Momma Yennya Onyankopɔn Honhom, Ɛnyɛ Wiase Honhom
“Ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Onyankopɔn hɔ, na ama yɛahu nea Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn.”—1 KOR. 2:12.
1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo redi ako? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?
NOKWARE Kristofo redi ako! Yɛn tamfo no ho yɛ den, ɔyɛ ɔdaadaafo, na onim akodi yiye. Ɔwɔ akode bi a etumi di awu yiye a watumi de anya nnipa dodow no ara. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ yenni ahobammɔ anaa sɛnea ɛte biara yebedi nkogu. (Yes. 41:10) Yɛwɔ biribi a ɛbɔ yɛn ho ban a ɛremma obiara ntumi nnya yɛn.
2 Yɛn akodi no nyɛ honam fam de; ɛyɛ honhom fam de. Yɛn tamfo no ne Satan Ɔbonsam, na akode titiriw a ɔde yɛ adwuma ne “wiase honhom” no. (1 Kor. 2:12) Ade titiriw a ɛbɔ yɛn ho ban fi ne ntua ho ne Onyankopɔn honhom. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi adi nkonim wɔ saa ɔko yi mu na yɛakɔ so ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ne honhom mma yɛn, na ama yɛada honhom no aba no adi wɔ yɛn asetena mu. (Gal. 5:22, 23) Nanso, dɛn ne wiase honhom no, na ɛyɛɛ dɛn na etumi nyaa nnipa pii so tumi saa? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ebia wiase honhom no na ɛrekyerɛ yɛn kwan? Na dɛn na yebetumi asua afi Yesu hɔ wɔ ɔkwan a yɛbɛfa so anya Onyankopɔn honhom ne wiase honhom no a yɛbɛko atia no ho?
Dɛn Nti na Wiase Honhom no wɔ Baabiara Saa?
3. Dɛn ne wiase honhom no?
3 Wiase yi honhom no fi Satan a ɔne “wiase sodifo no” hɔ, na ɛne Onyankopɔn honhom kronkron di asi. (Yoh. 12:31; 14:30; 1 Yoh. 5:19) Ɛno ne tumi titiriw a ɛkyerɛ wiase no kwan na ɛkanyan nkurɔfo ma wɔyɛ ade. Saa tumi a ɛkanyan nnipa yi ma nkurɔfo yɛ nneɛma a ɛne Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw nhyia.
4, 5. Ɛyɛɛ dɛn na honhom a Satan hyɛ ho nkuran no wɔ baabiara saa?
4 Ɛyɛɛ dɛn na honhom a Satan hyɛ ho nkuran no wɔ baabiara saa? Nea edi kan no, Satan daadaa Hawa wɔ Eden turom hɔ. Satan ka ma ɛtɔɔ Hawa asom sɛ sɛ ɔtwe ne ho fi Onyankopɔn ho a, ebesi no yiye. (Gen. 3:13) Hwɛ sɛnea Satan bɛyɛɛ ɔtorofo! (Yoh. 8:44) Afei, ɔnam ɔbea no so nyaa Adam ma ɔyɛɛ Yehowa so asoɔden. Esiane nea Adam yɛe nti, wɔtɔn adesamma kɔɔ bɔne mu, enti ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ Satan honhom a ɛma nnipa yɛ asoɔden no benya wɔn.—Monkenkan Efesofo 2:1-3.
5 Satan san nyaa abɔfo dodow bi ma wɔbɛyɛɛ adaemone. (Adi. 12:3, 4) Saa abɔfo yi twee wɔn ho fii Onyankopɔn ho ansa na Nsuyiri no reba wɔ Noa bere so. Saa abɔfo no gye dii sɛ sɛ wogyaw tenabea a wɔde ama wɔn wɔ soro no na wɔtõtõ wɔn ani we ba asase so bedi wɔn akɔnnɔ bɔne akyi a, ɛbɛma wɔn ani agye. (Yuda 6) Saa adaemone a wɔsan kɔɔ honhom atenae no reboa Satan ma “ɔredaadaa asase sofo nyinaa.” (Adi. 12:9) Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛde besi nnɛ nyinaa nnipa dodow no ara nnim sɛ adaemone no na wɔrekyerɛ wɔn kwan.—2 Kor. 4:4.
So Wiase Honhom na Ɛrekyerɛ Wo Kwan?
6. Dɛn nkutoo na ebetumi ama wiase honhom no akyerɛ yɛn kwan?
6 Nnipa pii nnim sɛ Satan na ɔrekyerɛ wɔn kwan, nanso nokware Kristofo de, yenim n’akwan. (2 Kor. 2:11) Nokwasɛm ne sɛ, wiase honhom no rentumi nkyerɛ yɛn kwan gye sɛ yɛn ankasa ma kwan ansa. Momma yensusuw nsɛmmisa anan a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛ ebia Onyankopɔn honhom anaa wiase honhom no na ɛrekyerɛ yɛn kwan ho.
7. Ɔkwan biako bɛn na Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa so atwe yɛn afi Yehowa ho?
7 Nneɛma a mede gye m’ani ma ɛda adi sɛ meyɛ onipa bɛn? (Monkenkan Yakobo 3:14-18.) Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛn ani agye awudisɛm ho de atwe yɛn afi Onyankopɔn ho. Ɔbonsam nim sɛ Yehowa kyi obiara a n’ani gye awudisɛm ho. (Dw. 11:5) Enti, Satan bɔ mmɔden de nhoma ahorow, sini, nnwom, ne kɔmputa so agodie kanyan yɛn akɔnnɔ, na nneɛma a Satan de di dwuma yi mu bi ma wɔn a wodi saa agoru no yɛ te sɛ nea wɔde wɔn ho rehyɛ ɔbrasɛe a ɛyɛ abofono ne atirimɔdensɛm mu. Sɛ yɛn koma ani gye nea ɛteɛ ho na bere koro no ara yɛde yɛn koma fã di nneɛma bɔne a Satan hyɛ ho nkuran no akyi a, ɔpɛ no saa.—Dw. 97:10.
8, 9. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa fa nneɛma a yɛde gye yɛn ani ho?
8 Onyankopɔn honhom de, ɛkanyan wɔn a ɔde ma wɔn no ma wɔyɛ nnipa a wɔn abrabɔ ho tew, wɔpɛ asomdwoe, na mmɔborɔhunu ayɛ wɔn ma. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So nneɛma a mede gye m’ani boa me ma minya su pa?’ Nyansa a efi soro no ‘nyɛ nyaatwom.’ Ɛnyɛ papa sɛ wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no bɛkyerɛkyerɛ afoforo sɛ wɔmma wɔn abrabɔ ho ntew na wɔnyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe, na bere koro no ara wɔn mmom ama wɔn ani agye ho sɛ wɔbɛhwɛ sini a awudisɛm ne nna mu ɔbrasɛe wom wɔ wɔn afie mu.
9 Yehowa hwehwɛ sɛ yɛbɛsom ɔno nkutoo. Nanso, Satan de, sɛ yɛyɛ ade biako pɛ de som no a, ɔpɛ. Saa ara na na ɔpɛ sɛ Yesu yɛ. (Luka 4:7, 8) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So nneɛma a mede gye m’ani ma ɛyɛ yiye sɛ mɛsom Onyankopɔn nkutoo? So nneɛma a mede gye m’ani ma ɛyɛ den anaa ɛma ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mɛko atia wiase honhom no? Efi ɛnnɛ rekɔ, so ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae bi wɔ nneɛma a mede gye m’ani mu?’
10, 11. (a) Su bɛn na wiase honhom no ma nkurɔfo nya wɔ ahonyade ho? (b) Su bɛn na Onyankopɔn Asɛm no a wɔde ne honhom kyerɛwee no hyɛ ho nkuran?
10 Meyɛ m’ade dɛn wɔ ahonyade ho? (Monkenkan Luka 18:24-30.) “Aniwa akɔnnɔ” a ɛno ne anibere ne ahonyade akyi di nso ka nneɛma a wiase honhom no ma nnipa di akyi no ho. (1 Yoh. 2:16) Ama nnipa pii ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo. (1 Tim. 6:9, 10) Saa honhom no betumi ama yɛagye adi sɛ sɛ yɛboaboa ahonyade pii ano a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afebɔɔ. (Mmeb. 18:11) Nanso, sɛ yɛma yɛn ani gye sika ho sen ɔdɔ a yebenya ama Onyankopɔn a, na Satan anya yɛn awie. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So mama asetena pa ne anigyede a merehwehwɛ agye m’adwene?’
11 Nanso, Onyankopɔn Asɛm no a wɔde ne honhom kyerɛwee no de, ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yennya sika ho adwene a ɛfata, na yɛnyɛ adwumaden mfa nhwɛ yɛn ho ne yɛn mmusua. (1 Tim. 5:8) Onyankopɔn honhom boa wɔn a ɔde ma wɔn no ma wosuasua ayamye a Yehowa wɔ no bi. Wonim saafo no sɛ wɔkyɛ ade, na wɔnhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛkyɛ wɔn ade bere nyinaa. Wobu nnipa sɛ wɔsom bo paa sen ahonyade, na woyi wɔn yam ne afoforo kyɛ nneɛma a wɔwɔ bere a wobetumi ayɛ saa no. (Mmeb. 3:27, 28) Na wɔmfa sikapɛ nsesa ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no da.
12, 13. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ma yɛanya su pa a wiase honhom no ntumi mma yennya?
12 Me suban da no adi sɛ honhom bɛn na ɛkyerɛ me kwan? (Monkenkan Kolosefo 3:8-10, 13.) Wiase honhom no hyɛ ɔhonam nnwuma ho nkuran. (Gal. 5:19-21) Ɛnyɛ bere a biribiara rekɔ yiye ma yɛn no na yehu honhom ankasa a ɛkyerɛ yɛn kwan, na mmom, ɛyɛ bere a nneɛma nkɔ yiye te sɛ bere a yɛn nua Kristoni bi nkasa yɛn ho, wafom yɛn, anaa wayɛ yɛn bɔne mpo no. Bio nso, sɛ yɛn nkutoo wɔ yɛn fie a, ebetumi ama yɛahu honhom kõ a ɛkyerɛ yɛn kwan, sɛ́ ɛyɛ honhom kronkron anaa wiase honhom no. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu. Bisa wo ho sɛ, ‘Bɛboro asram asia a atwam no, so meda Kristo su adi kɛse anaasɛ masan akɔfa me kasa ne me nneyɛe bi a na enye no?’
13 Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ma ‘yɛayi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe agu,’ na yɛahyɛ “nipasu foforo” no. Ɛno bɛboa yɛn ma yɛada ɔdɔ ne ayamye adi kɛse. Ɛbɛma yɛde afirifiri yɛn ho korakora, sɛ ɛte sɛ nea yɛwɔ biribi tia obi paa mpo a, yɛbɛyɛ saa. Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, yɛremfa ‘menasepɔw ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia’ ne no nni no yayaayaw bio. Mmom no, yɛbɛbɔ mmɔden anya “ayamhyehye.”—Efe. 4:31, 32.
14. Wiase no mu nnipa pii bu Onyankopɔn Asɛm no dɛn?
14 So mibu abrabɔ ho gyinapɛn a ɛwɔ Bible mu no, na m’ani gye ho? (Monkenkan Mmebusɛm 3:5, 6.) Wiase honhom no mma nkurɔfo mfa Onyankopɔn Asɛm no mmɔ wɔn bra. Wɔn a saa honhom no kyerɛ wɔn kwan no mpɛ sɛ wɔde Bible mu nsɛm bi a wɔn ani nnye ho yɛ adwuma, mmom no, nea wɔn ani gye ho ne nnipa atetesɛm ne nyansapɛ. (2 Tim. 4:3, 4) Wɔn mu binom mfa Onyankopɔn Asɛm no nyɛ hwee koraa. Nnipa a wɔte saa no ka sɛ mfaso nni Bible so na emu nsɛm nyɛ nokware, na ɛma wɔyɛ anyansafo wɔ wɔn ankasa ani so. Wɔmmfa nea Bible ka fa awaresɛe, mmarima a wɔne mmarima da, ne awaregyae ho no aniberesɛm. Wɔkyerɛkyerɛ sɛ “papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa.” (Yes. 5:20) So saa honhom yi anya yɛn? Sɛ yɛrehyia ɔhaw a, so yɛde yɛn ho to nnipa nyansa a yɛn ankasa nsusuwii ka ho so? Anaasɛ yɛbɔ mmɔden de afotu a ɛwɔ Bible mu yɛ adwuma?
15. Sɛ́ anka yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa nyansa so no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
15 Onyankopɔn honhom ma yenya obu ma Bible no. Yebu Onyankopɔn asɛm sɛ yɛn nan ase kanea ne yɛn kwan so hann te sɛ nea na odwontofo no bu no no. (Dw. 119:105) Sɛ́ anka yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa nyansa so no, yɛde yɛn ho to Onyankopɔn Asɛm no so koraa ma ɛboa yɛn ma yehu papa ne bɔne. Yesua sɛ yebenya obu ama Bible no na yɛadɔ Onyankopɔn mmara nso.—Dw. 119:97.
Suasua Nea Yesu Yɛe
16. “Kristo adwene” a yebenya no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?
16 Sɛ yebenya Onyankopɔn honhom a, ɛsɛ sɛ yenya “Kristo adwene.” (1 Kor. 2:16) “Adwenkoro no ara a na Kristo Yesu wɔ no bi” a yebenya no hwehwɛ sɛ yehu ɔkwan a na Yesu fa so susuw nneɛma ho na ɔyɛ n’ade, na afei yesuasua no. (Rom. 15:5; 1 Pet. 2:21) Momma yensusuw akwan a yebetumi afa so ayɛ saa no bi ho nhwɛ.
17, 18. (a) Dɛn na yesua fi Yesu hɔ wɔ mpaebɔ ho? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so bisa’?
17 Bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom. Ansa na Yesu rebehyia sɔhwɛ no, ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmfa ne honhom mmoa no. (Luka 22:40, 41) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mma yɛn. Yehowa yi ne yam de ne honhom ma wɔn a wobisa wɔ gyidi mu no nyinaa kwa. (Luka 11:13) Yesu kae sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo. Efisɛ obiara a obebisa no nsa bɛka, na obiara a ɔbɛhwehwɛ no behu, na obiara a obebom no wobebue no.”—Mat. 7:7, 8.
18 Sɛ worehwehwɛ Yehowa honhom ne ne mmoa a, ɛnyɛ sɛ wubisaa biako anaa abien bi na woagyae. Ebia ɛho behia sɛ yɛtaa bɔ mpae na yegye bere pii ne Yehowa kasa. Ɛtɔ mmere bi a, Yehowa ma kwan ma wɔn a wɔresrɛ ne hɔ biribi no da no adi sɛ ade a wɔrebisa no ho hia wɔn paa, na wɔde gyidi ankasa na ɛreyɛ saa ansa na wabua wɔn mpaebɔ no.a
19. Dɛn na Yesu yɛe bere nyinaa, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua no?
19 Tie Yehowa wɔ biribiara mu. Yesu yɛɛ nea ɛsɔ n’Agya ani bere nyinaa. Da koro bi pɛ na na ɔkwan a Yesu pɛ sɛ ɔfa so di tebea bi ho dwuma no yɛ soronko wɔ nea na n’Agya pɛ ho. Nanso, ɔde ahotoso ka kyerɛɛ n’Agya sɛ: “Ɛnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ nyɛ.” (Luka 22:42) Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ den ma me sɛ metie Onyankopɔn mpo a, so mitie no?’ Osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn ho hia na ama yɛanya nkwa. Esiane sɛ ɔno na ɔyɛ yɛn Bɔfo, yɛn Nkwamafo, na ɔhwɛ yɛn nkwa so nti, ɛsɛ sɛ yetie no wɔ biribiara mu. (Dw. 95:6, 7) Biribiara nni hɔ a yebetumi de asesa osetie a yɛbɛyɛ ama no no. Sɛ yɛantie Onyankopɔn a, yɛrentumi nnya n’anim dom.
20. Dɛn na na ɛho hia Yesu sen biara wɔ n’asetena mu, na dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no?
20 Hu Bible mu nsɛm yiye. Bere a Yesu reko atia sɔhwɛ a Satan de baa no so tẽẽ sɛ ɔde bɛsɛe ne gyidi no, ɔfaa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm de dii dwuma. (Luka 4:1-13) Yesu gyinaa Onyankopɔn Asɛm no so na ɛkaa wɔn a wɔsɔre tiaa no no anim. (Mat. 15:3-6) Onyankopɔn mmara a na Yesu behu na wadi so no ne ade a na ɛho hia no sen biara wɔ n’asetena mu. (Mat. 5:17) Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛkɔ so sua nsɛm a ɛhyɛ gyidi den a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no. (Filip. 4:8, 9) Yɛn mu bi wɔ hɔ a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛhwehwɛ bere de asua ade na yɛde bi ayɛ abusua adesua. Nanso, sɛ́ anka yɛbɛhwehwɛ bere no, ebia ɛho behia sɛ yegye bere mmom de sua ade.—Efe. 5:15-17.
21. Nhyehyɛe bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu Onyankopɔn Asɛm no mu yiye na yɛde ayɛ adwuma?
21 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no aboa yɛn ma yɛanya bere a yɛn ankasa de besua ade ne nea yɛde bɛyɛ abusua adesua denam Abusua Som a wɔyɛ no anwummere dapɛn biara a wɔayɛ ho nhyehyɛe ama yɛn no so. (Mat. 24:45) So wode saa nhyehyɛe yi redi dwuma yiye? Nea ɛbɛboa wo ma woanya Kristo adwene no, so wubetumi asua nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛe a w’ani gye ho no nkakrankakra aka nneɛma a wusua no ho? Wubetumi de Watch Tower Publications Index no ahwehwɛ nsɛm bi a w’ani gye ho a wopɛ sɛ wusua ho ade no. Sɛ nhwɛso no, efi afe 2008 kosi afe 2010 no, wɔde nsɛm 12 a ɛba toatoaa so a asɛmti ne “Nea Yesua Fi Yesu Hɔ” no baa Ɔwɛn-Aban a ɛyɛ ɔmanfo de no mu. Wubetumi asua saa nsɛm yi. Efi afe 2006 reba no, wɔde asɛm a ɛne “How Would You Answer?” (Wubebua Dɛn?) ba Awake! mu. Wɔyɛɛ nsɛmmisa a ɛwɔ hɔ no sɛ ɛmmoa wo na te Onyankopɔn Asɛm no ase kɔ akyiri. Dɛn nti na bere ne bere mu no, womfa nsɛm a ɛte saa no nka nneɛma a musua wɔ Abusua Som mu no ho?
Yebetumi Adi Wiase so Nkonim
22, 23. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛadi wiase so nkonim?
22 Sɛ Onyankopɔn honhom no bɛkyerɛ yɛn kwan a, ɛsɛ sɛ yɛko tia wiase honhom no. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛko atia. Ebetumi ayɛ den paa, na ɛho behia sɛ yɛko denneennen. (Yuda 3) Nanso yebetumi adi nkonim! Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mo ho rehiahia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.”—Yoh. 16:33.
23 Sɛ yɛko tia wiase honhom no, na yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de nya Onyankopɔn honhom no a, yɛn nso yebetumi adi wiase so nkonim. Nokwarem no, “sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?” (Rom. 8:31) Sɛ yenya Onyankopɔn honhom no, na yɛde honhom no akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no yɛ adwuma a, yebenya abotɔyam, asomdwoe, anigye, na yɛanya ahotoso sɛ yebenya daa nkwa wɔ wiase foforo a abɛn no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ mpaebɔ ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no kratafa 170-173.
So Wokae?
• Dɛn nti na wiase honhom no wɔ baabiara saa?
• Nsɛmmisa anan bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?
• Nneɛma abiɛsa bɛn na yesua fi Yesu hɔ wɔ ɔkwan a yɛbɛfa so anya Onyankopɔn honhom no ho?
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Ɛyɛɛ dɛn na abɔfo bi bɛyɛɛ adaemone?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Satan de wiase honhom no kyerɛ nkurɔfo kwan, nanso yebetumi ade yɛn ho afi ho