ano, ɛnna ɛsono sɛnea mmea nso gyina ano. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman bi so no, sɛ mmarima yerenom wu a, wɔn mu fã dodow no ara ware wɔ asram 18 akyi, nanso ɛnte saa wɔ mmea akunafo fam. Dɛn nti na ɛte saa?

Nnipa pii susuw sɛ mmarima a wɔyɛ akunafo taa ware bio sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya obi a ɔbɛhwɛ wɔn anaa wɔne no bɛda, nanso ɛnte saa. Nokwasɛm a ɛwom ne sɛ, mmarima taa ka wɔn tirim asɛm kyerɛ wɔn yerenom nkutoo ma enti sɛ mmea no wu a, na wɔayɛ ankonam. Nanso mmea akunafo de, ɛmfa ho sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔn kununom nnamfo werɛ fi wɔn no, wɔtaa nya nkurɔfo ma wɔkyekye wɔn werɛ. Eyi ma yehu nea enti a mmarima a wɔyɛ akunafo no mu pii pere wɔn ho ware ɛmfa ho nsɛnnennen a wobetumi ahyia no—wosusuw sɛ sɛ wɔware bio a, ɛbɛboa ma wɔadi ankonamyɛ so. Ne saa nti, mmea akunafo tumi gyina ankonamyɛ ano sen mmarima.

Sɛ w’adamfo anaa wo busuani bi yɛ okunafo a, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa no ma atew n’ankonamyɛ no so? Ɔbea kunafo bi a wɔfrɛ no Helen a wadi mfe 49 ka sɛ: “Nnamfo ne abusuafo pii pɛ sɛ wɔboa, nanso ɛyɛ a wonhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wɔtaa ka sɛ, ‘Sɛ biribi wɔ hɔ a metumi ayɛ a, ka kyerɛ me.’ Nanso ɛyɛ a m’ani gye ho mmom sɛ wɔbɛka sɛ, ‘Merekodi gua. Wobɛma yɛakɔ anaa?’” Paul a kokoram kum ne yere no ma yehu nea enti a n’ani gye ho sɛ afoforo ne no bepue. Ɔka sɛ, “Ɛtɔ mmere bi a, w’ani nnye ho sɛ wo ne afoforo bɛbɔ, anaa wobɛka wo tebea no ho asɛm akyerɛ wɔn. Nanso sɛ wɔne wo pue anwummere bi a, ɛma wo ho bae wo; wonte ankonamyɛ nka pii bio. Wuhu sɛ afoforo dwen wo ho, na ɛno ma w’adwennwene no so tew.”b

Bere a Ehia Paa Sɛ Woda Tema Adi

Helen hui sɛ, bere a ohia awerɛkyekye paa ne bere a n’abusuafo no mu dodow no ara san kɔɔ wɔn nnwuma so no. Ɔka sɛ: “Sɛ wo hokafo wu gyaw wo a, mfiase no nnamfo ne abusuafo bɛboa wo, nanso ɛnkyɛ na wɔasan kɔ wɔn nnwuma so. Nanso wo de, woda so ara di awerɛhow.” Nnamfo pa a wonim saa nokwasɛm yi betu wɔn ho ama na wɔakɔ so aboa.

Ebia okunafo bi behia sɛ afoforo ba ne nkyɛn bere a ɔkae n’ayeforohyia da anaa da a ne hokafo wui no. Eileen a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ, sɛ bere a ɔde kae n’ayeforohyia da no du a, ne babarima boa no ma onya awerɛkyekye. Ɔka sɛ: “Afe biara sɛ edu saa da no a, me babarima Kevin ba bɛfa me de me pue. Yebom didi awia sɛ obi ne ne ba.” Sɛ w’adamfo anaa wo busuani bi yɛ okunafo a, ɛbɛyɛ papa sɛ wohyɛ saa bere a ne werɛ betumi ahow kɛse yi nsow. Sɛ edu saa da a ne werɛ tumi how kɛse no a, wubetumi ayɛ nhyehyɛe ma wo anaa afoforo akɔsra no.—Mmebusɛm 17:17.

Ebinom ahu sɛ akunafo nso betumi akyekye wɔn ho wɔn ho werɛ. Annie a ne kunu awu bɛyɛ mfe awotwe ni no ka sɛnea ɔne okunafo foforo fekubɔ aboa no. Ɔka sɛ: “Sɛnea ɔyɛ n’ade no boa me, na ɛhyɛ me nkuran ma mihu nea ɛsɛ sɛ meyɛ.”

Nokwarem no, akunafo a wɔatumi agyina awerɛhow a wodi wɔ wɔn hokafo wu akyi pɛɛ ano no betumi ahyɛ akunafo afoforo nkuran na ama wɔanya anidaso. Akunafo baanu—ababaa Rut ne n’asebea Naomi—a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no boaa wɔn ho wɔn ho. Saa asɛm a ɛka koma no boa ma yehu sɛnea mmea yi boaa wɔn ho wɔn ho ma wotumi gyinaa awerɛhodi ne nsɛnnennen a wohyiae no ano.—Rut 1:15-17; 3:1; 4:14, 15.

Awerɛkyekye wɔ ne Bere

Nea ɛbɛyɛ na akunafo asan asi wɔn dedaw mu bio no, ɛsɛ sɛ wohu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ wɔn dɔfo no wu no ho, ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ de di wɔn ankasa ahiade ho dwuma. Ɔhene Solomon nyansafo no kae sɛ, “osũ wɔ ne bere.” Nanso ɔka kaa ho sɛ “ayaresa” anaa awerɛkyekye nso wɔ ne bere.—Ɔsɛnkafo 3:3, 4.

Paul a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kyerɛ sɛnea ɛyɛ den ma okunafo sɛ ne werɛ befi nneɛma a na ɔne ne hokafo bom yɛ no. Ɔka sɛ: “Ná me ne me yere te sɛ nnua abien a wɔadua abɔ ho ma abobare ho. Nanso akyiri yi, dua no biako wu ma wotwa fi ho ma enti dua a aka no ho tɔ kyima. Ná minhu sɛnea me nkutoo mɛtena.” Esiane sɛ ebinom pɛ sɛ wodi wɔn hokafo a wawu no nokware nti, ɛyɛ a, wɔmpɛ sɛ wobegyae wɔn ho asɛm ka. Ebinom nso mpɛ sɛ wɔne afoforo bepue, efisɛ wosusuw sɛ sɛ wogye wɔn ani a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔanni wɔn hokafo no nokware. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa akunafo ma wɔanya awerɛkyekye nkakrankakra, na wɔakɔ so abɔ wɔn bra?

Ade a edi kan a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛboa okunafo no ma waka nea ɛhaw no no akyerɛ yɛn. Herbert a wadi kuna mfe asia ni no ka sɛ: “Sɛ ahɔho bɛsra me na wɔyɛ koom tie me bere a merekaakae anaa mereka biribi a ɛwɔ m’adwenem saa bere no akyerɛ wɔn a, ɛma m’ani gye. Migye di paa sɛ minnim fekubɔ, nanso m’ani gye sɛnea wɔdaa ntease adi kyerɛɛ me no ho.” Paul ani gyee sɛnea na n’adamfo bi a ne ho akokwaw taa fi ne pɛ mu bisa no sɛnea ne ho te no ho. Paul ka sɛ, “M’ani gyee sɛnea na ofi ne koma mu bisa me sɛnea na nneɛma kɔ so wɔ m’asetena mu no ho.”—Mmebusɛm 18:24.

Sɛ okunafo no ka sɛnea ɔte nka—sɛnea odi yaw, sɛnea obu ne ho fɔ, anaa sɛnea ne bo tumi fuw ne ho—no ho asɛm a, ɛboa ma ogye tebea foforo a waba mu no tom. Wɔ Ɔhene Dawid fam no, ɛyɛ bere a ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn, onii a otumi ka ne kokoam asɛm kyerɛ no, wiei no na ɛma otumi nyaa ahoɔden “sɔre” gyinaa ne nan so ma ogyee ne babarima no wu no toom.—2 Samuel 12:19-23.

Ɛwom sɛ mfiase no ɛyɛ den de, nanso bere rekɔ so no, ɛho behia sɛ okunafo no san kɔ ne nnwuma so. So wubetumi ama waka wo ho bere a worekodi gua anaa woretu mpase anwummere bi no? So wubetumi ama waboa wo ma woayɛ nnwuma bi? Eyi yɛ ɔkwan foforo a wubetumi afa so aboa akunafo na amma wɔanyɛ ankonam. Sɛ nhwɛso no, so wubetumi ama ɔbea kunafo ahwɛ wo mma ama wo, anaa wakyerɛ wo sɛnea ɔyɛ aduan bi? So wubetumi ama ɔbarima a ɔyɛ okunafo aboa wo ma woasiesie nneɛma a asɛe wɔ wo fie? Anaasɛ wobɛma wayɛ adwuma bi a ɛremma ɔntena faako. Nneɛma a ɛte saa a wobɛma wayɛ no bɛma wahu sɛ ne ho da so ara hia.

