Bible Tumi Sesa Nnipa
ƐYƐƐ dɛn na ababaa bi a awerɛhosɛm pii totoo no ne mmofraberem tumi nyaa abotɔyam wɔ asetena mu? Dɛn na ɛkaa ɔmammɔfo bi ma ɔbɛyɛɛ asomdwoe nipa a ɔka Onyankopɔn asɛm? Wokenkan nsɛm a edi so yi a wubenya ho mmuae.
“Ná M’ani Abere Rehwehwɛ Ɔdɔ ne Abotɔyam.”—INNA LEZHNINA
AFE A WƆWOO NO: 1981
ƆMAN A OFI MU: RUSSIA
TEBEA A NA ƆWOM: AWERƐHOSƐM PII TOTOO NO NE MMOFRABEREM
ME KAN ASETENA: Bere a wɔwoo me no na meyɛ mum, na na m’awofo nso yɛ mum. Minnya nnii mfe ason no, na nneɛma kɔ yiye. Emu hɔ ara na m’awofo gyaee aware. Na misua de, nanso na mete awaregyae ase, enti ɛhaw me paa. Awaregyae no bae no, me papa ne me nua panyin tenaa Troitsk na me ne me maame kɔtenaa Chelyabinsk. Akyiri yi me maame san waree. Ná me papa no yɛ kɔwensani, na na ɔtaa hwe me ne me maame.
Afe 1993 mu no, nsu faa me nua panyin no. Asɛm no botow yɛn yiye. Me maame de yɛɛ nsanom, na ɔno nso fii ase dii m’ani te sɛ me papa no. Afei, na merepɛ nea ɛbɛma m’ani agye wɔ asetena mu. Ná m’ani abere rehwehwɛ ɔdɔ ne abotɔyam. Mikyinkyin asɔre pii mu sɛ merepɛ awerɛkyekye, nanso mannya bi wɔ baabiara.
SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Midii mfe 13 no, me yɔnko sukuuni bi a na ɔyɛ Yehowa Dansefo no kaa Bible mu nsɛm bi kyerɛɛ me. Ɔkaa Noa ne Hiob ho asɛm sɛ wɔsom Onyankopɔn wɔ mmere a ɛyɛ den mu, na ɛmaa m’ani gyei. Ankyɛ na Adansefo no ne me fii Bible adesua ase, na mifii ase kɔɔ wɔn nhyiam nso.
Bible adesua no ma metee nokwasɛm pii ase ma ɛyɛɛ me dɛ. Mihui sɛ Onyankopɔn wɔ din no, ɛkaa me koma. (Dwom 83:18) Bere a mihui sɛ nea Bible kae sɛ ebesisi wɔ “nna a edi akyiri” no mu aba mu pɛpɛɛpɛ no, m’ani gyee. (2 Timoteo 3:1-5) Owusɔre anidaso a misuaa ho ade no maa me koma tɔɔ me yam. Anigyesɛm a ɛwom ne sɛ, mɛsan ahu me nua no bio!—Yohane 5:28, 29.
Nanso, ɛnyɛ obiara na n’ani gyee nea na meresua no ho. Ná me maame ne me papa mpɛ Yehowa Adansefo asɛm koraa, enti wɔbɔɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma magyae Bible adesua no. Nanso na m’ani gye nea meresua no ho, enti mannyae.
Bere a m’abusuafo ko tiaa me no, na ɛyɛ den ma me. Awerɛhosɛm foforo a ɛbae ne sɛ, nsu san faa me nua ketewa a na me ne no kɔ Yehowa Adansefo nhyiam no. Nanso Adansefo no kyekyee me werɛ. Minyaa ɔdɔ ne abotɔyam a mahwehwɛ no me nkwa nna nyinaa no wɔ Yehowa Adansefo mu. Mihui sɛ ɛno ne nokware som. Wɔbɔɔ me asu ma mebɛyɛɛ Yehowa Dansefo afe 1996.
SƐNEA ABOA ME: Mewaree aberante kama bi a wɔfrɛ no Dmitry, na mfe asia ni a me ne no atena. Yɛn baanu nyinaa resom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ St. Petersburg no. Bere bi akyi no, m’awofo anko antia me som bio.
Meda Yehowa ase paa sɛ wama mahu no! Ɔno a meresom no no ama manya abotɔyam kɛse.
“Ná Nsɛm Pii Kyere M’adwene.”—RAUDEL RODRÍGUEZ RODRÍGUEZ
AFE A WƆWOO NO: 1959
ƆMAN A OFI MU: CUBA
TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆYƐ ƆMAMMƆFO
ME KAN ASETENA: Wɔwoo me wɔ Havana, Cuba. Baabi a wɔtetee me no, ahiafo na na wɔdɔɔso wɔ hɔ, na na ɛhɔfo pɛ ntɔkwaw paa. Bere a merenyin no, m’ani begyee atentam ne agodie a ɛtete saa ho.
Bere a mekɔ sukuu no, na minim ade, enti m’awofo hyɛɛ me nkuran ma mekɔɔ sukuupɔn. Sukuupɔn mu hɔ na mifii ase nyaa adwene sɛ ɛsɛ sɛ nsakrae ba ɔkwan a wɔfa so bu yɛn man no mu. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ otuatewfo. Me ne sukuuni bi tow hyɛɛ polisini bi so yɛe sɛ yebegye ne tuo. Ntɔkwaw no maa polisini no tiri ho twitwae pii. Wɔde me ne sukuuni no nyinaa koguu afiase na wobuu yɛn kumfɔ kae sɛ wɔmmɔ yɛn tuo. Saa bere no, na madi mfe 20 pɛ, nanso na merebewu!
Bere a meda afiase hɔ mmɔbɔmmɔbɔ no, na meredwennwen sɛnea mɛyɛ me ho ansa na wɔabɔ me tuo. Mampɛ sɛ obiara behu sɛ misuro. Ne nyinaa mu no, na nsɛm pii kyere m’adwene. Ná mibisa me ho sɛ: ‘Adɛn nti koraa na ntɛnkyea pii wɔ wiase saa? Sɛnea nnipa asetena bɛyɛ ara ni anaa?’
SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Akyiri yi wɔsesaa kumfɔ no kae sɛ wɔmfa yɛn ngu afiase mfe 30. Saa bere yi ara na mihyiaa Yehowa Adansefo bi a wɔn som nti wɔde wɔn abegu afiase hɔ. Nea na mepɛ wɔ Adansefo no ho ne sɛ na wɔwɔ akokoduru nanso na wodwo. Ɛwom sɛ wɔanyɛ bɔne biara na wɔde wɔn beguu afiase de, nanso wɔamfa ho abufuw anhyɛ wɔn mu.
Adansefo no kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn wɔ atirimpɔw bi ma adesamma. Wɔde Bible no kyerɛɛ me sɛ ɔbɛdan asase yi paradise a amumɔyɛsɛm ne ntɛnkyea biara nni hɔ. Wɔma mihui sɛ nnipa pa bɛyɛ asase so ma, na wobetumi anya asetena a edi mu daa.—Dwom 37:29.
M’ani gyee nea Adansefo no kyerɛkyerɛɛ me no ho, nanso na minni wɔn suban pa no bi. Ná mete nka sɛ merentumi ntwe me ho mfi amanyɔsɛm ho, na merentumi nnan m’aso biako mma obi mmɔ mu. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ me ara mɛkenkan Bible no. Mekenkan wiei no, mihui sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔn abrabɔ te sɛ tete Kristofo no.
Misuaa Bible no behui sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae pii wɔ m’abrabɔ mu. Emu biako ne sɛ na ɛsɛ sɛ misua kasapa, efisɛ na metaa ka kasafĩ. Afei nso na ɛsɛ sɛ migyae sigaretnom, na na ɛsɛ sɛ metwe me ho fi amanyɔsɛm nyinaa ho. Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ mɛyɛ nsakrae yi, nanso Yehowa mmoa so no, ɛyɛɛ yiye.
Ade biako a na ɛyɛ den ma me paa ne sɛ mɛhyɛ m’abufuw so. Ɛnnɛ yi nyinaa meda so ara bɔ mpae srɛ sɛ metumi ahyɛ m’abufuw so. Bible mu nsɛm bi a aboa me kɛse no bi ne nea ɛwɔ Mmebusɛm 16:32 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Nea ne bo kyɛ fuw no ye sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so ye sen nea ɔko fa kurow.”
Afe 1991 mu no, wɔbɔɔ me asu ma mebɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Wɔbɔɔ me asu wɔ ankora mu wɔ afiase hɔ ara. Afe biako akyi no, woyii nnipa a yɛda afiase hɔ no bi de yɛn kɔɔ Spain, efisɛ na yɛwɔ abusuafo wɔ hɔ. Mikoduu Spain ara pɛ na mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam. Adansefo a wɔwɔ hɔ no gyee me kama te sɛ nea me ne wɔn atena mfe pii, na wɔboaa me ma mehyɛɛ ɔbra ase bio.
SƐNEA ABOA ME: Me ne me yere ne yɛn mmabea baanu resom Onyankopɔn anigye so. Manya hokwan sɛ mede bere pii boa afoforo ma wosua Bible no. Ɛwom ara a, mekae bere a meyɛ aberante a na wɔrebekum me no, na m’ani sɔ mfaso kɛse a efi saa bere no manya no. Seesei mete ase na mewɔ anidaso nso. M’ani da Paradise a wɔahyɛ ho bɔ no so. Saa bere no na atɛntrenee bɛba a “owu nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:3, 4.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
“Mihui sɛ Onyankopɔn wɔ din no, ɛkaa me koma”
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Me ne me kunu ani gye ho sɛ yɛde mum kasa ho video bɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔyɛ mum