Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 12/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • So Onyankopɔn De Aban Biako Bɛba Wiase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Wɔ Onyankopɔn Ahenni Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 12/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Kristo mmae no atirimpɔw ne sɛn?

Ansa na Yesu Kristo rekɔ soro afe 33 Y.B. no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsan aba. Ɔmaa mfatoho bi kyerɛe sɛ ɔte sɛ ɔdehye bi a otuu kwan kɔhyɛɛ mu kyɛe, na ɔsan bae no, na wanya tumi a ɔde rebedi hene. Enti Yesu mmae no atirimpɔw ne sɛ, ɔde aban papa rebrɛ nnipa.​—Kenkan Luka 19:11, 12.

Yesu de aban papa bɛbrɛ nnipa

Nipadua bɛn na na Kristo de bɛba? Owui no, Onyankopɔn nyanee no ma ɔbɛyɛɛ honhom abɔde a yɛmfa yɛn ani nhu no. (1 Petro 3:18) Afei ɔkɔɔ soro kɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa. (Dwom 110:1) Akyiri yi, Yehowa Nyankopɔn, “Nea ne nna akyɛ” no, maa Yesu begyinaa n’anim, na ɔmaa no tumi a ɔde bedi nnipa so. Enti Yesu ansan amma sɛ onipa; mmom ɔbae no, na ɔyɛ Ɔhene wɔ soro.​—Kenkan Daniel 7:13, 14.

Sɛ Yesu san ba a, dɛn na ɔbɛyɛ?

Sɛ Yesu san ba a n’abɔfo ka ne ho a, obebu nnipa atɛn. Ɔbɛsɛe amumɔyɛfo, na wɔn a wogye no tom sɛ Ɔhene no, wama wɔn daa nkwa.​—Kenkan Mateo 25:31-33, 46.

Sɛ Yesu bedi asase so hene a, ɔbɛma asase adan paradise. Obenyan awufo asan aba nkwa mu abɛtena saa Paradise asase no so ma wɔn ani agye.​—Kenkan Luka 23:42, 43.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi kratafa 73-85. Yehowa Adansefo na wotintimii

Wubetumi atwe bi afi Intanɛt so wɔ www.jw.org

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena