Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 7/1 kr. 3
  • Dadwene Abu So wɔ Baabiara!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dadwene Abu So wɔ Baabiara!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asiane Ho Dadwene
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Montow Mo Dadwen Nyinaa Ngu Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Abusua Ho Dadwene
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Fa wo Dadwen Nyinaa To Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 7/1 kr. 3

ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WOBƐDI DADWENE SO

Dadwene Abu So Wɔ Baabiara!

“Mekɔɔ sotɔɔ sɛ merekɔtɔ aduane nanso bisket nko ara na menyae, na na ne boɔ no deɛ yɛnka; ná abu abɔ ho bɛyɛ mpɛn 10,000! Ade kyee no, na aduane nni sotɔɔ biara mu.”—Paul, Zimbabwe.

“Me kunu frɛɛ me, na ɔde too m’anim sɛ ɔregyaw yɛn hɔ akɔ. Mɛyɛ dɛn atumi agyina saa asɛm yi ano? Me mma no nso bɛyɛ dɛn?”—Janet, United States.

“Bere a wɔbɔɔ abɛn denneennen no, medwane kɔhintawee, na medaa fam bere a na wɔretoto atuo no. Nnɔnhwerew pii akyi mpo no na me nsa da so ara repopo.”—Alona, Israel.

Ɔbarima bi a akodi, ohia, yareɛ ne asetena mu dadwene ahyɛ no so

Yɛte mmere a dadwene ahyɛ mu mã mu. Bible ka sɛ ɛyɛ “mmerɛ a emu yɛ den.” (2 Timoteo 3:1) Sikasɛm mu ahokyere, mmusua a emu apaapae, akokoakoko, yarebɔne a atu atese, ne atoyerɛnkyɛm a ɛresisi no ama nnipa pii abɔ nnyennyan; wɔnhu nea wɔnyɛ. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne ɔhaw ahorow a yɛn ankasa hyia. Yɛtumi bisa yɛn ho sɛ: ‘Nea ahono wɔ me nipaduam no, ɛyɛ kansa anaa?’ ‘Me nananom bɛnyin no, na wiase te sɛn?’

Ɛnyɛ dadwene nyinaa na ɛyɛ bɔne. Sɛ yɛrekɔyɛ sɔhwɛ bi, anaa badwam dwumadi bi, anaa sɛ yɛrekɔpɛ adwuma a, yɛn yam taa hyehye yɛn. Sɛ yɛsuro sɛ asiane bi bɛto yɛn a, ɛboa ma yɛhwɛ yɛn ho yie na yɛampira. Nanso sɛ yɛma ehu, anaa dadwene hyɛ yɛn so bere nyinaa a ɛbɛtumi apira yɛn. Nnansa yi wɔyɛɛ nnipa bɛboro 68,000 ho nhwehwɛmu, na ɛbɛdaa adi sɛ adwendwene kakraa bi mpo bɛtumi ate obi nkwa nna so. Enti ntease wom sɛ Yesu bisaa sɛ: “Mo mu hwan na sɛ ɔdwendwene a ɔbɛtumi de basafa baako aka ne nkwa nna ho?” Nokwarem no, adwendwene ntumi nto obi nkwa nna so. Ɛno nti Yesu de afotu mae sɛ: “Monnyae sɛ modwendwene.” (Mateo 6:25, 27) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi agyae adwendwene?

Mmuaeɛ no ara ne sɛ yɛbɛda nyansa adi, anya Onyankopɔn mu gyidi, na afei yɛanya daakye ho anidaso a ɛyɛ papa. Sɛ seesei yɛnhyia tebea a emu yɛ den mpo a, yɛbɛtumi ahyia bi daakye. Enti momma yɛnhwɛ sɛnea saa nyansahyɛ yi atumi aboa Paul, Janet, ne Alona ma wɔatumi agyina wɔn dadwene ano.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena