Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 8/1 kr. 6
  • Onyankopɔn Kyekye Wo Werɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Kyekye Wo Werɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Onyankopɔn Kyekye Yɛn Werɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Ɛhe Na Yebetumi Anya Nokware Awerɛkyekye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • ‘Monkyekye Wɔn A Wodi Awerɛhow Nyinaa Werɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Bi Nni—Adɛn Nti na Ɛsom Bo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 8/1 kr. 6

ASƐM A ƐDA SO | ENTI WO HO HIA ONYANKOPƆN?

Onyankopɔn Betumi Akyekye Wo Werɛ

“Onyankopɔn a ɔkyekye wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ werɛ no . . . kyekyee yɛn werɛ.”​—2 KORINTOFO 7:6.

Ababaa bi a ɔrekenkan Bible

“Onyankopɔn Ba [no dɔɔ] me na ɔde ne ho too hɔ maa me.”​—GALATIFO 2:20

NEA ENTI A EBINOM NNYE NNI: Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔn ho ka mu sɛ dɛn mpo a, ɛyɛ wɔn sɛ wobisa Onyankopɔn hɔ mmoa anaa awerɛkyekye a, ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ pɛsɛmenkominya. Ɔbea warefo bi a wɔfrɛ no Raquel kaa sɛ: “Sɛ mehwɛ nnipa dodow a wɔwɔ wiase ne nneɛma a wɔrefa mu, na mede toto me de ho a, mihu sɛ me de no nnu baabiara. Enti ɛyɛ a mempɛ sɛ mɛsrɛ Onyankopɔn hɔ mmoa mpo.”

NEA ONYANKOPƆN ASƐM KA: Onyankopɔn adi kan ayɛ ade titiriw bi a aboa nnipa na akyekye yɛn werɛ. Obiara a ɔte ase nnɛ no, wɔwoo no bɔne mu. Ɛno kyerɛ sɛ, yɛyɛ dɛn ara a, yɛrentumi nyɛ Onyankopɔn apɛde pɛpɛɛpɛ da. Nanso, Onyankopɔn dɔɔ “yɛn na ɔsomaa ne Ba Yesu Kristo bae sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre mpata mma yɛn bɔne.” (1 Yohane 4:10) Yesu afɔrebɔ wu no nti, yɛyɛ bɔne a, Onyankopɔn tumi de kyɛ yɛn. Afei nso yebetumi anya ahonim pa ne anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ wiase foforo a asomdwoe wom mu.a Nanso, afɔre a Yesu bɔe no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ Onyankopɔn dwen adesamma nyinaa ho bom anaa? Anaasɛ odwen yɛn ho mmaako mmaako?

Ɔsomafo Paulo sei, n’ani sɔɔ Yesu afɔrebɔ no araa ma ɔkyerɛwee sɛ: “Mete . . . Onyankopɔn Ba a ɔdɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me no mu gyidi mu.” (Galatifo 2:20) Ɛwom, Yesu wui ansa na Paulo rebɛyɛ Kristoni. Nanso, Paulo buu saa afɔre no sɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama ɔno Paulo.

Wo nso, Yesu afɔrebɔ wu no, hu no sɛ ɛyɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama wo. Saa akyɛde no kyerɛ sɛ wo ho hia Onyankopɔn paa. Ebetumi ama woanya “daa awerɛkyekye ne anidaso pa” na ama woagyina “pintinn wɔ asɛm ne adwuma pa biara mu.”​—2 Tesalonikafo 2:16, 17.

Nanso, bɛyɛ mfe 2,000 ni a Yesu de ne nkwa bɛbɔɔ afɔre. Enti dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnnɛ mpo, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔne wo fa adamfo?

a Sɛ wopɛ sɛ wunya Yesu afɔrebɔ no ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 5. Yehowa Adansefo na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena