Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 10/1 kr. 4
  • Obi wɔ Hɔ a, Ɔtie Mpaebɔ Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obi wɔ Hɔ a, Ɔtie Mpaebɔ Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Onyankopɔn Tie Yɛn Mpaebɔ Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Sɛnea Wubenya Mmoa Denam Mpaebɔ So
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 10/1 kr. 4
Yesu ama ne ti so rebɔ mpae na n’asuafo no asi wɔn ti ase

ASƐM A ƐDA SO | MPAEBƆ ƐHO HIA ANAA?

Obi wɔ Hɔ a, Ɔtie Mpaebɔ Anaa?

Ebinom susu sɛ mpaebɔ yɛ beresɛe, efisɛ obiara nni hɔ a ɔtie. Afoforo te nka sɛ wɔabɔ mpae saa ara nanso obiara ntie wɔn. Obi a ɔnnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ de n’adwene buu sɛnea Onyankopɔn teɛ, na afei ɔbɔɔ mpae bi sɛ: “Wowɔ hɔ a, ka biribi gu m’asom.” Nso “budinn, mante hwee.”

Nanso Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, obi wɔ hɔ a ɔtie mpaebɔ. Ɔno ne Onyankopɔn, Otumfoɔ pumpuni no. Bere bi a atwam no, wɔkaa Bible mu asɛm yi kyerɛɛ nkurɔfo bi sɛ: “Wonya ma wo nne so su frɛ [Onyankopɔn] a, ɔbɛdom wo; ɔte ara pɛ a ɔbɛgye wo so.” (Yesaia 30:19) Kyerɛwsɛm foforo ka sɛ: “Teefoɔ mpaebɔ na n’ani gye ho.”—Mmebusɛm 15:8.

Yesu bɔɔ n’Agya mpae, ‘na ɔtiee no.’​—Hebrifoɔ 5:7

Wokenkan Bible a, wobɛhu sɛ wɔaka nnipa bi a Onyankopɔn tiee wɔn mpaebɔ ho asɛm. Bible ka wɔ baabi sɛ Yesu ‘de adesrɛ baa Deɛ na ɔbɛtumi agye no no anim, na ɔtiee no.’ (Hebrifoɔ 5:7) Yɛbɛtumi ahu nhwɛso foforo wɔ Daniel 9:21 ne 2 Berɛsosɛm 7:1.

Ɛnneɛ, adɛn nti na ebinom te nka sɛ wɔbɔ mpae a, wɔnnya ho mmuaeɛ? Sɛ yɛbɛnya yɛn mpaebɔ ho mmuaeɛ a, Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm sɛ ɔne Yehowaa no, ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, na ɛnyɛ onyame foforo bi anaa yɛn nananom. Yɛbɔ mpae a, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn abisadeɛ biara ne “n’apɛdeɛ” hyia. Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yɛbɔ mpae ma ɛne n’apɛdeɛ hyia a, ‘ɔbɛtie yɛn.’ (1 Yohane 5:14) Enti, sɛ Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no bɛtie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛsua Bible na yɛhu n’apɛde.

Nnipa pii gye tom sɛ mpaebɔ nnyɛ ɔsom mu amanneɛ bi kɛkɛ; mmom Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔtie. Isaac fi Kenya, na ɔka sɛ: “Ná mepɛ sɛ mete Bible no ase, enti mebɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa. Ankyɛ koraa na menyaa me mpaebɔ no ho mmuaeɛ; obi bɛboaa me.” Hilda fi Philippines, na na ɔpɛ sɛ ɔgyae sigaretnom. Ɔyɛɛ biara sɛ ɔbɛgyae, nanso antentam. Afei ne kunu ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn nti na wommɔ mpae nhwehwɛ Onyankopɔn mmoa?” Ɔtiee ne kunu, na ɔka sɛ: “Mmoa a Onyankopɔn de maa me deɛ, ɛsɛ w’ani. Afei deɛ na me kɔn nnɔ sigaret bio, enti metumi gyaee.”

Sɛ wopɛ sɛ woyɛ biribi a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia a, wohwɛ a, ɔbɛboa wo anaa?

a Bible ma yɛhu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena