Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 5/1 kr. 5-6
  • Yesu Buu Amanyɔsɛm Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Buu Amanyɔsɛm Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛsɛ Sɛ Nyamesomfo De Wɔn Ho Hyehyɛ Amanyɔsɛm Mu Anaa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • “M’ahenni Mfi Wiase”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Kristofo Dii Amanyɔsɛm wɔ Asomafo no Bere so Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nyamesom A Wɔde Frafra Amammuisɛm Mu—So Eyi Yɛ Onyankopɔn Apɛde?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 5/1 kr. 5-6

Yesu Buu Amanyɔsɛm Dɛn?

NSƐMPA akyerɛwfo no ka Yesu som adwuma no ho nsɛm pii a ɛma yehu sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ amanyɔsɛm ho. Ɛho nhwɛso biako ne sɛ, bere a Yesu dii mfe 30 a ɔbɔɔ asu no, ankyɛ koraa na Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛma wayɛ wiase sodifo. Akyiri yi a ofii ne som adwuma ase no, nnipakuw bi yɛe sɛ wɔrebɛkyere no ayɛ no ɔhene. Ɛno akyi nso, nkurɔfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wayɛ obi a odi amanyɔsɛm mu akoten. Dɛn na Yesu yɛe wɔ ho? Ma yɛnhwɛ saa nsɛm no.

Wiase sodifo. Nsɛmpa no ka sɛ Ɔbonsam kae sɛ ɔde “wiase ahenni nyinaa” bɛma Yesu. Sɛ Yesu bedii wiase so a, hwɛ sɛnea anka nneɛma bɛkɔ yiye ama adesamma a wɔrehu amane! Sɛ wɔde saa hokwan yi ma obi a n’ani gye amanyɔsɛm ho na odwen nnipa ho paa a, wugye di sɛ anka ɔrennye? Nanso Yesu de, wannye.—Mateo 4:8-11.

Ɔhene. Ná Yesu bere so nnipa no pii ani abere repɛ ɔhene a obetumi ama wɔn sikasɛm ne wɔn amanyɔsɛm ayɛ yiye. Nneɛma a Yesu tumi yɛe nti, na nkurɔfo no pɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ amanyɔsɛm mu. Dɛn na ɔyɛe? Asɛmpa kyerɛwfo Yohane ka sɛ: “Yesu hui sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyere no yɛ no ɔhene no, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔhyɛɛ bepɔw no so bio.” (Yohane 6:10-15) Yehu pefee sɛ Yesu ampɛ sɛ ɔde ne ho hyehyɛ amanyɔsɛm mu.

Obi a odi amanyɔsɛm mu akoten. Aka nna kakra ama wɔakum Yesu no, biribi sii a yebetumi ahyɛ no nsow. Farisifo asuafo a na wɔrepɛ ahofadi afi Roma Ahemman ho no, wɔne Herodefo a wɔyɛ amanyɔfo a wogyina Romafo akyi no kɔɔ Yesu hɔ. Ná wɔpɛ sɛ wɔyɛ ara ma Yesu kogyina amanyɔkuw bi akyi. Enti wobisaa no sɛ ɛsɛ sɛ Yudafo tua tow ma Romafo anaa.

Marko kyerɛw mmuae a Yesu de mae no sɛ: “‘Dɛn nti na moresɔ me ahwɛ? Momfa denare no bi mmrɛ me na menhwɛ.’ Wɔde biako bae. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Hena mfonini ne ne nkyerɛwee ni?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Kaesare de.’ Ɛnna Yesu kae sɛ: ‘Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.’” (Marko 12:13-17) Nhoma bi kyerɛ nea enti a Yesu maa saa mmuae no. Ɛka sɛ: “Wanyɛ ne ho amanyɔsɛm mu agyeman, mmom ɔyɛɛ ahwɛyiye de ɔhye too Kaesare ne Onyankopɔn ntam.”—Church and State—The Story of Two Kingdoms.

Kristo ammu n’ani angu nneɛma bɔne bi te sɛ ohia, ɔporɔw ne nsisi so. Mmom no, Bible ma yehu sɛ onyaa atenka maa nnipa a ohuu wɔn a na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no. (Marko 6:33, 34) Nanso ɛmfa ho sɛ ebinom bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Yesu de ne ho agyigye nsɛmnsɛm a ɛrekɔ so no mu no, Yesu amfa ansi n’ani so sɛ obetu wiase haw ase.

Nhwɛso a yɛaka ho asɛm yi kyerɛ pefee sɛ Yesu ampɛ sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ amanyɔsɛm mu. Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena