Ma W’ani Nna Hɔ Sɛnea Yeremia Yɛe No
“[Me Yehowa] merema m’ani ada hɔ m’asɛm ho na mayɛ.”—YER. 1:12.
1, 2. Dɛn nti na wɔde Yehowa ‘ani a ɛda hɔ’ no totoo ɔsonkoran dua ho?
NNUA a ɛwɔ Lebanon ne Israel mmepɔw so a edi kan koraa gu nhyerɛne no mu biako ne ɔsonkoran dua. Wotumi hu ne nhwiren kɔkɔɔ anaa fitaa a ɛyɛ fɛ no ntɛm wɔ January awiei anaa February mfiase. Nea dua no din kyerɛ wɔ Hebri kasa mu ankasa ne “nea wanyan.”
2 Bere a Yehowa paw Yeremia sɛ ne diyifo no, ɛfata sɛ ɔde sɛnea ɔsonkoran dua gu nhyerɛne ntɛm no kyerɛkyerɛɛ nokwasɛm bi a ɛho hia mu. Bere a odiyifo no refi n’adwuma ase no, wɔde saa dua no abaa bi kyerɛɛ no wɔ anisoadehu mu. Ná ɛno kyerɛ dɛn? Yehowa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Merema m’ani ada hɔ m’asɛm ho na mayɛ.” (Yer. 1:11, 12) Sɛnea ɔsonkoran dua ‘nyan’ ntɛm no, saa ara na na ɛte sɛ nea Yehowa ‘resɔre anɔpahema’ asoma n’adiyifo ma wɔakɔbɔ ne nkurɔfo kɔkɔ wɔ nea asoɔden a wɔreyɛ no de bɛba wɔn so no ho. (Yer. 7:25) Ná Yehowa rennye n’ahome, na na ɔbɛma ‘n’ani ada hɔ’ akosi sɛ nkɔm a na wahyɛ no bɛbam. Wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, bere a ɛbere a na wɔahyɛ no soe pɛpɛɛpɛ no, Yehowa atemmu baa Yuda man a na awae no so.
3. Dɛn ho na yebetumi anya Yehowa mu awerɛhyem?
3 Saa ara na Yehowa ani da hɔ nnɛ, na ɔde n’adwene asi n’apɛde a ɔbɛyɛ so. Ɔbɛma n’asɛm abam ɔkwan biara so. Ɔkwan bɛn so na Yehowa adwene a ɔde asi nea ɔreyɛ so no ka wo? So wugye di sɛ wɔ afe 2011 yi mu no, Yehowa ‘ani da hɔ’ wɔ ne bɔhyɛ ahorow a ɔbɛma abam ho sɛnea wayɛ bere nyinaa no? Sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn nãã wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɔbɛma abam ɔkwan biara so no ho a, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani so tetew yɛn fi nko biara a yɛretɔ wɔ honhom fam no ho. (Rom. 13:11) Esiane sɛ na Yeremia yɛ Yehowa diyifo nti, ɔmaa n’ani daa hɔ. Sɛ yɛhwehwɛ ɔkwan a Yeremia faa so maa n’ani daa hɔ wɔ adwuma a na Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa no ho ne nea enti a ɔyɛɛ saa no mu a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yebetumi ayere yɛn ho ayɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no.
Asɛm a Ɛsɛ sɛ Wɔka no Ntɛm So
4. Nsɛnnennen bɛn na Yeremia hyiae wɔ asɛm a na ɔreka no mu, na dɛn na ɛmaa ɛho behiae sɛ ɔka no ntɛm so?
4 Ɛbɛyɛ sɛ bere a Yehowa maa Yeremia adwuma sɛ ɔwɛmfo no, na ɔreyɛ adi mfe 25. (Yer. 1:1, 2) Nanso, ɔtee nka sɛ ɔyɛ abofra, na ɔmfata koraa sɛ ɔkasa kyerɛ ɔman no mu mpanyimfo, mmarima a na wɔn mfe akɔ anim na wɔwɔ tumi no. (Yer. 1:6) Ne titiriw no, na ɛsɛ sɛ ɔka nsɛm a emu yɛ den ne atemmusɛm a ɛyɛ hu tia asɔfo, atoro adiyifo, atumfoɔ, ne wɔn a na ‘wɔreyɛ nea nkurɔfo reyɛ’ no bi “de to mmara” no. (Yer. 6:13; 8:5, 6) Ná wɔbɛsɛe asɔrefie fɛfɛ a Ɔhene Solomon sii a na ɛhɔ na wɔasom Yehowa nokwarem bɛyɛ mfe ahanan no. Ná Yerusalem ne Yuda bɛdan amamfõ, na wɔafa emufo de wɔn akɔ nkoasom mu. Ɛda adi pefee sɛ, na ɛsɛ sɛ Yeremia ka asɛm a wɔde ahyɛ ne nsa no ntɛm so!
5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de Yeremia kuw no redi dwuma nnɛ? (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
5 Wɔ ɛnnɛ mmere yi mu no, Yehowa fi ɔdɔ mu de Kristofo kuw bi a wɔasra wɔn ama adesamma a wɔreyɛ adwuma sɛ awɛmfo de rebɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ atemmu a ɔde reba wiase yi so no ho. Yeremia kuw yi aka kyerɛ nkurɔfo sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ wɔ bere a yɛte mu yi ho mfe pii ni. (Yer. 6:17) Bible si so dua sɛ Yehowa a ɔne Bere Sodifo Kɛse no nyɛ nyãã. Yehowa da no bɛba wɔ bere a wahyɛ mu pɛpɛɛpɛ, bere a nnipa nhwɛ kwan.—Sef. 3:8; Mar. 13:33; 2 Pet. 3:9, 10.
6 Hyɛ no nsow sɛ Yehowa ani da hɔ na ɔde wiase foforo a trenee bɛtena mu bɛba wɔ bere a wahyɛ mu pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ eyi a yenim no kanyan Yeremia kuw no na ɛboa wɔn ahokafo a wɔahyira wɔn ho so no ma wɔn ani da hɔ wɔ asɛm a ɛsɛ sɛ wɔka no ntɛm so paa no ho. Saa asɛm yi ka wo dɛn? Yesu kyerɛe sɛ ɛho hia sɛ obiara si gyinae sɛ obegyina Onyankopɔn Ahenni no afã. Ma yɛnhwehwɛ su ahorow abiɛsa a ɛboaa Yeremia maa n’ani daa hɔ wɔ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no ho mu, na ɛno bɛboa yɛn ma yɛn nso yɛayɛ saa ara.
Ná Ɔdɔ Nnipa
7. Kyerɛkyerɛ sɛnea ɔdɔ kaa Yeremia ma ɔkaa asɛm no ɛmfa ho sɛ ohyiaa nsɛnnennen no mu.
7 Dɛn na ɛkaa Yeremia ma ɔkaa asɛm no ɛmfa ho sɛ ohyiaa nsɛnnennen? Ná ɔdɔ nnipa ntia. Ná Yeremia nim sɛ nguanhwɛfo atorofo na na wɔde ɔhaw a nkurɔfo no rehyia no mu dodow no ara ba. (Yer. 23:1, 2) Eyi a na onim no boaa no ma ɔde ɔdɔ ne ayamhyehye kaa asɛm no. Ná ɔpɛ sɛ ne man mufo no te Onyankopɔn asɛm na wonya nkwa. Amanehunu a na ɛreba wɔn so no ho asɛm haw no araa ma osui. (Monkenkan Yeremia 8:21; 9:1.) Kwadwom nhoma no ma yehu sɛnea na Yeremia dɔ Yehowa din ne nnipa paa ne sɛnea na odwen wɔn ho kɛse no pefee. (Kwa. 4:6, 9) Sɛ wuhu nkurɔfo a “wɔayɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ” nnɛ a, so ɛnka wo sɛ fa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyekye wɔn werɛ?—Mat. 9:36.
8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ amanehunu a Yeremia hyiae no amma ne bo amfuw?
8 Nnipa a na Yeremia pɛ sɛ ɔboa wɔn no ara na wɔtetee no, nanso wantua wɔn so ka anaa wamma ne bo amfuw wɔn. Onyaa Ɔhene Sedekia a na ne bra asɛe no mpo ho abotare, na ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ no! Bere a Sedekia de Yeremia hyɛɛ nkurɔfo no nsa sɛ wonkum no akyi mpo no, Yeremia kɔɔ so ara srɛɛ no sɛ ontie Yehowa asɛm. (Yer. 38:4, 5, 19, 20) So ɔdɔ a yɛwɔ ma nnipa no mu yɛ den te sɛ Yeremia de no?
Onyankopɔn Maa no Akokoduru
9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn na ɔmaa Yeremia akokoduru?
9 Bere a edi kan a Yehowa ne Yeremia kasae no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeyi ne ho ano. Eyi ma yehu sɛ wɔamfa akokoduru kɛse a ɔdaa no adi akyiri yi no anwo no. Nokwasɛm ne sɛ, Yeremia ho a ɔde too Onyankopɔn so koraa no na ɛma onyaa akokoduru soronko a ɔdaa no adi wɔ nkɔm ahorow a ɔhyehyɛe no mu. Nokwarem no, na Yehowa ka odiyifo Yeremia ho “sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔboaa Yeremia, na ɔmaa no ahoɔden a ɔde bɛyɛ adwuma no. (Yer. 20:11) Yeremia gyee din sɛ obi a ɔwɔ akokoduru araa ma bere a Yesu baa asase so no, na nkurɔfo susuw sɛ Yesu yɛ Yeremia a wɔasan awo no!—Mat. 16:13, 14.
10. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔde wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no “asi amanaman ne ahenni ahorow so”?
10 Esiane sɛ Yehowa yɛ “amanaman Hene” nti, ɔmaa Yeremia adwuma sɛ ɔnka atemmusɛm nkyerɛ amanaman ne ahenni ahorow. (Yer. 10:6, 7) Nanso, ɔkwan bɛn so na wɔde wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo “asi amanaman ne ahenni ahorow so”? (Yer. 1:10) Amansan Hene no de adwuma ahyɛ Yeremia kuw no nsa te sɛ nea ɔde hyɛɛ Yeremia a ɔtenaa ase tete no nsa no ara pɛ. Enti, wɔama Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn no tumi sɛ wɔnka Onyankopɔn atemmusɛm ntia amanaman ne ahenni ahorow no. Esiane sɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ama Yeremia kuw no tumi, na wɔde Onyankopɔn Asɛm a emu da hɔ reyɛ adwuma nti, wɔka sɛ wobetutu amanaman ne ahenni ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no ase, na wɔasɛe wɔn wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu ne ɔkwan a ɔpɛ so. (Yer. 18:7-10; Adi. 11:18) Yeremia kuw no asi wɔn bo sɛ wɔrennyae adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnka Yehowa atemmusɛm wɔ asase so nyinaa no da.
11. Sɛ yehyia nsɛnnennen a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so aka asɛm no?
11 Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ yehyia ɔsɔretia, nsɛnnennen, anaasɛ nkurɔfo ntie asɛm no a, yɛn abam bu. (2 Kor. 1:8) Nanso, momma yɛnkɔ so nka asɛm no sɛnea Yeremia yɛe no. Mommma yɛn abam mmmu. Momma yɛn mu biara nkɔ so nkotow nsrɛ Onyankopɔn, mfa yɛn ho nto no so, na ‘yennya akokoduru’ bere a yɛrehwehwɛ ne mmoa no. (1 Tes. 2:2) Esiane sɛ yɛyɛ asomfo anokwafo nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ na yɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so aka ɔsɛe a ɛreba Kristoman so a wɔde nea ɛbaa Yerusalem a anni nokware so yɛɛ ho mfonini no ho asɛm daa. Ɛnyɛ “Yehowa anisɔ afe” no ho asɛm nko na Yeremia kuw no reka, na mmom wɔreka “yɛn Nyankopɔn aweredi da” no ho asɛm nso.—Yes. 61:1, 2; 2 Kor. 6:2.
Anigye Hyɛɛ Ne Koma Ma
12. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yeremia ani gyei bere nyinaa, na ade titiriw bɛn na ɛboaa no ma ɔyɛɛ saa?
12 Yeremia nyaa anigye wɔ n’adwuma no mu. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Minyaa wo nsɛm, na midii; w’asɛm bɛyɛɛ ahurusi ne anigye wɔ me koma mu; wo din na ɛda me so, O Yehowa.” (Yer. 15:16) Yeremia faa no sɛ ɛyɛ hokwan na wanya sɛ ɔregyina nokware Nyankopɔn no ananmu aka n’asɛm. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, bere a Yeremia de n’adwene sii ne ho fɛw a na nkurɔfo redi so no, n’anigye sɛee. Bere a ɔde n’adwene sii asɛm a ɛyɛ dɛ na ɛho hia a na ɔreka no so no, ɔsan nyaa anigye.—Yer. 20:8, 9.
13. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm mu nokware a emu dɔ no na ama yɛakɔ so anya anigye?
13 Sɛ yɛbɛkɔ so anya anigye wɔ asɛnka adwuma no mu nnɛ a, ɛho hia sɛ yɛn ankasa di “aduan a ɛyɛ den” a ɛno ne Onyankopɔn Asɛm mu nokware a emu dɔ no. (Heb. 5:14) Sɛ yesua ade kɔ akyiri a, ɛhyɛ yɛn gyidi den. (Kol. 2:6, 7) Ɛma yehu sɛ yɛn nneyɛe ka Yehowa koma ankasa. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebenya bere akenkan Bible a, ɛsɛ sɛ yɛsan hwehwɛ nneɛma a yɛde yɛn bere yɛ mu. Sɛ yɛde simma kakraa bi mpo sua ade da biara da na yesusuw ho a, ɛbɛma yɛabɛn Yehowa kɛse, na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi ‘ahurusi na yɛn koma ani agye’ sɛnea Yeremia yɛe no.
14, 15. (a) Dɛn na efii nokwaredi a Yeremia kɔɔ so de yɛɛ n’adwuma no mu bae? (b) Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nim wɔ asɛnka adwuma no ho?
14 Yeremia de Yehowa kɔkɔbɔ ne n’atemmusɛm no mae a wannyae, na na adwuma a wɔde ama no sɛ ‘onsi na onnua’ no nso da ne koma so. (Yer. 1:10) Adwuma a wɔde maa no sɛ onsi na onnua no sow aba. Yudafo binom ne wɔn a wɔnyɛ Israelfo bi nso nyaa nkwa wɔ ɔsɛe a ɛbaa Yerusalem so wɔ afe 607 A.Y.B. mu no mu. Wɔn a yenim sɛ wonyaa nkwa no bi ne Rekabfo, Ebed-Melek, ne Baruk. (Yer. 35:19; 39:15-18; 43:5-7) Saa Yeremia nnamfo a na wɔyɛ anokwafo na wosuro Onyankopɔn yi gyina hɔ ma wɔn a ɛnnɛ wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so a wɔfa Yeremia kuw no adamfo no. Yeremia kuw no ani gye ho paa sɛ wɔbɛhyɛ “nnipakuw kɛse” yi gyidi den. (Adi. 7:9) Saa ara na wɔn a wɔasra wɔn no ahokafo anokwafo yi nso nya abotɔyam kɛse wɔ mmoa a wɔde ma nnipa komapafo ma wobenya nokware no ho nimdeɛ no ho.
15 Onyankopɔn nkurɔfo nim sɛ asɛmpa a wɔka no nyɛ adwuma a wɔyɛ de boa ɔmanfo kɛkɛ, na mmom ɛyɛ ɔsom a wɔde ma yɛn Nyankopɔn nso. Sɛ́ ebia nkurɔfo tie yɛn anaasɛ wontie yɛn no, asɛnka adwuma a yɛnam so de ɔsom kronn ma Yehowa no ma yenya anigye kɛse.—Dw. 71:23; monkenkan Romafo 1:9.
‘Ma W’ani Nna Hɔ’ wɔ Adwuma a Wɔde Ama Wo no Ho!
16, 17. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 17:10 ne Habakuk 2:3 ma yehu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ yɛn bere yi so?
16 Sɛ yesusuw nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 17:10 no ho a, ɛma yehu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ bere a yɛte mu yi mu. Ɔhene a ɔto so ason a ɔne Anglo-Amerika Wiase Tumidi no aba. Yɛkenkan ne ho asɛm sɛ: “Sɛ [wiase tumidi a ɛto so ason no nya] ba a, etwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi.” Seesei, ɛbɛyɛ sɛ saa bere “kakraa bi” no reyɛ asa. Odiyifo Habakuk ma yenya awerɛhyem wɔ nhyehyɛe bɔne yi a ɛbɛba awiei no ho sɛ: “Adehu no retwɛn ne bere . . . Twɛn no ara, na ɔkwan biara so ɛbɛba. Ɛrenka akyi.”—Hab. 2:3.
17 Bisa wo ho sɛ: ‘So sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ paa sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ yɛn bere yi so? So sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ sɛ mehwɛ kwan sɛ awiei no bɛba nnansa yi ara? Anaasɛ gyinae a misisi ne nneɛma a ɛho hia me paa wɔ m’asetena mu kyerɛ sɛ menhwɛ kwan sɛ awiei no bɛba nnansa yi ara anaa minnye nni sɛ ɛbɛba mpo?’
18, 19. Dɛn nti na ɛnnɛ nyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛgow yɛn ho wɔ Ahenni no ho adwuma a yɛreyɛ no mu?
18 Ɔwɛmfo kuw no nnya nwiee n’adwuma. (Monkenkan Yeremia 1:17-19.) Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no gyina hɔ pintinn te sɛ “dade dum” ne “kurow a wɔabɔ ho ban”! Wɔde ‘nokware abɔ wɔn asen,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔma Onyankopɔn Asɛm no hyɛ wɔn den kosi sɛ wobewie adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no. (Efe. 6:14) Saa ara na nnipakuw kɛse no mufo nso asi wɔn bo reboa Yeremia kuw no denneennen ma wɔayɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no.
19 Ɛnyɛ ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛgow yɛn ho wɔ Ahenni no ho adwuma a yɛreyɛ no mu, na mmom ɛsɛ sɛ yesusuw nea asɛm a ɛwɔ Yeremia 12:5 kyerɛ no ho. (Monkenkan.) Yɛn nyinaa hyia sɔhwɛ ahorow a ɛsɛ sɛ yegyina ano. Yebetumi de nneɛma a ɛsɔ yɛn gyidi hwɛ yi atoto “anammɔnfo” a ɛsɛ sɛ yɛne wɔn tu mmirika ho. Nanso, bere a “ahohiahia kɛse” no rebɛn no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ nneɛma mu bɛkɔ so ayɛ den paa. (Mat. 24:21) Yebetumi de sɛnea yebegyina nneɛma a emu bɛyɛ den paa ano daakye no atoto ‘apɔnkɔ a yɛne wɔn retu mmirika’ ho. Onipa behia ahoɔden kɛse na ama watumi ne apɔnkɔ atu mmirika. Enti, mfaso wɔ so sɛ yegyina sɔhwɛ a yehyia no seesei no ano, sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi asiesie yɛn ama nea yebehyia daakye no.
20. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?
20 Yɛn nyinaa betumi asuasua Yeremia na ama yɛatumi awie asɛnka adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no! Su ahorow te sɛ ɔdɔ, akokoduru, ne anigye na ɛkaa Yeremia ma ɔde mfe pɔrepɔre 67 kaa asɛm no kosii ase. Ɔsonkoran nhwiren fɛfɛ no kae yɛn sɛ Yehowa bɛma ‘n’ani ada hɔ’ wɔ n’asɛm ho na wama ayɛ hɔ. Ɛnde, yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara. Yeremia maa ‘n’ani daa hɔ,’ na yɛn nso yebetumi ayɛ saa ara.
So Wokae?
• Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ boaa Yeremia ma ‘n’ani daa hɔ’ wɔ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no ho?
• Dɛn nti na yehia akokoduru fi Onyankopɔn hɔ?
• Dɛn na ɛboaa Yeremia ma ɔkɔɔ so nyaa anigye?
• Dɛn nti na wopɛ sɛ woma ‘w’ani da hɔ’?
[Mfonini wɔ kratafa 31]
So wobɛkɔ so aka asɛm no ɛmfa ho ɔsɔretia?