Fi Wo Kra Nyinaa Mu Bɔ Afɔre Ma Yehowa
“Biribiara a moreyɛ no, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Yehowa.”—KOL. 3:23.
1-3. (a) So afɔre a Yesu de ne nkwa bɔe no kyerɛ sɛ Yehowa nhia afɔre biara mfi yɛn hɔ? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Asɛm bɛn na yebetumi abisa afa afɔre a yɛbɔ no nnɛ ho?
ASOMAFO no bere so no, Yehowa maa ne nkurɔfo hui sɛ Yesu agyede afɔre no apopa Mose Mmara no. (Kol. 2:13, 14) Afei de na Yehowa nhia mmoa afɔre ne afɔre afoforo a na Yudafo no fi bere tenten abɔ ama no no bio. Ná Mmara no awie n’adwuma sɛ “kwankyerɛfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so.”—Gal. 3:24.
2 Nanso eyi nkyerɛ sɛ afɔre ho asɛm nhia Kristofo koraa. Ɔsomafo Petro kae sɛ ɛho hia sɛ yɛfa Yesu Kristo so bɔ “honhom mu afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (1 Pet. 2:5) Ɔsomafo Paulo nso maa emu daa hɔ sɛ Kristoni a wahyira ne ho so biara asetena te sɛ “afɔrebɔde” a ɔde ma Yehowa.—Rom. 12:1.
3 Kristofo betumi abɔ afɔre wɔ akwan abien so: Nea edi kan, yebetumi de nneɛma bi ama Yehowa. Na nea ɛto so abien, yebetumi agyae nneɛma bi akyidi na ama yɛatumi asom no yiye. Sɛ yɛhwɛ nea yɛasua afa afɔre ahorow a Israelfo bɔe no ho a, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛn afɔre asɔ Yehowa ani?
AFƆRE A YƐBƆ NO DA BIARA DA
4. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ nneɛma a yɛyɛ no da biara da ho?
4 Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebehu sɛ nneɛma a yɛyɛ no da biara da no fa afɔre a yɛbɔ ma Yehowa no ho. Ebia yɛbɛka sɛ ofie nnwuma, sukuu dwumadi, adwuma a yɛyɛ didi, ne nea ɛkeka ho mfa yɛn som ho. Nanso sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa anaa ɛrenkyɛ yɛbɛyɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ adwene a yɛwɔ wɔ nnwuma a ɛtete saa ho no betumi aka abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ da mũ no nyinaa, dɔnhwerew biara, yɛyɛ Kristofo, enti ehia sɛ yɛde Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra wɔ biribiara a yɛyɛ mu. Ɛno nti na Paulo tuu yɛn fo sɛ: “Biribiara a moreyɛ no, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Yehowa na ɛnyɛ nnipa.”—Monkenkan Kolosefo 3:18-24.
5, 6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ yɛn ahosiesie ne yɛn nneyɛe nyinaa ho?
5 Nneɛma a Kristofo yɛ no da biara da wɔ asetena mu no nhyɛ da nyɛ wɔn som no fã ankasa. Nanso Paulo tuu yɛn fo sɛ biribiara a yɛyɛ no ‘yemfi ɔkra nyinaa mu nyɛ ma Yehowa.’ Eyi kyerɛ sɛ biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu no, ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na asɛm yi fa yɛn ho? So yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade da no adi bere nyinaa sɛ yɛyɛ Kristofo? Anaasɛ bere a yɛreyɛ yɛn ankasa nnwuma da biara da no, ɛyɛ a yɛfɛre sɛ yɛbɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo esiane yɛn suban anaa yɛn ahosiesie nti? Ɛnsɛ sɛ ɛba saa da! Ɛnsɛ sɛ Yehowa asomfo yɛ biribi a ɛbɛma nkurɔfo abɔ Onyankopɔn din no ahohora.—Yes. 43:10; 2 Kor. 6:3, 4, 9.
6 Momma yɛnhwɛ sɛnea ‘ɔkra nyinaa mu a yefi yɛ biribiara ma Yehowa’ no ka nneɛma ahorow a yɛyɛ wɔ asetena mu. Bere a yɛresusuw ho no, kae sɛ na ɛsɛ sɛ afɔrebɔde a Israelfo no de ba Yehowa anim no nyinaa yɛ nea eye paa.—Ex. 23:19.
SƐNEA ƐKA W’ASETENA
7. Sɛ obi hyira ne ho so ma Onyankopɔn a, dɛn na ɛkyerɛ?
7 Wunnye ntom sɛ bere a wuhyiraa wo ho so maa Yehowa no, woyɛɛ w’adwene sɛ wode wo ho bɛma no korakora? Ɔkwan bi so no, wokae sɛ biribiara a wobɛyɛ wɔ w’asetena mu no, wode Yehowa bedi kan. (Monkenkan Hebrifo 10:7.) Eyi yɛ gyinae pa. So wunhui sɛ, sɛ wohwehwɛ Yehowa adwene wɔ asɛm bi ho na wode yɛ adwuma a, nea efi mu ba no yɛ adepa? (Yes. 48:17, 18) Onyankopɔn nkurɔfo yɛ kronkron na wɔwɔ anigye efisɛ wosuasua Yehowa a ɔkyerɛkyerɛ wɔn no.—Lev. 11:44; 1 Tim. 1:11.
8. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkae sɛ na afɔre a Israelfo bɔ ma Yehowa no yɛ kronkron?
8 Ná Yehowa bu afɔre a Israelfo bɔ ma no no sɛ ade kronkron. (Lev. 6:25; 7:1) Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “kronkron” no kyerɛ biribi a wɔayi asi hɔ, anaa wɔatew ho ama Onyankopɔn. Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa gye yɛn afɔrebɔ tom a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi wiase yi mu biribiara a ebetumi agu yɛn ho fĩ ho. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye biribiara a Yehowa kyi ho. (Monkenkan 1 Yohane 2:15-17.) Eyi nso kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ fekuw biara anaa yɛyɛ biribiara a ɛbɛma yɛn ho agu fĩ wɔ Onyankopɔn ani so. (Yes. 2:4; Adi. 18:4) Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ afide anaa nneɛma a ɛho ntew biara, na ɛnsɛ sɛ yedwinnwen ho mpo.—Kol. 3:5, 6.
9. Dɛn nti na ɔkwan a yɛfa so ne afoforo di no ho hia paa?
9 Paulo tuu ne mfɛfo gyidifo fo sɛ: “Mommma mo werɛ mmfi papayɛ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.” (Heb. 13:16) Enti sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛyɛ afoforo papa anaa yɛbɛboa wɔn a, Yehowa bebu no sɛ afɔrebɔ a ɛsɔ n’ani. Sɛ yeyi yɛn yam boa afoforo a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛda nsow sɛ nokware Kristofo.—Yoh. 13:34, 35; Kol. 1:10.
AFƆRE A YƐBƆ WƆ YƐN SOM MU
10, 11. Yehowa bu asɛnka adwuma a yɛyɛ ne ɔsom a yɛde ma no no dɛn, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?
10 Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ afoforo papa ne sɛ ‘yɛbɛpaem aka yɛn anidaso’ ho asɛm akyerɛ wɔn. So wode hokwan biara a wunya di adanse? Paulo kae sɛ Kristofo adwuma a ɛho hia yi yɛ ‘Onyankopɔn ayeyi afɔre a ɛne anofafa aba a wɔde bɔ ne din wɔ baguam no.’ (Heb. 10:23; 13:15; Hos. 14:2) Ɛho hia sɛ yesusuw bere dodow a yɛde ka asɛmpa no ne sɛnea yɛbɛma atu mpɔn ho. Wɔasiesie Ɔsom Nhyiam dwumadi no pii sɛ ɛmmoa yɛn mma yɛnyɛ eyi. Ade a ɛsɛ sɛ yɛkae paa ne sɛ asɛnka adwuma no ne bɔnnɔ so adansedi nyinaa yɛ “ayeyi afɔre.” Ɛyɛ yɛn som no fã, enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ saa afɔre yi ma edi mũ paa. Yɛn nsɛm tebea gu ahorow, nanso bere dodow a yɛde ka asɛmpa no na ɛtaa ma yehu anisɔ a yɛwɔ ma honhom fam nneɛma.
11 Kristofo bom sɛ asafo som Yehowa daa na wotumi yɛ saa nso wɔ wɔn afie mu. Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ saa. Ɛwom sɛ yenni Homeda bio na yentwa kwan nkodi afahyɛ wɔ Yerusalem de, nanso Kristofo betumi asua biribi afi saa ahyɛde no mu. Ɛnnɛ, Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛtwe yɛn ho fi nnwuma funu ho na ama yɛanya bere asua n’Asɛm, abɔ mpae, na yɛakɔ Kristofo nhyiam ahorow. Kristofo a wɔyɛ mmusua ti di anim ne wɔn mmusua yɛ abusua som. (1 Tes. 5:17; Heb. 10:24, 25) Enti ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atumi ama ɔsom a mede ma Onyankopɔn no atu mpɔn?’
12. (a) Yebetumi de aduhuam a tete no na wɔhyew ma Yehowa no atoto dɛn ho nnɛ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn mpaebɔ ayɛ sɛ aduhuam?
12 Ɔhene Dawid too dwom maa Yehowa sɛ: “Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam wɔ w’anim.” (Dw. 141:2) Ɛyɛ papa sɛ yesusuw mpɛn dodow a yɛbɔ mpae ne nneɛma a yɛbɔ ho mpae ho. Adiyisɛm nhoma no de “akronkronfo no mpaebɔ” toto aduhuam ho. Ɛka sɛ mpae a ɛsɔ Yehowa ani no foro kɔ ne nkyɛn sɛ ade a ɛyɛ huam. (Adi. 5:8) Tete Israel no, na ɛsɛ sɛ wosiesie aduhuam a wɔhyew no daa wɔ Yehowa afɔremuka no so sɛnea ɛho mmara te pɛpɛɛpɛ. Sɛ na wodi akwankyerɛ a wɔde ama wɔ ho no so a, ɛnna Yehowa begye atom. (Ex. 30:34-37; Lev. 10:1, 2) Saa ara na sɛ yɛde obu ne ahwɛyiye bɔ mpae a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa begye atom.
ƆMA NE OGYE
13, 14. (a) Mmoa bɛn na Epafrodito ne Filipi asafo no yɛɛ Paulo? Na Paulo tee nka dɛn wɔ ho? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua nea Epafrodito ne Filipifo no yɛe no?
13 Yebetumi de sika a yeyi de boa wiase nyinaa adwuma no atoto afɔre a yɛbɔ ho, sɛ́ esua anaa ɛdɔɔso no. (Mar. 12:41-44) Asomafo no bere so no, asafo a na ɛwɔ Filipi no somaa Epafrodito kɔɔ Roma ma ɔde nneɛma a Paulo hia kɔmaa no. Asafo no maa Epafrodito sika ma ɔde kɔkyɛɛ Paulo. Ná eyi nyɛ bere a edi kan a Filipifo no ada ayamye adi akyerɛ Paulo. Nea enti a wɔde akyɛde yi kɔmaa Paulo ne sɛ na wɔpɛ sɛ onya bere pii ka asɛm no a ɔmfa sikasɛm nhaw ne ho. Paulo buu saa akyɛde no dɛn? Ɔfrɛɛ akyɛde no “ade a ɛyɛ huam, afɔrebɔ a ɛfata na ɛsɔ Onyankopɔn ani yiye.” (Monkenkan Filipifo 4:15-19.) Paulo ani sɔɔ ayamye a Filipifo no daa no adi kyerɛɛ no no paa, na Yehowa nso ani sɔe.
14 Ɛnnɛ nso, Yehowa ani sɔ ntoboa a yeyi boa wiase nyinaa adwuma no paa. Ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛkɔ so de n’Ahenni no di kan wɔ yɛn asetena mu a, ɔde nneɛma a yehia wɔ honhom fam ne honam fam nyinaa bɛma yɛn.—Mat. 6:33; Luka 6:38.
KYERƐ ANISƆ
15. Nneɛma bɛn na woda Yehowa ase wɔ ho?
15 Sɛ yese yɛreka nneɛma a Yehowa ayɛ ama yɛn a ɛsɛ sɛ yɛda no ase a, anka adagyew bɛbɔ yɛn. So ɛnsɛ sɛ yɛda no ase da biara da wɔ nkwa a ɔde akyɛ yɛn no ho? Ɔde biribiara a ɛbɛboa yɛn na yɛakɔ so atena ase ma yɛn. Ebi ne aduan, ntade, dabere, ne mframa a yɛhome. Afei nso, yɛn gyidi a egyina Bible mu nimdeɛ a edi mũ so no ma yenya anidaso. Esiane onii kõ a Yehowa yɛ ne nea wayɛ ama yɛn nti, ɛfata sɛ yɛsom no na yɛbɔ ayeyi afɔre ma no.—Monkenkan Adiyisɛm 4:11.
16. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Kristo agyede afɔre no?
16 Adesua a edi eyi anim no, yehui sɛ Kristo agyede afɔre no ne akyɛde a ɛsom bo sen biara a Onyankopɔn de ama adesamma. Saa akyɛde yi ma yehu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn paa. (1 Yoh. 4:10) Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ? Paulo kae sɛ: “Ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn, efisɛ eyi ho na yɛabu atɛn, sɛ obiakofo wu maa obiara.” Ɔde kaa ho sɛ: “Owu maa obiara na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owu maa wɔn na wonyan no no.” (2 Kor. 5:14, 15) Nea na Paulo reka ara ne sɛ, sɛ yɛn ani sɔ adom a Onyankopɔn ayɛ yɛn no a, ɛnde yɛde yɛn asetena beyi Onyankopɔn ne ne Ba no ayɛ. Sɛ yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn ne Kristo na yɛde anigye ka asɛm no na yɛboa afoforo ma wɔbɛyɛ asuafo a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn na yɛn ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn no.—1 Tim. 2:3, 4; 1 Yoh. 5:3.
17, 18. Dɛn na ebinom ayɛ de abɔ ayeyi afɔre kɛse ama Yehowa? Ma nhwɛso?
17 So wubetumi ama ayeyi afɔre a wobɔ ma Onyankopɔn no atu mpɔn? Nnipa pii atena ase asusuw nea Yehowa ayɛ ama wɔn ho, na aka wɔn ma wɔatoto wɔn nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii de aka asɛm no, na wɔayɛ nnwuma foforo nso wɔ Yehowa ahyehyɛde mu. Ebinom tumi yɛ akwampaefo boafo ɔsram biako anaa nea ɛboro saa afe biara, na afoforo nso atumi abɛyɛ daa akwampaefo. Ebinom nso boa ma wosisi adan a wɔde som Yehowa. So eyinom nyɛ akwampa a yebetumi afa so akyerɛ anisɔ? Sɛ yɛde adwempa som Onyankopɔn, kyerɛ sɛ, sɛ yɛkyerɛ anisɔ na yɛda no ase a, n’ani bɛsɔ yɛn som.
18 Kristofo pii ahu sɛ wɔde Yehowa aseda ka na ɛno ma wɔkyerɛ anisɔ. Wɔn mu biako ne Morena. Wɔtetee no Katolek som mu nanso na ɔwɔ nsɛmmisa pii a ɛfa Onyankopɔn ho. Ɔhwehwɛɛ ne nsɛmmisa no ho mmuae wɔ Katolek som mu ne Asiafo nyansapɛ mu, nanso wanya mmuae a ɛtɔ asom. Ɛyɛ bere a ɔne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no na onyaa ne nsɛmmisa no ho mmuae. Morena kyerɛɛ anisɔ kɛse maa Yehowa efisɛ nea osuaa wɔ Bible mu no ma onyaa anigye ankasa. Enti na ɔpɛ sɛ ɔde n’ahoɔden nyinaa som no de da no ase. Bere a ɔbɔɔ asu araa pɛ no, ofii ase yɛɛ akwampaefo boafo toatoaa so. Afei bere a ne tebea maa no kwan no, ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Morena ayɛ bere nyinaa som adwuma no mfe 30 ni.
19. Dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ afɔre kɛse ama Yehowa?
19 Yehowa asomfo anokwafo pii wɔ hɔ a wɔn tebea mma wontumi nyɛ akwampaefo. Ɛmfa ho nea yebetumi ayɛ wɔ Yehowa som mu no, yɛn nyinaa betumi abɔ afɔre a ɛsɔ n’ani. Ɛsɛ sɛ yɛde Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra na yɛkae sɛ yegyina Yehowa ananmu bere nyinaa. Gyidi a yɛwɔ nti, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu awerɛhyem sɛ ɔbɛma ne bɔhyɛ nyinaa abam. Yɛnam asɛmpa a yɛka no so yɛ nnwuma pa. Nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa ho anisɔ ahyɛ yɛn koma ma. Enti momma yɛnkɔ so mfi yɛn kra nyinaa mu mmɔ afɔre mma Yehowa.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]
So Yehowa papayɛ ka wo ma wobɔ ayeyi afɔre a etu mpɔn ma no?
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Wode hokwan a wunya biara di adanse?