Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 2/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Asɛmpa no Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Bible Yɛ Nhoma a Efi Onyankopɔn Hɔ
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
    Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 2/1 kr. 16
Tete Bible nhoma mmobɔwee

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa?

Bible no da nsow, na saa na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ. Wɔatintim Bible no ɔpepepem pii wɔ kasa bebree mu. Nyansa a ɛwɔ Bible mu no tumi sesa nnipa ma wɔbɔ bra pa.​—Kenkan 1 Tesalonikafo 2:13; 2 Timoteo 3:16.

Yenim sɛ Bible yɛ Onyankopɔn nhoma, efisɛ ɛka nea ebesi daakye a, ɛba mu. Onipa biara nni hɔ a obetumi de ne tumi ayɛ saa. Ma yɛmfa Yesaia nhoma no nyɛ nhwɛso. Wohuu Yesaia nhoma mmobɔwee bi wɔ ɔbodan bi mu wɔ Po a Awu no nkyɛn; wɔyɛɛ saa nhoma mmobɔwee no bɛboro mfe ɔha ansa na wɔrewo Yesu. Ná wɔakyerɛw wɔ mu sɛ Babilon bɛyɛ amamfõ. Yesu baa asase so kɔe no, mfe pii akyi na saa asɛm no baa mu.​—Kenkan Yesaia 13:19, 20; 2 Petro 1:20, 21.

Sɛn na wɔkyerɛw Bible no?

Bible no, wɔde bɛyɛ mfe 1,600 na ɛkyerɛwee. Nnipa bɛyɛ 40 na wɔkyerɛw Bible no, na wɔn nyinaa ano hyiae; obiara antwe ne yɔnko ano anwɔ fam. Ɛyɛɛ dɛn na etumi yɛɛ yiye saa? Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛɛ wɔn nea wɔnkyerɛw.​—Kenkan 2 Samuel 23:2.

Wɔn a wɔkyerɛw Bible no, ɛtɔ da bi a na Onyankopɔn nam abɔfo so, anisoadehu, anaa dae so na ɛkasa kyerɛ wɔn. Mpɛn pii no, Onyankopɔn de nsɛm no hyɛ wɔn adwenem na wagyae ama wɔn, na wɔde wɔn ankasa nsɛm akyerɛw asɛm a Onyankopɔn de ama wɔn no.​—Kenkan Adiyisɛm 1:1; 21:3-5.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 2. Yehowa Adansefo na wotintimii

Wubetumi atwe bi afi Intanɛt so wɔ www.jw.org

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena