Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 6/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɔsoro Asomdwoe Ma Wɔn A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Adɛn Nti Na Nipa Ne Ne Yɔnko Ntumi Ntena Asomdwoe Mu?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 6/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Wiase nyinaa asomdwoe—adɛn nti na abɔ nnipa saa?

Aban a ebetumi asesa nnipa koma no, ɛno nkutoo na ebetumi de asomdwoe aba wiase baabiara

Aban a ebetumi asesa nnipa koma no, ɛno nkutoo na ebetumi de asomdwoe aba wiase baabiara

Bible ma yehu sɛ efi nneɛma abien. Nea edi kan, ɛwom sɛ nnipa atumi ayɛ nneɛma akɛse pii de, nanso wɔammɔ nnipa sɛ wɔn ankasa ntutu wɔn anammɔn. Nea ɛto so abien, nnipa nhyehyɛe adi nkogu efisɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo” Satan Ɔbonsam tumi mu. Ɛno nti na nnipa ayɛ ayɛ ara nso wontumi mfaa asomdwoe mmaa wiase no.—Kenkan Yeremia 10:23; 1 Yohane 5:19.

Ade foforo nso a ama asomdwoe abɔ yɛn ne sɛ nnipa yɛ pɛsɛmenkominya na wɔpɛ tumi. Sɛ asomdwoe betumi aba wiase baabiara a, gye sɛ yenya aban a ebetumi akyerɛkyerɛ nkurɔfo ama wɔadɔ adetrenee adwen nnipa ho.—Kenkan Yesaia 32:17; 48:18, 22.

Hena na ɔde asomdwoe bɛba asase so?

Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma aban biako pɛ adi nnipa nyinaa so. Saa aban no besi nnipa nniso ananmu. (Daniel 2:44) Saa aban no ba a, Onyankopɔn Ba Yesu na obedi ade, na ɔbɛyɛ Asomdwoe Hene. Obeyi bɔne afi asase so baabiara, na ɔbɛkyerɛ nnipa asomdwoe kwan.—Kenkan Yesaia 9:6, 7; 11:4, 9.

Seesei mpo, nnipa mpempem pii wɔ wiase a Yesu de adwuma ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa Onyankopɔn Asɛm Bible no nkyerɛkyerɛ nkurɔfo, na ama wɔahu sɛnea wɔne wɔn yɔnko nnipa bɛtena asomdwoe mu. Ɛrenkyɛ, asomdwoe bɛba wiase nyinaa.—Kenkan Yesaia 2:3, 4; 54:13.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 3. Yehowa Adansefo na wotintimii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena