Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 6/1 kr. 3-4
  • Ɔtan Hunu—Ɛyɛ Amansan Haw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔtan Hunu—Ɛyɛ Amansan Haw
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ADIDI NNIPA MU
  • Ɔtan Hunu Befi Wiase—Da Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ɔtanhunu—Saa Suban No Bi Wɔ Wo Ho Anaa?
    Nyan!—2020
  • Afoforo wɔ wo ho Adwemmɔne?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Momma Yɛn Nyinaa Nyɛ Baako Sɛnea Yehowa Ne Yesu Yɛ Baako No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 6/1 kr. 3-4

ASƐM A ƐDA SO: ƆTAN HUNU BEFI WIASE​—DA BƐN?

Ɔtan Hunu​—Ɛyɛ Amansan Haw

JONATHAN yɛ Koreani a wɔwoo no wɔ Amerika. Ɔyɛ abofra no, na nkurɔfo hwɛ n’anim ne baabi a ofi bu no atɛnkan anaa wɔtan no kwa, enti bere a onyinii no, otu kɔtenaa baabi foforo. Ɔkɔyɛɛ dɔkota wɔ kurow ketewa bi so; ɛwɔ Alaska atifi fam wɔ U.S.A. Ɛhɔ de, na sɛnea ɔte wɔ nipadua mu no te sɛ nnipa bebree a ɔhwɛ wɔn yare no. Baabi a okopuei no, na awɔw no ano yɛ den, nanso awɔw ne ɔtan hunu de, ɛfanim awɔw, na ɛyɛɛ no sɛ afei de wafi ɔtan hunu no mu.

Nanso bere bi ɔhwɛɛ ɔbea bi a wadi mfe 25 yare, na nea esii no ma ohui sɛ ne haw no mfii hɔ. Ná ɔbea no atɔ mum, na bere a n’ani so tetew no no, ɔhwɛɛ Jonathan anim kaa asɛm yayaayaw bi de kyerɛe sɛ okyi Koreafo kɔkɔkɔkɔ. Asɛm no hyee Jonathan paa, na ɛkaee no sɛ mmɔden a wabɔ sɛ ɔreguan ɔtan hunu no, ne nyinaa ayɛ kwa.

Nea ɛtoo Jonathan no ma yehu awerɛhosɛm a ɛrekɔ so. Ɔtan hunu wɔ wiase baabiara, gye sɛ baabi a nnipa nte.

Nnipa dodow no ara ka sɛ ɔtan hunu nyɛ adepa, nanso abu so wɔ baabiara, enti ɛma asɛm no yɛ nwonwa. Sɛ nnipa ani nnye ho de a, ɛnde adɛn nti na abu so saa? Nea ɛwom ara ne sɛ, nnipa pii ka sɛ wɔmpɛ ɔtan hunu, nanso wɔn ankasa nso, ebi wɔ wɔn mu a wonnim. Wo nso, saa na wote anaa? Wubebua saa asɛm no sɛn?

DƐN NE ƆTAN HUNU?

Nhwehwɛmufo mpo ntumi nkyerɛkyerɛ ɔtan hunu anaa atɛnkan mu yiye. Ebinom kyerɛ sɛ “ɛyɛ adwemmɔne anaa nneyɛe a ɛmfata a yɛda no adi kyerɛ ebinom esiane nnipa ko a wɔyɛ nti.” Ebinom nso se, “sɛ yennim” nnipa bi yiye a, ɛma “yebu wɔn atɛn ansa na yɛahu wɔn yiye.” Sɛnea ɛte biara no, obi betumi ahwɛ obi abusua a ofi mu, ne kɛse, sɛ́ ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima, kasa a ɔka, asɔre a ɔkɔ anaa biribi foforo biara ho atan no kwa.

ADIDI NNIPA MU

Sɛ yenim oo, sɛ yennim oo, ɛyɛ den sɛ yebehu sɛ ɔtan hunu kakra wɔ yɛn koma mu. Bible kyerɛkyerɛ mu ma yehu nea enti a ɛte saa. Ɛka sɛ: “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa.” (Yeremia 17:9) Enti anhwɛ a, yɛbɛdaadaa yɛn ho aka sɛ yɛpɛ nnipa nyinaa asɛm. Anyɛ saa nso a, yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ, sɛ yɛmpɛ nnipa bi asɛm a, na ɛwɔ ase.

Sɛ wuhyia tebea bi sei a, wobɛte nka dɛn?

Sɛ wuhyia tebea bi sei a, wobɛte nka dɛn?

Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ yedwen adwemmɔne ma nkurɔfo no, fa no sɛ wo nko ara wonam abɔnten anadwo, ɛnna wuhui sɛ mmarima akantinka baanu bi a wunnim wɔn reba, na obiako de, wohwɛ a ayɛ sɛ okura biribi.

Ɛba saa a, w’adwene bɛyɛ wo sɛ wonya wo a, wɔbɛyɛ wo biribi anaa? Ampa, ebia ahu-bi-pɛn nti, wobɛhwɛ yiye. Nanso wohwɛ a, nea asi pɛn nti, ɛkyerɛ ampa sɛ saa mmarima baanu yi nso bɛyɛ wo biribi? Asɛmmisa a ɛbɛma woahu nea ɛwɔ wo komam paa ne sɛ, Mmarima baanu no, w’adwene yɛ wo sɛ wɔyɛ hefo? Mmuae a wobɛma no bɛma nea ɛwɔ wo komam ada adi, na ɛbɛma woahu sɛ ɔkwan bi so no, wo nso ebia wubu nkurɔfo atɛnkan anaa ɔtan hunu wɔ wo mu.

Sɛ yɛbɛka nokware a, ɔkwan bi so no, ɔtan hunu wɔ obiara mu, na yɛn nyinaa bu nkurɔfo atɛnkan wɔ yɛn komam. Bible mpo ma yehu sɛ atɛnkan kakra wɔ obiara mu. Ɛka sɛ: “Onipa de, nea ohu na ogyina so bu ne yɔnko atɛn.” (1 Samuel 16:7, Contemporary English Version) Yɛn nyinaa yɛ nnipa, enti saa su no bi wɔ yɛn mu, na ɛtaa kowie bɔne. Ɛnde asɛm no ne sɛ, anidaso bi wɔ hɔ sɛ yebetumi ayi ɔtan hunu afi yɛn abrabɔ mu anaa? Enti bere bi bɛba a, ɔtan hunu befi wiase koraa?

ƆTAN HUNU YƐ AMANSAN HAW

Canada: “Ɛwom, [ɔman no] gye nnipa nyinaa tom na wɔahyehyɛ mmara bebree wɔ hɔ a wɔde bɔ nnipa ahorow ahorow no fahodi ho ban, nanso nnipa mu nyiyim da so yɛ ɔhaw wɔ ɔman no mu.”—Canada ho amanneɛbɔ a Amnesty International de too gua afe 2012.

Europe: “Yeyi Europefo 100 a, emu 48 gye di sɛ wɔn mpanyimfo nhyɛɛ da nyɛɛ ade kɛse biara a ɛbɛma nnipa mu nyiyim agyae.”—Europe amanneɛbɔ bi a ɛfa nnipa mu nyiyim ne ɔtan hunu ho; wɔde too gua afe 2011.

Africa: “Atirimɔdensɛm ne nyiyim a wɔyɛ tia mmea ayɛ koankorɔ wɔ aman pii so.”—Amnesty International amanneɛbɔ a wɔde too gua afe 2012.

Nepal: “Dalitsfo yɛ nkurɔfo bi a wobu wɔn famfamfo ma wɔyɛ nkurutudwuma; wɔyɛ nyiyim tia wɔn paa, ɛnkanka sikasɛm mu, abrabɔ ne asetenam nsɛm mu.”—Human Rights Watch amanneɛbɔ bi a wɔde too gua afe 2012.

Europe Apuei: “Romanifo a wɔwɔ Europe apuei fam no, wɔkɔ obi kurom na ade bɔne biara si a, wɔde hyɛ wɔn, na wɔba wɔn ankasa kurom nso a, ɔtan hunu de, wɔfa no kwa. Nanso amanyɔfo no nyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ biribi de aboa wɔn.”—The Economist, September 4, 2010.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena