Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 8/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahu Nokware Som?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Ɔsom Ho Asɛmpa Bɛn na Ɛwɔ Hɔ?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Wobɛyɛ Dɛn Ahu Nokware Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 8/1 kr. 16
Yehowa Adansefo a wofi mmusua ahorow mu aka abom wɔ Ahenni Asa so

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Ɔsom nyinaa sɔ Onyankopɔn ani anaa?

Sɛ wutie kaseɛbɔ a, ebia wote sɛ ebinom di nsɛmmɔne wɔ nyamesom din mu. Ɛnyɛ ɔsom nyinaa na nokware Nyankopɔn pene so. (Mateo 7:15) Nokwasɛm ne sɛ, wɔadaadaa adesamma fã kɛse no ara.​—Kenkan 1 Yohane 5:19.

Nanso, nnipa a wɔpɛ nokware na wɔbɔ bra pa no, Onyankopɔn nim wɔn. (Yohane 4:23) Onyankopɔn pɛ sɛ saafo no nyinaa sua nokware a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu no.​—Kenkan 1 Timoteo 2:3-5.

Wobɛyɛ dɛn ahu nokware som?

Yehowa Nyankopɔn rekyerɛkyerɛ nnipa pii ama wɔahu nokware no na wɔadodɔ wɔn ho. Saa nnipa yi, bere bi na wɔwɔ ɔsom ahorow pii mu. Seesei Yehowa nkyerɛkyerɛ reka wɔn bom. (Mika 4:2, 3) Enti nea ɛma yehu ɔsom a ɛyɛ nokware ne sɛ emufo dodɔ wɔn ho.​—Kenkan Yohane 13:35.

Nnipa a bere bi na wɔwɔ ɔsom ahorow pii mu no, seesei Yehowa Nyankopɔn nam nokware som so reka wɔn bom.​—Dwom 133:1

Wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokware mu no, Bible na wɔde bɔ wɔn bra, na ɛno ara mu na wonya wɔn nkyerɛkyerɛ fi. (2 Timoteo 3:16) Nokware asomfo ma nkurɔfo hu Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Wɔbɔ dawuru ma nkurɔfo hu sɛ Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebeyi adesamma haw afi hɔ. (Daniel 2:44) Wɔma wɔn ‘kanea hyerɛn’ na wɔyɛ nneɛma pa ma nkurɔfo de suasua Yesu. (Mateo 5:16) Enti ade a ɛma nkurɔfo hu nokware Kristofo ne sɛ wɔkɔ afie mu kɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa.​—Kenkan Mateo 24:14; Asomafo Nnwuma 5:42; 20:20.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti  15. Yehowa Adansefo na wotintimii

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena