Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Sɛ onuawa bi ne obi reyɛ Bible adesua bere a ɔbarima a ɔyɛ ɔdawurubɔfo te mu a, ɛhia sɛ onuawa no kata ne ti so anaa?
▪ Yɛkaa wɔ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa July 15, 2002, Ɔwɛn-Aban no mu sɛ, sɛ onuawa bi ne obi reyɛ Bible adesua bere a ɔdawurubɔfo a ɔyɛ ɔbarima, sɛ́ ebia wabɔ asu anaa ɔmmɔɔ asu te mu a, ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti so. Yɛasan asusu asɛm no ho bio, na yɛahu sɛ ɛfata sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ akwankyerɛ a yɛde mae no mu.
Sɛ onuabarima a wabɔ asu ne onuawa kɔ asɛnka na onuawa no ne obi reyɛ Bible adesua a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ onuawa no kata ne ti so. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ɔbu Yehowa nhyehyɛe a ɛfa tiyɛ ho a ɛwɔ Kristofo asafo no mu no, efisɛ ɔreyɛ adwuma a anka ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ. (1 Korintofoɔ 11:5, 6, 10) Ɔkwan foforo so no, sɛ ɔbarima no fata na sɛ ɔbɛtumi ayɛ adesua no a, onuawa no bɛtumi ama no ayɛ.
Nanso sɛ onuawa ne ɔdawurubɔfo barima a ɔmmɔɔ asu a ɔnyɛ ne kunu kɔyɛ Bible adesua a, Kyerɛwnsɛm no nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti so. Nea yɛaka yi nyinaa akyi no, anuanom mmaa binom ahonim nti, ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔkata wɔn ti so wɔ tebea a ɛte saa mu mpo.