Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 4/1 kr. 30-31
  • Wɔmaa Mose Adwuma Titiriw Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔmaa Mose Adwuma Titiriw Bi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sodom ne Gomora Sɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yesu Saa Yare Anwonwakwan So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yesu Maa N’atiefo Ho Dwiriw Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yesu Gyinaa Sɔhwɛ Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 4/1 kr. 30-31

Mmofra Afã

Wɔmaa Mose Adwuma Titiriw Bi

Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tena na kenkan Bible no fa bua nsɛmmisa yi. Bere a worekenkan kyerɛw nsɛm no, fa no sɛ wugyina baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so no. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa.

Wɔn a wɔwom: Yehowa Nyankopɔn ne Mose

Nsɛm a wɔabɔ no mua: Yehowa de hyɛ Mose nsa sɛ onni Israelfo no anim mfi Egypt.

1 DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN EXODUS 3:1-14; 4:1-17.

Twa wura a ɛrehyew no ho mfonini wɔ w’adwenem na kyerɛkyerɛ mu.

․․․․․

Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Exodus 3:4 no, bere a Onyankopɔn frɛɛ Mose no, wohwɛ a na n’anim yɛbea te dɛn, na ɛnne bɛn na ɔde bɛkasa?

․․․․․

Sɛ wohwɛ nsɛm a Mose bisaa Yehowa wɔ Exodus 3:11, 13 ne 4:1, 10 no a, ɛnne bɛn na Mose de kasae?

․․․․․

2 DWINNWEN HO KƆ AKYIRI.

Fa nhoma a wowɔ biara hwehwɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfa asɛm a edi so yi ho: “Mɛyɛ me ho nea mepɛ sɛ meyɛ.” (Exodus 3:14) Adɛn nti na Yehowa de saa mmuae no maa Mose bere a obisaa no ne din ho asɛm no?a

․․․․․

Wususuw sɛ dɛn nti na na Mose mpɛ sɛ ɔkɔ Farao anim? (Nea ɛbɛboa wo: Kenkan Numeri 12:3.)

․․․․․

Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na Mose mpɛ sɛ ɔkɔ ne nuanom Israelfo no anim?

․․․․․

3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO  . . .

Nneɛma a ɛma nnipa bɔ hu.

․․․․․

Ahotoso a Yehowa wɔ wɔ nea wubetumi ayɛ mu.

․․․․․

AKWAN FOFORO A WUBETUMI DE ADI DWUMA.

Nneɛma bɛn na ɛma wobɔ hu wɔ asetenam?

․․․․․

Wo mmerɛwyɛ nyinaa akyi no, nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ ama Yehowa Nyankopɔn?

․․․․․

4 NSƐM YI AFÃ BƐN NA W’ANI GYE HO PAA, NA DƐN NTIA?

․․․․․

Sɛ wopɛ sɛ wotwe anaa wotintim asɛm yi a, kɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org

Sɛ wunni Bible a, bisa Yehowa Adansefo, anaa kenkan wɔ Intanɛt so wɔ www.watchtower.org

[Ase hɔ asɛm]

a Yehowa Adansefo atintim nhoma ne nhomawa pii a ebetumi aboa wo ama woayɛ nhwehwɛmu akɔ akyiri bere a woresua Bible no. Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ anaa kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena