BIBLE TUMI SESA NNIPA
Asase so Paradise Ho Bɔhyɛ No Sesaa M’asetena!
AFE A WƆWOO NO: 1974
ƆMAN A OFI MU: LATVIA
TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆDE MOTO TU MMIRIKABƆNE
ME KAN ASETENA:
Latvia ahenkurow a wɔfrɛ no Riga no, ɛhɔ na wɔwoo me. Me maame na ɔtetee me ne me nuabea panyin. Me maame yɛ Katolekni de, nanso na yɛkɔ asɔre afe afe. Ná minim sɛ okokuroko bi wɔ hɔ, nanso meyɛ abofra nti, na m’adwene wɔ nneɛma foforo so.
Merenyin no, me maame hui sɛ mitumi tutu nneɛma san hyehyɛ, enti na osuro sɛ obegyaw me nko ara wɔ fie, efisɛ na nneɛma pii wɔ fie hɔ a minya a metutu. Ɔtɔɔ biribi a yetumi tutu san hyehyɛ maa me; me nsa kae no, mamfa anyɛ akwadworɔ. Ade foforo a na m’ani gye ho paa ne moto so tena. Me maame de me kɔhyɛɛ moto akansi bi mu; wɔfrɛ no Zelta Mopēds (Moped Akansi Kɛse). Mifii ase de moto nketewa sii akan; eduu baabi no, moto akɛse na na mede si akan.
Mihuu akansi no ani so ntɛm, enti ankyɛ pii na mekwadaree owu adwuma yi mu. Latvia ɔman akansi no, midii nkonim mprɛnsa, na Baltic Aman akansi kɛse no nso, midii nkonim mprenu.
SƐNEA BIBLE SESAA M’ASETENA:
Evija yɛ ɔbea a na me ne no wɔ hɔ, na akyiri yi na yɛwaree. Bere a migyina me nan so paa wɔ akansi no mu no, saa bere no ara na ohyiaa Yehowa Adansefo. Ná ɔwɔ wɔn nhoma bi, na na krataa bi wom a obetumi ahyehyɛ akyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ wɔne no bɛyɛ Bible adesua. Ɔhyehyɛ de kɔe; ankyɛ na Adansefo mmea baanu bi baa ne nkyɛn ne no fii Bible adesua ase. Ná minni ho asɛm, nanso me de, saa bere no, na nyamesom nhia me.
Akyiri yi, Adansefo no ka kyerɛɛ me sɛ memmɛtena Evija adesua no mu bi. Mepenee so kotiee bi na nea metee no yɛɛ me dɛ. Ade biako a ɛkaa me koma paa ne asase so paradise ho bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no. Wobuee Dwom 37:10, 11 kyerɛɛ me. Ɛhɔ kenkan sɛ: “Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio; na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Saa asɛm no kaa me paa.
M’anigye a ɛwɔ Bible ho no yɛɛ kɛse. Mibehui sɛ nsɛm pii wɔ hɔ a nyamesomfo ka a, ɛyɛ atoro. Nanso sɛ mehwɛ Bible mu nsɛm a na meresua no a, na emu da hɔ, na ntease wom; eyi pusuw me paa.
Bible adesua no ma mibehui sɛ Yehowa nni nkwa ho agoru koraa, na ɛho hia no papaapa. (Dwom 36:9) Ɛno nti moto akansi no, mesan dwenee ho bio; mampɛ sɛ mede me nkwa bedi agoru bio. Mmom, mepɛe sɛ mede me nkwa hyɛ Yehowa anuonyam. Enti, edin ne anuonyam ne anigye a ɛwɔ moto akansi mu no, migyaee akyi di.
Mihui sɛ, nea mede me nkwa bɛyɛ biara no, Nkwamafo Yehowa bebisa me ho asɛm
Afe 1996 mu no, mekɔɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam bi wɔ Tallinn, Estonia. Baabi a wɔyɛɛ nhyiam no, wufi hɔ rekɔ stadiom a na misi akan wɔ hɔ no a, ɛnware. Nhyiam no ase no, mihuu sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no fi aman bebree so, na na wɔde biakoyɛ te hɔ asomdwoe mu. Mekae sɛ Ɔdansefo bi bag ketewa bi yerae. Me de, mefaa no sɛ ɔrenhu bio, nanso ankyɛ koraa na Ɔdansefo foforo kohu bae; ɔde bae no, na pin koraa mfii mu. Ɛyɛɛ me nwonwa papa! Ɛno ma mihui sɛ Adansefo no de Bible mu asɛm bɔ wɔn bra ampa. Me ne Evija kɔɔ so suaa ade nyaa nimdeɛ pii, na afe 1997 mu no, wɔbɔɔ yɛn asu ma yɛbɛyɛɛ Yehowa Adansefo.
SƐNEA ABOA ME:
Moto akansi kodiawuo yi nti, me nnamfonom binom ahwere wɔn nkwa. Bible adesua no boaa me ma mihui sɛ, nea mede me nkwa bɛyɛ biara no, Nkwamafo Yehowa bebisa me ho asɛm. Migye di sɛ ɛnyɛ ɛno a, anka mente ase.
Me ne Evija nyaa kwan bɛyɛɛ bere nyinaa asomfo, na na yɛyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea wɔ Riga. Seesei de, yɛawo ɔbabea, na yɛde anigye retete no de Yehowa ho dɔ adua ne mu. Akwannya foforo a mewɔ ne sɛ, nnawɔtwe biara mede dakoro kɔboa siesie kar ne nneɛma foforo wɔ baabi a wɔkyerɛ nsɛm ase wɔ adwumayɛbea hɔ. Ade a misuae wɔ me nkwadaaberem no, ɛyɛ me dɛ paa sɛ mede reyɛ adwuma. Ɛnnɛ, meda so ara tutu nneɛma san hyehyɛ.
Nea masua afi Bible mu nti, manya hokwan ne m’abusua nyinaa reka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ nkurɔfo, na ɛyɛ hokwan kɛse a minni ho agoru koraa. Anokwa, asase so paradise ho bɔhyɛ no sesaa m’asetena!