Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 9/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ama W’abusua Anya Anigye?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Bɔ W’aware Ho Ban
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Anigye a Wubenya Wɔ Aware Akyɛde No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 9/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Dɛn na ɛbɛma awarefo ani agye?

Yehowa Nyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware, enti sɛ awarefo de n’afotu a ɛwɔ Bible mu yɛ adwuma a, ɛbɛma wɔn ani agye. Bible kyerɛkyerɛ yɛn ma yenya suban a ebetumi ama anigye aba aware mu, na ɛma yehu suban a ebetumi asɛe aware no. Afei nso ɛkyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛbɔ nkɔmmɔ ama anigye aba aware mu.​—Kenkan Kolosefo 3:8-10, 12-14.

Ɛsɛ sɛ ɔbarima di ne yere ni na obu no, na ɛsɛ sɛ ɔbea no nso yɛ ne kunu saa ara. Onyankopɔn akyerɛ nea ɛsɛ sɛ obiara yɛ wɔ aware mu, na sɛ obiara yɛ ne fam de a, ɛbɛma anigye aba aware no mu.​—Kenkan Kolosefo 3:18, 19.

Dɛn na ɛma aware tim?

Sɛ awarefo dodɔ wɔn ho a, ɛbɛma aware no atim. Onyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn ma yehu sɛnea yɛbɛdodɔ yɛn ho. Ɔne ne Ba Yesu ayɛ nhwɛso a edi mu de akyerɛ yɛn sɛnea yekum yɛn ho ma nnipa de kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.​—Kenkan 1 Yohane 4:7, 8, 19.

Sɛ awarefo gye tom sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware a, wɔrennyae aware. Bere a Onyankopɔn hyehyɛɛ aware no, ɔyɛe sɛ, sɛ ɔbarima nya ware ɔbea a, ɛsɛ sɛ wɔtena daa na abɔ abusua no nyinaa ho ban. Aware betumi atim, efisɛ Onyankopɔn bɔɔ mmea kaa mmarima ho sɛ obiara mmoa ne yɔnko. Afei nso ɔbɔɔ wɔn nyinaa wɔ ne suban so, enti wobetumi asuasua ne dɔ no.​—Kenkan Genesis 1:27; 2:18, 24.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 14. Yehowa Adansefo na wotintimii

Wubetumi atwe bi afi Intanɛt so wɔ www.jw.org

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena