BIBLE NSƐMMISA HO MMUAEƐ
Dɛn na ɛma obi yɛ ɔwofo pa?
Wokyerɛkyerɛ wo mma sɛnea wɔbɛdɔ Onyankopɔn?
Sɛ awofo dodɔ wɔn ho, na wɔkyerɛ obu ma wɔn ho wɔn ho wɔ fie a, ɛboa wɔn mma paa. (Kolosefoɔ 3:14, 19) Sɛ obi yɛ ɔwofo pa a, ɔdɔ ne mma na ɔkamfo wɔn sɛnea Yehowa Nyankopɔn kamfoo ne Ba no.—Kenkan Mateo 3:17.
Yɛn soro Agya no tie n’asomfo mpaebɔ, na sɛnea wɔte nka nso, ɔmmu n’ani ngu so. Ɛsɛ sɛ awofo suasua Onyankopɔn na wɔn nso tie wɔn mma bere a wɔrekasa no. (Yakobo 1:19) Ɛsɛ sɛ awofo hu sɛnea wɔn mma te nka, na sɛ wɔka asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ biribi haw wɔn a, ɛnsɛ sɛ wɔbu wɔn ani gu so.—Kenkan Numeri 11:11, 15.
Wobɛyɛ dɛn atete wo mma yie?
Woyɛ ɔwofo a, wowɔ tumi sɛ wohyehyɛ mmara. (Efesofoɔ 6:1) Suasua Onyankopɔn. Ɔhyɛ mmara pɔtee ma ne mma, na ɔma wɔhu nea ɛbɛfiri mu aba bere a wɔanni mmara no so no; ɔyɛ saa de kyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn. (Genesis 3:3) Onyankopɔn nhyɛ yɛn sɛ yɛnni ne mmara so, mmom no, ɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛhu sɛnea yɛde ne mmara bɛyɛ adwuma na yɛanya so mfaso.—Kenkan Yesaia 48:18, 19.
Fa yɛ wo botae sɛ wobɛboa wo mma ma wɔadɔ Onyankopɔn. Woyɛ saa na sɛ wɔnni wo nkyɛn mpo a, wɔbɛyɛ wɔn ade nyansam. Onyankopɔn de ne nhwɛso kyerɛkyerɛ yɛn, enti wo nso fa wo nneyɛe kyerɛ sɛ wodɔ Onyankopɔn na ɛbɛma wo mma nso adɔ no.—Kenkan Deuteronomium 6:5-7; Efesofoɔ 4:32; 5:1.