Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 5/1 kr. 7
  • Wode Wo Ho Bɛto Onyankopɔn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wode Wo Ho Bɛto Onyankopɔn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti na Ebinom Se Onyankopɔn Tirim Yɛ Den?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Onyankopɔn To Nsa Frɛ Wo Sɛ Bɛyɛ N’adamfo
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Wudwen Ho Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 5/1 kr. 7

Wode Wo Ho Bɛto Onyankopɔn So?

FA NO sɛ wowɔ adamfo bi a wopɛ n’asɛm paa, nanso wayɛ biribi a wonte ase. Ebinom kasa tia no, na wodwen bɔne ma no; wɔka sɛ w’adamfo no yɛ otirimɔdenfo. Sɛ ɛba saa a, wo nso wobɛkasa atia no, anaa anka wobɛtwɛn atie n’ano asɛm? Afei fa no sɛ onni hɔ a ɔbɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu. Wobɛkɔ so anya ne ho adwempa kosi sɛ asɛm no mu nokware bɛda adi?

Ansa na wobɛma asɛm yi ho mmuae no, ebehia sɛ wohwehwɛ mu yiye. Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Enti m’adamfo yi, minim no yiye paa? Dɛn na mahu wɔ ne ho a ɛma mepɛ n’asɛm?’ Woyɛ saa a ɛyɛ ne kwan so. Ɛnde, wunnye nni sɛ yebetumi de saa ntease no ara bi ahwehwɛ mu ahu sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den anaa ne tirim nyɛ den?

Nneɛma a Onyankopɔn ayɛ no, ɛnyɛ ne nyinaa na wobɛte ase; ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wama kwan ama nneɛma bi asisi. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔbɛka akyerɛ wo sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den, na wɔbɛyɛ ara sɛ wo nso wubedwen adwemmɔne ama no sɛnea wɔyɛ no. Wubenya ntoboase ahwehwɛ asɛm no mu ansa na woaka ho biribi anaa? Sɛ wubetumi aka asɛm no ho biribi a, gye sɛ wunim Onyankopɔn yiye paa. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn paa na ɛma mepɛ Onyankopɔn asɛm?’

Sɛ asetena ayɛ den ama wo a, anhwɛ a wobɛka sɛ Onyankopɔn mpɛ w’asɛm koraa. Nanso bisa wo ho sɛ amane a worehu ne nneɛma pa a wunya no, emu nea ɛwɔ he na efi Onyankopɔn? Sɛnea yɛaka dedaw no, Satan ne “wiase yi sodifo,” na ɛnyɛ Yehowa. (Yohane 12:31) Awerɛhow ne amanehunu a ɛwɔ wiase no bebree wɔ hɔ a, Satan na akɔfa aba. Afei nso wunnye nni sɛ ɛtɔ da bi a yɛn ankasa mfomso ne sɛnea nneɛma tumi sesa prɛko pɛ no ka ho bi na yehu amane?

Amane a worehu ne nneɛma pa a wunya no, emu nea ɛwɔ he na efi Onyankopɔn?

Onyankopɔn nso ɛ? Dɛn na wayɛ? Bible ka sɛ Onyankopɔn ne “ɔsoro ne asase Yɛfo”; ɛsan ka sɛ nneɛma a wayɛ no bi ne yɛn nipadua, na ɔyɛ ‘ma ɛyɛɛ nwonwa.’ Ɛsan ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam.” (Dwom 124:8; 139:14; Daniel 5:23) Eyi nyinaa kyerɛ dɛn?

Ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no na ɔma yɛhome da biara, na ne nti na yɛte ase. (Asomafo Nnwuma 17:28) Ɛkyerɛ nso sɛ nneɛma pa a yɛwɔ nyinaa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ; ebi ne yɛn nkwa ne wiase fɛfɛ a yɛte mu yi; ebi nso ne sɛ yɛwɔ adɔfo ne nnamfo a wɔma yɛn ani gye, yɛwɔ tɛkrɛma a yɛde ka ade hwɛ, nsa a yɛde so ade mu, asõ a yɛde te asɛm, na yɛwɔ hwene nso a yɛde te ade hua. (Yakobo 1:17) Wunnye ntom sɛ saa nneɛma pa a ɔde ama yɛn no kyerɛ sɛ ɔyɛ Adamfo pa a yebetumi de yɛn werɛ ahyɛ ne mu na yɛadi no ni?

Ɛwom, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubenya Onyankopɔn mu gyidi. Ebia na wunnim no papa a ɛbɛma woatumi agye no adi. Ntease wom. Nneɛma a ɛma ebinom te nka sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den no, ɛnyɛ ne nyinaa na yɛatumi aka ho asɛm wɔ nhoma yi mu. Nanso wunnye ntom sɛ wuhu Onyankopɔn yiye a, ɛbɛboa wo?a Yɛwɔ awerɛhyem paa sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woahu Onyankopɔn ho nokwasɛm. Ɔyɛ otirimɔdenfo anaa? Dabi. Nea ɛwom ne sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.”—1 Yohane 4:8.

a Sɛ wopɛ a, wubetumi akenkan nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 11. Ɛbɛma woahu nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan. Yehowa Adansefo na wotintim nhoma no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena