Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 1/1 kr. 4-5
  • Onipa Pere Nkwatenten

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onipa Pere Nkwatenten
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ENTI YEBETUMI ADI OWU SO NKONIM?
  • Nnipa Betumi Adi Nna Ahe?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Dɛn Na Ɛbɛma Yɛn Tamfo Owu Afi Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Wubetumi Atra Ase Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Wobedi “Ɔtamfo a Odi Akyiri” no so Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 1/1 kr. 4-5
Egypt Farao

ASƐM A ƐDA SO | SƐ NNIPA WU A NA ASA?

Onipa Pere Nkwatenten

China Ɔhempɔn Qin Shi Huang ne Spaini kwantuni Juan Ponce de León

ƆHEMPƆN QIN SHI HUANG

ƆKWANTUNI PONCE DE LEÓN

Owu yɛ ɔtamfo a ne ho yɛ hu paa, na yɛyɛ nea yebetumi biara de pɛ ano aduru. Sɛ ɛfa yɛn ho nipa bi a, ɛyɛ a yennye nni. Afei nso, yesi so a, ɛyɛ yɛn sɛ yɛrenwu da, na yegye yɛn ho akyinnye kosi sɛ ɛbɛto yɛn.

Nnipa a na nkwatenten hia wɔn paa ne Egypt ahemfo. Wɔne wɔn adwumayɛfo nyinaa de bere pii hwehwɛɛ owu aduru. Piramid a wosisii no kyerɛ ampa sɛ na wɔmpɛ sɛ wobewu, nanso anyɛ yiye.

China ahemfo nso faa ɔkwan foforo so sɛ wɔbɛtena ase daa, enti na wɔnonom nsu ne nnuru bi de pɛ nkwatenten. Ɔhempɔn Qin Shi Huang ka kyerɛɛ nyansahufo a wɔwɔ ne man mu sɛ wɔnhwehwɛ nnuru bi a wɔde bɛpam owu. Nanso nnuru a wɔfrafrae no pii wɔ hɔ a, na awuduru kakra wom, enti ebetumi aba sɛ saa nnuru no ara bi na ekum no.

Bɛyɛ mfe 500 ni no, Juan Ponce de León a ofi Spain no de suhyɛn tuu kwan kɔɔ Caribbean sɛ ɔrekɔhwehwɛ onyin aduru. N’akwantu no mu na okohuu Florida, U.S.A., nanso mfe bi akyi no, ɔne Amerika kuro mma no nyaa ntɔkwaw, na ɛno akyi na owui. Efi hɔ no, obiara nhuu onyin aduru biara.

Yɛahu sɛ ahempɔn, Egypt ahemfo, ne nnipa a wotu kwan kɔhwehwɛ nsase, wɔn nyinaa hwehwɛɛ owu aduru. Sɛ yɛn ani nnye ɔkwan a wɔfaa so no ho mpo a, hena na ɔmpɛ nkwa? Yɛreka paa a, obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ owu.

ENTI YEBETUMI ADI OWU SO NKONIM?

Adɛn nti na yekyi owu koraa saa? Bible kyerɛ nea entia. Ɛka yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔna ho asɛm sɛ: “Wayɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde bere a enni awiei ahyɛ wɔn [adesamma] komam.” (Ɔsɛnkafo 3:11) Ɛnyɛ mfe 80 pɛ na yɛpɛ sɛ yɛtena asase fɛfɛ yi so; yɛpɛ sɛ yɛtena so afebɔɔ. (Dwom 90:10) Ɛno ne yɛn koma so ade.

Adɛn nti na Onyankopɔn de “bere a enni awiei” ahyɛ yɛn komam? Ɔde reyi yɛn akɔnnɔ kɛkɛ anaa? Ɔrenyɛ saa da. Mmom no, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obedi owu sɛ nkonim. Bible aka no mpɛn pii sɛ Onyankopɔn beyi owu afi hɔ, na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa.​—Hwɛ ɔfã a wɔato din “Owu so Nkonimdi.”

Yesu Kristo kaa no pen sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yohane 17:3) Enti anidaso wɔ hɔ; yebetumi adi owu so nkonim. Nanso, Yesu sii so dua sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama yɛadi owu so nkonim.

a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

Owu so Nkonimdi

  • “Ɔbɛmene owu akosi daa, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpopa obiara aniwam nusu. Na obeyi ne man ahohora afi asase nyinaa so. Yehowa ankasa anom asɛm ni.”—Yesaia 25:8.

  • “M’Agya no apɛde ne sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no benya daa nkwa, na menyan no da a edi akyiri no.”​—Yohane 6:40.

  • “Ɔtamfo a otwa to a obetu no agu ne owu.”​—1 Korintofo 15:26.

  • “[Yɛwɔ] daa nkwa a Onyankopɔn a ontumi nni atoro no ahyɛ ho bɔ fi teteete ho anidaso.”​—Tito 1:2.

  • “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio.”​—Adiyisɛm 21:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena