Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 3/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti Na Wɔfrɛ Yesu Sɛ Onyankopɔn Ba?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Adɛn na Onyankopɔn Somaa Yesu Baa Asase So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 3/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Adɛn nti na wɔfrɛ Yesu Onyankopɔn Ba?

Onyankopɔn nni yere a ɔne no wo mma. Ɔno na nkwa nyinaa fi no. Wɔbɔɔ onipa ɔkwan bi so a wobetumi asuasua Onyankopɔn. Ɛno nti, Adam, onipa a odi kan a Onyankopɔn bɔɔ no no, wɔfrɛ no “Onyankopɔn ba.” Yesu nso wɔfrɛ no “Onyankopɔn Ba no,” efisɛ ɔwɔ n’Agya suban no bi.—Kenkan Luka 3:38; Yohane 1:14, 49.

Bere bɛn na wɔbɔɔ Yesu?

Onyankopɔn bɔɔ Yesu ansa na ɔrebɔ Adam. Nea ɛwom ne sɛ, Onyankopɔn bɔɔ Yesu, na ɔnam ne so yɛɛ biribiara a aka; abɔfo nso ka ho. Ɛno nti Bible frɛ Yesu sɛ Onyankopɔn “abɔde nyinaa mu abakan.”—Kenkan Kolosefo 1:15, 16.

Ansa na wɔrewo Yesu wɔ Betlehem no, na ɔyɛ honhom abɔde wɔ soro. Bere soe no, Onyankopɔn yii Yesu nkwa fii soro bɛhyɛɛ Maria yam ma ɔwoo no sɛ onipa.—Kenkan Luka 1:30-32; Yohane 6:38; 8:23.

Adɛn nti na Onyankopɔn ma wɔwoo Yesu baa asase so? Adwuma titiriw bɛn na Yesu yɛe? Wubetumi anya saa nsɛmmisa no ho mmuae wɔ Bible mu, na ɛbɛboa wo ama woate nea Onyankopɔn ne Yesu ayɛ ama wo no ase, na woakyerɛ ho anisɔ.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 4. Yehowa Adansefo na wotintimii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena