Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu
Hena Ne Onyankopɔn?
Saa asɛm yi bisa nsɛm a ebia woabisa pɛn, na ɛkyerɛ faako a wubetumi akenkan ho mmuae wɔ Bible no mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo besusuw nsɛmmisa yi ho mmuae ho.
1. Hena ne Onyankopɔn?
Nokware Nyankopɔn ne nea Ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no. Bible frɛ no “Mmeresanten Hene,” na ɛno kyerɛ sɛ onni mfiase na ɔrennya awiei nso da. (Adiyisɛm 15:3) Esiane sɛ Onyankopɔn ne Nkwamafo nti, ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no.—Kenkan Adiyisɛm 4:11.
2. Onyankopɔn te dɛn?
Obiara nhuu Onyankopɔn pɛn efisɛ ɔyɛ Honhom, na ɛno kyerɛ sɛ ɔkorɔn sen abɔde a wɔwɔ asase so no. (Yohane 1:18; 4:24) Onyankopɔn nipasu da adi wɔ nneɛma a wabɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛhwɛ sɛnea wɔyɛɛ nnuaba ne nhwiren ahorow ahorow no a, yehu Onyankopɔn dɔ ne ne nyansa. Sɛnea amansan no kɛse te ka sɛnea Onyankopɔn tumi te kyerɛ yɛn.—Kenkan Romafo 1:20.
Yebetumi asua pii afa sɛnea Onyankopɔn nipasu te ho wɔ Bible no mu. Sɛ nhwɛso no, ɛka nea Onyankopɔn pɛ ne nea ɔmpɛ kyerɛ yɛn, ɛka sɛnea ɔne nnipa di nsɛm ne sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ tebea horow mu kyerɛ yɛn.—Kenkan Dwom 103:7-10.
3. So Onyankopɔn wɔ din?
Yesu kae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Ɛwom sɛ Onyankopɔn wɔ abodin pii de, nanso ɔwɔ din biako pɛ. Ɛsono sɛnea wɔbɔ din no wɔ kasa biara mu. Wɔ Twi kasa mu no, yɛtaa frɛ no “Yehowa” anaa “Yahwe.”—Kenkan Dwom 83:18.
Wɔayi Onyankopɔn din no afi Bible ahorow pii mu, na wɔde Awurade anaa Onyankopɔn na ahyɛ ananmu. Nanso bere a wɔkyerɛw Bible no, na Onyankopɔn din pue wom bɛyɛ mpɛn 7,000. Bere a Yesu kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Asɛm mu kyerɛɛ nkurɔfo no, ɔde Onyankopɔn din no dii dwuma ma afoforo huu din no. Ɔboaa afoforo ma wobehuu Onyankopɔn.—Kenkan Yohane 17:26.
4. So Yehowa dwen yɛn ho?
Yehowa tie yɛn mpaebɔ de kyerɛ sɛ n’ani gye yɛn ho. (Dwom 65:2) So amanehunu a abu so no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nnwen yɛn ho? Ebinom kyerɛ sɛ Onyankopɔn ma yehu amane na ɔde asɔ yɛn ahwɛ, nanso ɛnyɛ nokware. Bible ka sɛ: “Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne.” —Hiob 34:10; kenkan Yakobo 1:13.
Onyankopɔn adi nnipa ni ama wɔn hokwan sɛ wotumi fi wɔn pɛ mu paw nea wɔpɛ. So yɛn ani nsɔ sɛ yetumi fi yɛn pɛ mu paw sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn? (Yosua 24:15) Amanehunu abu so efisɛ nnipa pii paw sɛ wɔbɛyɛ nneɛma bɔne atia afoforo. Ɛhaw Yehowa sɛ obehu atɛnkyea a ɛte saa.—Kenkan Genesis 6:5, 6.
Ɛrenkyɛ Yehowa bɛfa Yesu so ayi amanehunu ne wɔn a wɔde ba nyinaa afi hɔ. Ansa na ɛno bɛba no, Yehowa wɔ atirimpɔw pa a enti wama amanehunu kwan bere tiaa bi no. Nsɛm a ɛbɛba akyiri yi bɛkyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu kwan no mu.—Kenkan Yesaia 11:4.
5. Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ?
Yehowa bɔɔ yɛn na ama yɛatumi ahu sɛnea ɔte na yɛadɔ no. Ɔpɛ sɛ yesua ne ho nokwasɛm. (1 Timoteo 2:4) Sɛ yesua Bible no a, ɛbɛma yɛatumi ahu Onyankopɔn sɛ Adamfo.—Kenkan Mmebusɛm 2:4, 5.
Esiane sɛ Yehowa ama yɛn nkwa nti, ɛsɛ sɛ yɛdɔ no sen obi foforo biara. Yebetumi ne Onyankopɔn akasa wɔ mpaebɔ mu na yɛayɛ nea ɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ no de akyerɛ sɛ yɛdɔ no. (Mmebusɛm 15:8) Yehowa ka sɛ yɛne afoforo nni wɔ ɔdɔ mu.—Kenkan Marko 12:29, 30; 1 Yohane 5:3.—w11-E 02/1.
Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 1.
[Mfonini wɔ kratafa 17]
So ebetumi ayɛ ntease pa bi nti na wama amanehunu kwan bere tiaa bi no?