Sɛ okunafo no tumi ka sɛnea ɔte nka kyerɛ afoforo a, nkakrankakra n’ani bɛsan agye wɔ asetena mu, na ebetumi mpo ama ɔde botae ahorow asisi n’ani so. Saa ara na na ɛte wɔ ɛna bi a wadi mfe 44 a wɔfrɛ no Yonette no fam. Ná ɔyɛ okunafo. Ɔka sɛ: “Ná ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ mɛsan akɔ me nnwuma so! Ná ofie nnwuma a mɛyɛ, me sikasɛm a mɛhwɛ so yiye, ne me mma baasa a mɛhwɛ wɔn no nna fam koraa.” Nanso bere rekɔ so no, Yonette huu sɛnea ɔbɛtoto ne nneɛma yiye, na ɔne ne mma no abɔ kɛse. Afei nso ohui sɛ mfaso wɔ so sɛ ogye mmoa fi ne nnamfonom a wɔbɛn no paa no hɔ.

“Nkwa Da So Ara Yɛ Akyɛde a Ɛsom Bo”

Sɛ nnamfo ne abusuafo betumi de mmoa a ɛfata ama akunafo a, ɛho hia sɛ wohu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. Asram anaa mfe pii akyi mpo no, edu mmere bi a obi a odi kuna no ani begye, na mmere bi nso wɔ hɔ a ne werɛ bɛhow kakra. Akyinnye biara nni ho sɛ, “ne komam haw” betumi ayɛ kɛse.—1 Ahene 8:38, 39.

Wɔ mmere a emu yɛ den a ɛte saa mu na okunafo no behia nkuranhyɛ na aboa no ma wagye ne tebea no atom, na wantwe ne ho amfi afoforo ho anyɛ ankonam. Mmoa a ɛte saa aboa akunafo pii ma wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetena mu. Ɔbarima bi a ɔyɛ okunafo a wadi mfe 60 a wɔfrɛ no Claude a seesei ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo wɔ Afrika no ka sɛ: “Sɛ obi hokafo wu gyaw no ma odi awerɛhow sɛ dɛn ara mpo a, nkwa da so ara yɛ akyɛde a ɛsom bo.”

Sɛ obi hokafo wu a, etumi ma n’asetena sesa. Nanso sɛ obi hokafo a ɔdɔ no wu gyaw no a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔne afoforo nni hwee yɛ bio.—Ɔsɛnkafo 11:7, 8.—w10-E 05/1.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ adaka “Owufo Nneɛma a Wɔkora So, Ɛboa Anaa Ɛmmoa?” a ɛwɔ kratafa 28 no.

b Sɛ wopɛ nyansahyɛ afoforo a ɛbɛboa wo ma woaboa wɔn a wɔn adɔfo awuwu no a, hwɛ Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 20-25.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

Nnamfo pa . . . betu wɔn ho ama na wɔakɔ so aboa

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28]

Owufo Nneɛma a Wɔkora So, Ɛboa Anaa Ɛmmoa?

Helen a ne kunu wui mfe kakra a atwam ni no ka sɛ: “Mekoraa nneɛma a me kunu wu gyaw hɔ no pii so. Mihu sɛ bere rekɔ so no, saa nneɛma no boa ma mekae nneɛma a ɛyɛ anigye a me ne no boom yɛe no. Ná mempɛ sɛ miyiyi ne nneɛma no ntɛm ara, efisɛ ɛnkyɛ na nnipa werɛ fi ade.”

Nanso Claude a ne yere wui bɛboro mfe anum ni no ka sɛ: “Me fam de, enhia sɛ mɛkora ne nneɛma so na ama makae no. Misusuw sɛ ne nneɛma a miyi fii me ho no aboa ma magye tebea no atom, na ama minni awerɛhow pii.”

Nsɛm yi ma yehu sɛnea ɛsono adwene a obiara kura wɔ nea obetumi ayɛ wɔ ne dɔfo a wawu no nneɛma ho. Ne saa nti, nyansa wom sɛ nnamfo ne abusuafo bɛhwɛ yiye na wɔansi nneɛma a ɛtete saa ho gyinae amma okunafo no.—Galatifo 6:2, 5.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

So mmere pɔtẽẽ bi wɔ hɔ a, wo mmoa ho behia paa?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Kae sɛ wo ne wɔn bepue

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Sɛ woreyɛ nnwuma bi anaa woregye w’ani a, fa akunafo ka ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena