Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 10/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 10/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra?

Yesu Kristo te pɔnkɔ so; ɔrekɔdi wɔn a wɔko tia Onyankopɔn Ahenni no so nkonim

Wopɛ sɛ wohu Onyankopɔn Ahenni ne nea ɛbɛyɛ no ho nsɛm pii anaa?

Onyankopɔn Ahenni yɛ aban a ɛwɔ soro. Nea enti a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ ɛmmra ne sɛ, ɛno na ɛbɛma adetrenee ne asomdwoe asan aba asase so. Aban biara nni wiase a ɛbɛtumi ayi awudisɛm, ntɛnkyea, anaa yare afi hɔ koraa. Onyankopɔn Ahenni nko ara na ɛbɛtumi ayɛ saa, na ɛbɛyɛ nso. Onyankopɔn ayi ne Ba Yesu sɛ ɔnni Ahenni no so hene. Afei nso Yehowa ayi Yesu akyidifo bi aka Yesu ho sɛ wɔne no nni ade.​—Kenkan Luka 11:2; 22:28-30.

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛyi wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi nyinaa afi hɔ. Enti sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra a, na yɛresrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa n’aban mmɛsi nnipa de anan.​—Kenkan Daniel 7:13, 14; Adiyisɛm 11:15, 18.

Dɛn na ɛma yɛhu sɛ nnipa bɛnya Onyankopɔn Ahenni so mfaso?

Yesu fata sɛ ɔyɛ Ahenni no so hene, efisɛ nnipa asɛm yɛ no mmɔbɔ. Afei nso ɔyɛ Onyankopɔn Ba, enti ɔwɔ tumi a ɔde bɛboa wɔn a wɔsu frɛ Onyankopɔn nyinaa.​—Kenkan Dwom 72:8, 12-14.

Nnipa a wɔyi wɔn yam bɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra, na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no, sɛ Ahenni no ba a, wɔn nyinaa bɛnya nhyira. Nea Bible ka fa Onyankopɔn Ahenni ho no, sɛ wosua ho ade a, wo nsa rensi fam da.​—Kenkan Luka 18:16, 17; Yohane 4:23.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 8. Yehowa Adansefo na wotintimii.

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena