Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w11 7/1 kr. 22
  • So Kristofo anokwafo nyinaa bɛkɔ soro?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Kristofo anokwafo nyinaa bɛkɔ soro?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Henanom Na Wɔkɔ Ɔsoro, Na Dɛn Ntia?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Henanom Na Wɔkɔ Soro?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
w11 7/1 kr. 22

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

So Kristofo anokwafo nyinaa bɛkɔ soro?

▪ Nnipa pii akenkan awerɛkyekyesɛm a Yesu kae yi: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) So na Yesu kyerɛ sɛ anokwafo a wɔsom n’Agya, Yehowa Nyankopɔn no nyinaa bɛkɔ soro akogye wɔn ani daa?

Hyɛ Yesu asɛm a ɛkanyan adwene yi nsow: “Onipa biara mforo nkɔɔ ɔsoro gye nea osian fii ɔsoro no, onipa Ba no.” (Yohane 3:13) Eyi kyerɛ sɛ, nnipa anokwafo a wɔtenaa ase tete, te sɛ Noa, Abraham, Mose, ne Dawid no ankɔ soro. (Asomafo Nnwuma 2:34) Ɛnde, ɛhefa na wɔn nyinaa kɔe? Ne tiaa mu no: Anokwafo a wɔtenaa ase tete no wɔ ɔdamoa mu. Wɔadeda wɔ owu mu a wonnim hwee, na wɔretwɛn owusɔre.—Ɔsɛnkafo 9:5, 6; Asomafo Nnwuma 24:15.

Yesu na odii kan kaa ɔsoro asetena ho asɛm wɔ Bible mu. Ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ obesiesie baabi ama wɔn wɔ soro. (Yohane 14:2, 3) Ná eyi yɛ ade foforo ma Onyankopɔn nkurɔfo. Akyiri yi, Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ bere a Yesu wui na wonyan no kɔɔ soro no, Yesu ‘buee ɔkwan foforo ano maa n’asuafo no’—ɔkwan a onipa biara mfaa so da.—Hebrifo 10:19, 20.

So eyi kyerɛ sɛ efi saa bere no, anokwafo nyinaa bɛkɔ soro? Dabi, nnipa bi a wɔde dwumadi ahyɛ wɔn nsa no nkutoo na wobenyan wɔn ma wɔakɔ soro. Anadwo a etwa to a Yesu ne n’asomafo no hyiaam no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔbɛtena nhengua so abu atɛn’ wɔ ne soro Ahenni no mu. Enti na ɔsoro a wɔne Yesu bedi ade no ne adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no.—Luka 22:28-30.

Asomafo no akyi no, nnipa binom nso benya hokwan ayɛ adwuma nwonwaso yi bi. Osuani Yohane huu Yesu ne kuw bi a wɔanyan wɔn wɔ soro a wɔka wɔn ho asɛm sɛ ‘ahemman ne asɔfo a wobedi asase so ahene’ wɔ anisoadehu mu. (Adiyisɛm 3:21; 5:10) Ná wɔn mu baahe na ɛwɔ hɔ? Sɛnea ɛte wɔ nniso biara mu no, nnipa kakraa bi pɛ na wodi ade. Saa ara na ɔsoro Ahenni no nso te. Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Guammaa no ne nnipa 144,000 a “wɔtɔɔ wɔn fii adesamma mu” no na ebedi ade.—Adiyisɛm 14:1, 4, 5.

Nokwarem no, sɛ wɔde nnipa 144,000 toto nnipa anokwafo a wɔte ase ne wɔn a wɔawuwu nyinaa ho a, na wosua koraa. Nanso ntease wom, efisɛ wobenyan 144,000 mufo no akɔ soro ama wɔakɔyɛ adwuma kronkron bi. Sɛ woresi dan a, so wobɛfa wɔn a wonim adansi yiye a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no nyinaa? Dabi. Wobɛfa adansifo dodow a wuhia ma adwuma no nkutoo. Saa ara na ɛnyɛ nnipa anokwafo nyinaa na Onyankopɔn apaw wɔn de hokwan soronko a ɛne sɛ wɔne Kristo nni ade wɔ soro no ama wɔn.

Ɔsoro nniso yi bɛma atirimpɔw a Onyankopɔn wɔ ma adesamma no abam. Yesu ne ne mfɛfo adedifo 144,000 no bɛhwɛ ama asase no nyinaa adan paradise, beae a nnipa anokwafo pii de anigye bɛtena daa. (Yesaia 45:18; Adiyisɛm 21:3, 4) Eyinom bi ne wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu a wobenyan wɔn no.—Yohane 5:28, 29.

Yehowa nokware somfo biara—sɛ́ wawu anaa ɔte ase—betumi anya akyɛde nwonwaso a ɛne daa nkwa no bi. (Romafo 6:23) Nnipa kakraa bi na wɔbɛkɔ soro akɔyɛ adwuma titiriw bi, na nnipa dodow no ara nso benya nkwa wɔ paradise asase so.—w11-E 06/1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena