Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 6/15 kr. 8-11
  • Wobɛyɛ Dɛn Aboa Kristofo a Wɔn Aware Agu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛyɛ Dɛn Aboa Kristofo a Wɔn Aware Agu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƐYƐ A NA WƆN ADWENE NYINAA ATU AFRA
  • ƐNYƐ MMERƐW SƐ WƆBƐSAN AGYINA WƆN NAN SO
  • WOSUSUW SƐ WƆAYƐ ANKONAM NA NNIPA APO WƆN
  • Mma Awaregyae Mmmɔ Wo Asesa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nea Awaregyae Yɛ Mmofra
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • So Asomdwoe Mu Na Onyankopɔn Afrɛ Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Mmofra, Wɔn A Wɔn Ho Nni Nsɛm A Wohu Awaregu Mu Amane
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 6/15 kr. 8-11

Wobɛyɛ Dɛn Aboa Kristofo a Wɔn Aware Agu?

Onuawa bi aware agu na obi rekyekye ne werɛ

Ebia wunim obi a n’aware agu. Yɛreka yi mpo ebia wunim nnipa pii a biribi saa ato wɔn. Ɛnnɛ awaregyae ayɛ sɛ yare a atu atese. Nhwɛso bi ni: Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Poland kyerɛ sɛ wɔn a wɔadi mfe 30 a wɔn aware adi mfe mmiɛnsa kosi nsia no aware keka; enya a, ebegu. Nanso ɛnyɛ saafo no nko ara na wɔanya asɛm.

Ekuw bi a ɛwɔ Spain a ɛhwɛ aware nsɛm so kae sɛ nhwehwɛmu kyerɛ sɛ awarefo a wɔwɔ Europa no mu fã begyae wɔn hokafo. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wokɔ aman a wɔanya nkɔso pii so a, asɛnkoro no ara na wobɛte.

ƐYƐ A NA WƆN ADWENE NYINAA ATU AFRA

Dɛn na ɛde eyi nyinaa ba? Maame bi a waben awaresɛm mu wɔ Europa apuei kae sɛ: “Ansa na wobetwa aware mu wɔ mmara mu no, na nsɛm bebree asisi. Wobɛhwɛ na aware no mu atetew ma obiara te ne baabi, nkitahodi nni hɔ na wɔasusuw nsɛm ho. Eyi nyinaa yɛ asɛm a ɛte koma.” Ɔka kaa ho sɛ: “Ɛba saa a, abufuw, huammɔdi, awerɛhow, ne aniwu” hyɛ wo so. Ɛtɔ da a, obi adwene bɛyɛ no sɛ onkum ne ho mpo. “Sɛ kɔɔto twa aware no mu a, na aka nea aka. Nea ne hokafo agyaa no no bɛyɛ hahaaha, na ebia obebisa ne ho sɛ: ‘Seesei a m’aware agu yi, mekɔe anaa mebae? Dɛn paa na meregye wɔ wiase?’”

Onuawa bi a ɔde Ewa kae sɛ bere a n’aware gui no, n’ani wui efisɛ ne mpɔtam hɔfo hu no a, wɔde wɔn nsa tenetene ne so sɛ, ‘ne kunu agyaa no.’ Ɔkae sɛ: “Me bo fuwii paa. Na nkwadaa mmienu abɛda me so. Prɛko pɛ mabɛyɛ maame ne papa.”a Yɛnhwɛ onua bi nso a yɛfrɛ no Adam. Na ɔde mfe 12 asom sɛ ɔpanyin, na ɔkae sɛ: “M’ani awu ara ma edu baabi mpo a, na adan abufuw. Ɛtɔ da a mempɛ obiara anim ahwɛ.”

ƐNYƐ MMERƐW SƐ WƆBƐSAN AGYINA WƆN NAN SO

Ebinom wɔ hɔ a, awaregyae no akyi mfe pii mpo na wontumi nyaa nan nnyinaa so yiye. Wonnim nea daakye bɛyɛ. Ebia wɔbɛka sɛ wɔn asɛm mfa obiara ho. Ɔbaa bi a ɔkyerɛw nsɛm ba atesɛm krataa mu kae sɛ, sɛ obi aware gu a, “ɛsɛ sɛ ohu sɛ nneɛma nte sɛ kan no, enti sɛ asɛm bi si a gye ɔno ara.”

Stanisław nso aware gui, na akyiri yi ɔkae sɛ: “Bere a me ne me yere gyae aware no, yɛn mma mmaayewa mmienu no mpo, ɔbaa no amma kwan sɛ mede m’ani behu wɔn. Afei deɛ na ɛyɛ me sɛ obiara nnwen me ho, na Yehowa mpo apo me. Na wiase mpo afono me. Nanso akyiri yi mihui sɛ adwene a ɛte saa mfata.” Ɔbaa baako nso a n’aware gui ne Wanda. Na n’ani so atan no; onnim nea ebesi daakye. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ, sɛ bere kakra begu mu a, me nuanom Kristofo mpo werɛ befi me ne me mma. Nanso mahu sɛ ɛnte saa koraa. Nokwasɛm ni, anuanom gyinaa yɛn akyi, na wɔsɔɔ m’asen ma metetee mmofra no ma wɔsom Yehowa.”

Ebesi ha no, ebia woahu sɛ obi aware gu a, otumi dwen nsɛm ho tra so. Ebia saafo no besusuw sɛ wɔn ho nni mfaso na obi ahaw ne ho wɔ wɔn ho. Ɛtɔ da nso a na wɔayɛ katee; biribi ketewaa bi a na ɔde ayɛ asɛm. Ɛba saa a, ebia wobenya adwene mpo sɛ asafo no mufo nni tema na n’asɛm nhia obiara. Nanso wɔn a wɔn aware agu te sɛ Stanisław ne Wanda di adanse sɛ wɔn nuanom Kristofo dwen wɔn ho paa. Nokwasɛm ne sɛ anuanom mmarima ne mmaa ayɛ saafo no mmoa pii. Sɛ mfiase no wɔanhu saa mpo a, akyiri yi wohu.

WOSUSUW SƐ WƆAYƐ ANKONAM NA NNIPA APO WƆN

Kae sɛ yɛbɛbɔ mmɔden aboa yɛn nuanom a wɔn aware agu no deɛ, nanso ɛtɔ da a, wobesusuw sɛ wɔayɛ ankonam. Anuanom mmaa paa na asɛm no tumi ka wɔn kɛse. Sɛ wɔn aware gu a, ɛnyɛ den sɛ wobesusuw sɛ wɔn asɛm nhia obiara. Alicja kae sɛ: “Mfe nwɔtwe ni a m’aware gui. Nanso ebesi nnɛ nyinaa, ɛtɔ da a ɛyɛ me sɛ me so nni mfaso biara. Ɛba saa a, menka me ho nkɔ nnipa ho; mitumi kɔhyɛ baabi su saa.”

Ampa, sɛ obi aware gu a obetumi akɔ tebea a yɛaka ho asɛm yi mu, nanso Bible ma yehu sɛ ɛmfata sɛ ɔbɛtew ne ho. Sɛ obi antie afotu yi a, ebewie ase no na ‘wɔatwe ne ho afi nyansa nyinaa ho.’ (Mmeb. 18:1) Sɛ obi susuw sɛ wayɛ ankonam na ohia afotu anaa awerɛkyekye a, ehia sɛ ɔma n’ani da hɔ. Sɛ ɔyɛ barima a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na ankɔyɛ sɛ daa ɔbaa bi hɔ na ɔkɔhwehwɛ awerɛkyekye. Saa ara nso na ɛnyɛ papa sɛ ɔbaa bɛma ne nan ayɛ ntiatia wɔ ɔbarima bi nkyɛn akɔpɛ mmoa. Eyi bɛboa na obiara annya akɔnnɔ a ɛmfata amma ne yɔnko.

Ebia yɛn nuanom a wɔn aware agu adwene bɛyɛ bebree. Sɛ ɛnnɛ ɛnyɛ awerɛhow a, na ɛyɛ abufuw; sɛ ɔkyena ɛnyɛ ankonamyɛ a, na wosuro nea ɛbɛba daakye. Ɛtɔ da mpo a, na ɛyɛ wɔn sɛ obiara apo wɔn. Momma yennye ntom sɛ awaregyae de tebea a ɛte saa ba, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi begyina ano. Ne saa nti momma yensuasua Yehowa na yenso yɛn nuanom a wɔadi amia yi mu. (Dw. 55:22; 1 Pet. 5:6, 7) Momma yennya awerɛhyem sɛ mmoa biara a yebetumi de ama wɔn no, wɔn ani bɛsɔ. Wobehu sɛ anokwa, wɔwɔ nnamfo wɔ asafo no mu a wɔayi wɔn yam reboa wɔn.—Mmeb. 17:17; 18:24.

a Wɔasesa edin ahorow no bi.

Adwene a Ɛsɛ sɛ Yenya Wɔ Awaregyae Ho

Yehowa nkoa bu aware aniberesɛm. Nokwasɛm ne sɛ biribiara mu yɛhwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka. Sɛ yɛhwɛ Malaki 2:16 sɛɛ a, Onyankopɔn ka no pen sɛ “okyi awaregyae.” Ade baako pɛ a obi betumi agyina so agyae aware ne nna mu ɔbrasɛe. Enti ɛyɛ mfomso kɛse sɛ obi besusuw ho mpo sɛ obegyae aware bere a onni Bible mu nnyinaso biara. Yɛreka yi mpo wobɛhwɛ na wafi ase reyɛ nhyehyɛe akɔware obi foforo.—Gen. 2:22-24; Deut. 5:21; Mat. 19:4-6, 9.

Nanso yɛmfa no sɛ Kristoni bi hokafo afa n’akyi ma awaregyae aba. Ɛba saa a, ne nuanom mmarima ne mmaa a wɔwɔ asafo no mu bɛboa no. Wosuasua Yehowa, enti wɔyɛ nea wobetumi biara de boa treneefo a wɔn “honhom abotow.”—Dw. 34:15, 18; Yes. 41:10.

DƐN NA WOBƐYƐ DE ABOA?

Wubetumi ayɛ biribi de aboa anuanom a wɔn aware agu no anaa? Wunim obi a ɔrefa tebea a yɛadi kan aka ho asɛm no mu? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa no? Hwɛ nea Bible ka wɔ asɛm no ho ne nea Kristofo bi ayɛ de aboa.

Tɔ wo bo ase tie no. (Mmeb. 16:20, 23)

Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ, sɛ awaregyae ba a, ɛnyɛ obiara na ɔpɛ sɛ ɔka nea esii nyinaa. Sɛ ɔka sɛ ɔreka nea asi nyinaa a, ebia asɛm no ho yaw bɛma wakeka nsɛm bi, na akyiri yi obenu ne ho. (Mmeb. 12:25; Rom. 12:15) Michał boaa Adam a yɛadi kan aka ne ho asɛm no. Ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ aso tie, nanso ɛnsɛ sɛ wuyiyi w’asom sɛ wobete biribiara. Ɔtoaa so sɛ: “Mama Adam ahu sɛ, sɛ nsɛm hyɛ ne so a, anhwɛ a ɔbɛka biribi a ɛnsɛ sɛ ɔka, na akyiri yi obenu ne ho.” Enti Michał maa Adam hui sɛ ɔmpɛ sɛ ɔfeefee asɛm no mu. Nanso na ɔyɛ adamfo pa, enti sɛ Adam reka biribi a, ɔtɔ ne bo ase tie. Sɛ yɛkɔ adesua a, yebetumi ayɛ pii de aboa yɛn nuanom a wɔrehyia tebea a ɛte saa. Ansa na yebefi adesua ase anaa bere a yɛapɔn no, yebetumi abɛn wɔn abisa wɔn sɛ: “Nneɛma rekɔ so sɛn? Mitumi hu sɛ ɛnna fam koraa. Mepɛ sɛ wuhu sɛ mewɔ hɔ ma wo.”

Ma onhu sɛ wudwen ne ho. (Filip. 2:4)

Mirosław kae sɛ: “Me ne me yere yii bere bi sii hɔ boaa onuawa bi a n’aware agu. Nea yɛyɛe no bi ne sɛ yesiesiee ne korɔkorɔ, na yɛfaa no tenaa yɛn kar mu kohuu dɔkota.” Eyinom yɛ nneɛma nketenkete, nanso ɛboaa no paa. Nkakrankakra ɔsan gyinaa ne nan so bio. Anigyesɛm koraa ne sɛ ɔde ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu, na ne ba baa a wadi mfe 11 bɔɔ asu.

Awarefo bi abɛsra onuawa bi a n’aware agu

Ma nea n’aware agu no nhu sɛ Yehowa nim nea ɔrefa mu.

Ebia ɛbɛyɛ no sɛ ɔnsɛ hwee. Ɛba saa a, kyekye ne werɛ na ma onhu sɛ ɔsom bo wɔ Onyankopɔn ani so. Nokwasɛm ne sɛ ‘yɛsom bo sen nkasanoma bebree.’ Yehowa ntoto yɛn ase koraa, efisɛ yɛda ne koma so. (Mat. 10:29-31) “Yehowa na ɔhwehwɛ koma mu,” enti sɛ w’aware agu a, onim nea worefa mu, na ɔte tebea no ase. Ɔrennan n’akyi nkyerɛ ne nkoa anokwafo no mu biara da. (Mmeb. 17:3; Dw. 145:18; Heb. 13:5) Enti bere a woreboa no nyinaa, ma onhu sɛ Onyankopɔn nim sɛ ɔmfa nokware no nni agorɔ na wayi ne yam resom no. Yehowa ani sɔ eyi nyinaa.—Filip. 2:29.

Hyɛ no nkuran ma ɔmfa ne ho mmata asafo no ho denneennen.

Sɛ obi adwene tu fra a, biribiara nka no sɛ ɔmmra adesua. Nanso biribi a ɛte saa na ɛbɛhyɛ no nkuran na ‘ahyɛ no den.’ (1 Kor. 14:26; Dw. 122:1) Sɛ mpanyimfo de wɔn ani to fam a, wobetumi aboa wɔn a wɔn aware agu ma wɔanya ahoɔden akɔ Kristofo nhyiam. Wanda a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kae sɛ, “Yɛda so ara kae mmoa a mpanyimfo no de maa yɛn.”

Hyɛ no nkuran ma ɔmmɔ Onyankopɔn mpae na onsua ade, na onnye bere nnwinnwen nea ɔresua no ho. Eyi na ɛbɛma wabɛn Onyankopɔn paa. (Yak. 4:8)

Yehowa ne ade nyinaa so tumfoɔ pumpuni a ɔte soro, nanso ɔwɔ bere ma obiara a ‘ɔwɔ ahohia mu a ne honhom abotow na ne ho popo wɔ n’asɛm ho.’ Ma nea n’aware agu no nhu saa nokwasɛm yi, na si so kyerɛ no sɛ, sɛ yegye bere bɔ mpae na yesua ade a, yɛbɛbɛn Onyankopɔn. Eyi na yɛn mu biara hia na watumi agyina ne nan so.—Yes. 66:2.

Wo ne no mmom nyɛ asɛnka adwuma no. Sɛ nso ɛbɛyɛ yiye a, mommom nsiesie mo ho mma asafo nhyiam.

Anuanom mmarima mmienu nam asɛnka mu

Eyi bɛma nea n’aware agu no ho abae no na watumi akeka ne ho. Marta boaa onuawa mmɔdenbɔfo bi a ne kunu gyaa no. Asɛm no bubuu onuawa no. Marta kae sɛ: “Na me ne no taa yɛ asɛnka adwuma no. Nea yɛde sii yɛn ani so wɔ asɛnka mu no, sɛ yetumi du ho a, yɛn ani gye paa. Ɛtɔ da a, yebom siesie yɛn ho ma adesua, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛyɛ biribi ka yɛn ano.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena