Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 2/15 kr. 30
  • Ofi Kaiafa Abusua Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ofi Kaiafa Abusua Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Tetefo Nneɛma A Wɔatutu Fam ahu Di Yesu Asetra Ho Adanse?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ɔsɔfopɔn A Obuu Yesu Fɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Wɔde Yesu Kɔɔ Anas Hɔ San De no Kɔɔ Kaiafa Hɔ
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Bere a Wonyan Lasaro
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 2/15 kr. 30

Ofi Kaiafa Abusua Mu

Baabi a na wɔde nnaka a nnompe wom sisi

Ɛtɔ bere bi a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma mu hu biribi a ɛkyerɛ sɛ obi a Bible ka ne ho asɛm tenaa ase ankasa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, afe 2011 mu no, Israelfo nhomanimfo huu biribi a edi adanse sɛ Bible mu nipa bi tenaa ase, na wɔde too gua. Na ɛyɛ adaka fɛfɛɛfɛ bi a wɔakora so mfe 2,000; wɔde obi a wawu nnompe na egu mu.

Nea wɔakyerɛw wɔ adaka no ho ni: “Miriam, Maasia sɔfo Kaiafa a ofi Beth ʹImri babarima Yeshua babea.” Bere a wodii Yesu asɛm kum no no, na Yuda sɔfo panyin Kaiafa di mu akoten. (Yoh. 11:48-50) Abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kae sɛ ɔno ne “Yosef a wɔsan frɛ no Kaiafa” no. Ɛbɛyɛ sɛ na adaka no yɛ ne busuani bi dea. Na wɔadi kan ahu adaka no bi dedaw a wosusuw sɛ ɛyɛ ɔsɔfo panyin no ankasa dea. Na wɔakyerɛw ho Yehosef bar Caiapha, anaa Kaiafa babarima Yosef.a Enti ɛbɛyɛ sɛ na Miriam yɛ Kaiafa busuani.

Israel asoɛ a ɛhwɛ tete nneɛma so bɔ amanneɛ sɛ wogyee adaka a Miriam nnompe wom no fii akorɔmfo bi nsam. Ná akorɔmfo no akɔfa afi ɔdamoa bi mu. Sɛ wohwɛ adaka no ne ɛho nkyerɛwee a, ɛda adi sɛ ɛyɛ Miriam dea ampa.

Miriam adaka no ma yehu biribi foforo nso. Ɛka “Maasia” ho asɛm. Ná Maasia ne asɔfokuw a ɛto so 24 a wɔsom wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. (1 Be. 24:18) Israel asoɛ a ɛhwɛ tete nneɛma so no kae sɛ nsɛm a egu adaka no ho da no adi sɛ “na Kaiafa abusua no ne Maasia asɔfokuw no bɔ abusua.”

Wohuu Beth ʹImri nso din wɔ adaka no ho. Asoɛ no kae sɛ ebia “Beth ʹImri yɛ asɔfo abusua bi din. Wɔn na wɔsan frɛ wɔn sɛ Imer mma no. (Esra 2:36, 37; Neh. 7:39-42) Na saa abusua no asefo ne Maasia asɔfokuw no.” Asoɛ no san kae sɛ ebetumi aba nso sɛ Beth ʹImri yɛ “baabi a Miriam anaa n’abusua fi.” Sɛ saa na ɛte oo, sɛ ɛnte saa oo, nea yenim ne sɛ Miriam adaka no ma yenya adanse a ɛkyerɛ sɛ nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no yɛ nnipa a wɔtenaa ase ankasa a na wɔda abusua mu.

a Sɛ wopɛ adaka a wɔde Kaiafa nnompe guu mu ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban, January 15, 2006, kratafa 10-13. N’asɛmti ne “Ɔsɔfopɔn a Obuu Yesu Fɔ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena