Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 11/15 kr. 20
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sigyadi—Asetra Kwan a Ennye Asabawmu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Ma Onnye”
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Fa Wo Sigyadi Di Dwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Asigyafo a Wɔwɔ Abotɔyam Wɔ Yehowa Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 11/15 kr. 20

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Mateo 19:10-12 no, so na ɔrepɛ akyerɛ sɛ, sɛ obi si gyinae sɛ ɔrenware a, na ne sigyadi no yɛ akyɛde a wɔde adom no anwonwakwan so?

Hwɛ nea ɛmaa Yesu kaa sigyadi ho asɛm no. Farisifo bi kɔɔ Yesu nkyɛn, na wɔkɔfaa awaregyae ho asɛm bae. Yesu ma wohuu Yehowa adwene wɔ aware ho pefee. Ɛwom sɛ Mose Mmara no kae sɛ, sɛ ɔbarima hu sɛ ne yere “ayɛ biribi a enye” a obetumi akyerɛw awaregyae krataa ama no de, nanso ɛnyɛ saa na na ɛte mfiase no. (Deut. 24:1, 2) Enti Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.”—Mat. 19:3-9.

Bere a asuafo no tee asɛm no, wɔkae sɛ: “Sɛ saa na asɛm no te wɔ ɔbarima ne ne yere ntam a, ɛnde ɛnyɛ papa sɛ wɔware.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wotumi gye asɛm yi, gye wɔn a wɔwɔ akyɛde no nkutoo. Ayitotofo bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn saa fi wɔn maame yam, na ayitotofo bi wɔ hɔ a nnipa na ayɛ wɔn ayitotofo, na ayitotofo bi nso wɔ hɔ a ɔsoro ahenni no nti na wɔayɛ wɔn ho ayitotofo. Obiara a obetumi agye eyi atom no, ma ɔnyɛ saa.”—Mat. 19:10-12.

Ayitotofo bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn saa, ebi nso fi akwanhyia. Afoforo nso nnipa na ahyɛ da ayɛ wɔn saa. Nanso ebinom de, wɔn ankasa na wɔayɛ wɔn ho ayitotofo. Saafo no betumi aware nanso “ɔsoro ahenni no nti,” wɔhyɛ wɔn ho so di sigya. Wosi gyinae sɛ wobedi sigya na wɔanya bere pii ayɛ Ahenni adwuma no sɛnea Yesu yɛe no. Wɔamfa sigyadi anwo wɔn, na saa ara nso na wɔannya no anwonwakwan so. Mmom wɔn ankasa na wɔasi gyinae sɛ wobedi sigya.

Ɔsomafo Paulo kaa biribi too Yesu asɛm no so. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, sɛ Kristoni bi aware oo, ɔnwaree oo, wɔn nyinaa betumi asom Onyankopɔn ma asɔ n’ani. Nanso, asigyafo a ‘wɔasi gyinae wɔn koma mu’ no “ayɛ no yiye.” Ɔkwan bɛn so? Obi ware a, ɛsɛ sɛ onya bere ma ne hokafo na ɔyɛ nneɛma bi boa no de sɔ n’ani. Nanso Kristofo a wɔyɛ asigyafo de, wotumi de wɔn ho ma Awurade adwuma a biribiara ntwitware wɔn akwan mu. Wobu sigyadi sɛ “akyɛde” a efi Onyankopɔn hɔ.—1 Kor. 7:7, 32-38.

[Kratafa 20 mfonini]

Enti Bible nka sɛ sigyadi yɛ akyɛde a wɔde dom Kristoni anwonwakwan so. Mmom ɔno ankasa na osi gyinae sɛ obedi sigya na ama wayɛ pii wɔ Ahenni adwuma no mu a biribiara ntwetwe no. Eyi na ama ɛnnɛ nnipa pii abɔ wɔn tirim pɔw sɛ wobedi sigya, na ɛsɛ sɛ afoforo hyɛ wɔn nkuran.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena