Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w11 10/1 kr. 22-23
  • Sɛnea Wɔko Tia Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wɔko Tia Sɔhwɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sodom ne Gomora Sɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yesu Gyinaa Sɔhwɛ Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Yesu Maa N’atiefo Ho Dwiriw Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yesu Saa Yare Anwonwakwan So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
w11 10/1 kr. 22-23

Mmofra Afã

Sɛnea Wɔko Tia Sɔhwɛ

YOSEF—ƆFÃ 1

Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tena na kenkan Bible no fa bua nsɛmmisa yi. Bere a worekenkan kyerɛw nsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa.

Wɔn a wɔwom: Yosef ne Potifar yere

Nsɛm a wɔabɔ no mua: Yosef ko tiaa sɔhwɛ a na ɛbɛma ɔne Potifar yere ada.

1 DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN GENESIS 39:1-12.

Twa Potifar fie no ho mfonini wɔ w’adwenem na kyerɛkyerɛ sɛnea ɛsõ na ɛhɔ yɛ fɛ no mu.

․․․․․

Wohwɛ a na Yosef ahoɔfɛ te dɛn? (Nea ɛbɛboa wo: Hwɛ nkyekyɛm 6.)

․․․․․

Wohwɛ a, ɛnne bɛn na Yosef de kasa kyerɛɛ Potifar yere no wɔ nkyekyɛm 8 ne 9?

․․․․․

2 DWINNWEN HO KƆ AKYIRI.

Dɛn na anka ebetumi ama Yosef agyae ne ho mu ama ɔbrasɛe? (Nea ɛbɛboa wo: Kenkan Filipifo 2:12, na dwinnwen Yosef tebea no ho hwɛ. Sɛ nhwɛso no, na Yosef abusuafo ne ne mfɛfo a wɔsom Yehowa no wɔ he saa bere no?)

․․․․․

Wususuw sɛ dɛn nti na na Yosef te nka sɛ ɛbɛyɛ bɔne a etia Onyankopɔn sɛ obi bɛsɛe aware bere a na saa bere no Onyankopɔn nhyɛɛ ho mmara biara no? (Nea ɛbɛboa wo: Kenkan na dwinnwen kyerɛw nsɛm a edidi so yi ho: Genesis 2:24; 12:17, 18; Romafo 2:14, 15; ne Hebrifo 5:14.)

․․․․․

3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO . . .

Abusuabɔ a ɛda ahosodi ne nidi ntam

․․․․․

Mfaso a wɔn a wɔde Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn bɔ wɔn bra no nya.

․․․․․

Sɛnea ehia sɛ wotete ‘w’adwene.’ (Hebrifo 5:14)

․․․․․

AKWAN FOFORO A WUBETUMI DE ADI DWUMA.

Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ woko tia ɔbarima ne ɔbea nna mu sɔhwɛ a, nneɛma bɛn mu na wubetumi asi ho gyinae denneennen? (Nea ebetumi aboa: Kenkan na dwinnwen Hiob 31:1; Dwom 119:37; Efesofo 5:3, 4 ho.)

․․․․․

4 ASƐM YI FÃ BƐN NA W’ANI GYE HO PAA, NA DƐN NTIA?

․․․․․

Sɛ wunni Bible a, bisa Yehowa Adansefo, anaa kenkan wɔ intanɛt so wɔ www.watchtower.org

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena