Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 12/1 kr. 21
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mone Asase So Nkyene”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Momma Yemmisa Yesu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 12/1 kr. 21

So Wunim?

Bere a Yesu kae sɛ nkyene ahoɔden tumi fi mu no, na ɔboa anaa?

Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mone asase so nkyene, na sɛ nkyene ahoɔden fi mu a, ɛbɛyɛ dɛn na asan anya n’ahoɔden bio? Wɔrentumi mfa nyɛ hwee bio gye sɛ wɔtow gu abɔnten ma nnipa tiatia so.” (Mateo 5:13) Wɔde nkyene kora nneɛma so na ansɛe. Enti Yesu mfatoho no kyerɛ sɛ n’asuafo no betumi aboa ebinom na wɔn som ne wɔn abrabɔ ansɛe, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nso.

[Kratafa 21 mfonini]

Po a Awu no ano nkyene

Asɛm a Yesu kae sɛ nkyene ahoɔden betumi ayera no, nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Po a Awu ho nkyene no, na nneɛma bi frafra mu; enti nkyene no tumi nan fi ho ma ɛka saa nneɛma no, na ɛba saa a ɛnyɛ dɛ bio.” (The International Standard Bible Encyclopedia) Enti ntease wom sɛ Yesu kae sɛ nea ɛbɛka no “wɔrentumi mfa nyɛ hwee bio gye sɛ wɔtow gu abɔnten.” Nhoma no ka kaa ho sɛ: “Ɛwom, nkyene a na wonya fi Po a Awu mu no, na ɛnyɛ papa te sɛ nkyene a ɛwɔ po a aka mu no, nanso na ne nya nyɛ den koraa (efisɛ na wotumi sesaw bi wɔ mpoano hɔ ara), enti ɛhɔ paa na na Palestinafo nya wɔn nkyene.”

Bere a Yesu de drakma biako a ɛyerae yɛɛ mfatoho no, n’atiefo no tee ase dɛn?

[Kratafa 21 mfonini]

Drakma mfonini

Yesu maa mfatoho bi sɛ ɔbea bi a ɔwɔ drakma du a biako yerae no, ɔsɔɔ kanea na ɔtɔɔ ne bo ase prapraa fie hɔ kosii sɛ ohui. (Luka 15:8-10) Yesu bere so no, na drakma biako yɛ da koro akatua, enti sɛnea ɔde yɛɛ mfatoho no, sɛ obi sika saa yera a, na wahwere ade kɛse. Nanso, nneɛma foforo wɔ hɔ a enti yebetumi aka sɛ nea Yesu kae no, na ɛtaa si.

Nhwehwɛmu nhoma bi kyerɛ sɛ, saa bere no na mmea taa de sika yɛ agude. Enti nea Yesu kaa ho asɛm no, na ebetumi ayɛ sika a ɛka ɔbea abusua agyapade anaa ne mporompranne ho. Sɛnea ɛte biara no, sɛ ɔbea wɔ drakma du na biako yera a, na ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ ɔbɛhwehwɛ ara kosi sɛ obehu.

Afei nso sɛnea na wɔtaa si dan wɔ Yesu bere so no, na ɔhyew ne hann mma dan mu pii. Sɛ wɔbɛyɛ mpomma koraa a, na ɛnnɔɔso. Ná wɔtaa de sare sɛm fam hɔ. Sɛ sika tɔ fam a, na ne hwehwɛ yɛ den. Bible mu nkyerɛkyerɛmufo bi ka sɛ: “Ɛno nti sɛ ade ketewa bi te sɛ sika tɔ baabi a ɛte saa a, ɔkwan pa a wɔbɛfa so ahwehwɛ ara ne sɛ wɔbɛsɔ kanea na wɔapra fie hɔ nyinaa ahwehwɛ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena