Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 11/1 kr. 3
  • Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akodi
    Nyan!—2017
  • Ɛnnɛ, Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ɔko A Ɛde Akodi Bɛba Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Yesu Bere so no, na Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 11/1 kr. 3
Asraafo, asraafo kar, wimhyɛn a topae wom

ASƐM A ƐDA SO

Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?

Wobɛyi saa asɛmmisa no ano sɛn? Nnipa pii susu sɛ Onyankopɔn pene akodie so. Nea enti a wɔka saa ne sɛ, tete no Onyankopɔn hyɛɛ sɛ n’asomfo binom nkɔ ako, na Bible foa asɛm yi so. Ebinom nso ka sɛ Yesu, Onyankopɔn Ba no kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnɔ wɔn atamfo. (Mateo 5:43, 44) Enti wɔsusu sɛ na Onyankopɔn pene akodie so, na seesei deɛ ɔmpene so.

Wodwene ho sɛn? Onyankopɔn pene akodie so anaa? Sɛ wogye di sɛ ɔpene so a, ɛnneɛ sɛ aman mmienu de si ani a, hwan akyi na Onyankopɔn bɛgyina? Nsɛmmisa yi ho mmuaeɛ bɛboa wo ama woahu sɛ ebia adwene a wowɔ wɔ ɔko ho no yɛ papa anaasɛ ɛnyɛ papa. Yɛmfa no sɛ aman mmienu reko, na wo deɛ wogye di sɛ Onyankopɔn pene akodie so, na ɔman a wotaa akyi no, ɛno ara nso na Onyankopɔn bɔ no kyidɔm. Wohu no saa a, ɛbɛma w’ani agye na wobɛnya ahotosoɔ sɛ nkonimdie bɛyɛ mo dea ke. Nanso, fa no sɛ atamfo no mmom na Onyankopɔn gyina wɔn akyi, anka wobɛte nka sɛn? Ebia wobɛsan asusu asɛm no ho bio.

Nanso biribi wɔ hɔ a ɛho hia paa. Ɛne sɛ, sɛ wohu Onyankopɔn adwene wɔ akodie ho a, ɛbɛtumi ama woahu sɛnea ɔte. Akodie ama nnipa ɔpepem pii adi amia. Sɛ biribi a ɛte saa ato wo pɛn a, ɛnneɛ ɛhia sɛ wote asɛm a ɛdi so yi ase: Ebinom te nka sɛ akokoakoko ne ɛho amanehunu yɛ Onyankopɔn fɛ, na sɛ obi rehu amane a, ɛho asɛm nha no koraa. Wogye di sɛ saa na Onyankopɔn te?

Sɛ wohu nea Bible ka wɔ asɛm yi ho a, wo ho bɛdwiri wo paa; wobɛhu sɛ ɛsono Bible adwene koraa. Ɛfiri teteete nyinaa, Onyankopɔn adwene wɔ akodie ho nsesae. Sɛn na na Onyankopɔn bu akodie, na bere a Yesu baa asase so no nso ɛ? Momma yɛnhwɛ nea Bible ka. Ɛno bɛboa yɛn ma yɛahu Onyankopɔn adwene wɔ akokoakoko ho nnɛ. Afei nso, sɛ akodie bɛfiri hɔ oo, sɛ ɛremfiri hɔ oo, ɛno nso yɛbɛhu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena