Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 11/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Awufo Bɛsɔre!
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Dɛn Ne Owusɔre?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 11/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAEƐ

Sɛ onipa wu a, ɔbɛtumi atena ase bio?

Nkurɔfo rema awufo a wɔanyane wɔn akwaaba wɔ Paradise

Ɛda adi sɛ Ɔbɔadeɛ no bɛtumi anyane awufo

Yehowa Nyankopɔn ne yɛn Nkwamafo. (Dwom 36:9) Enti, wonnye nni sɛ Onyankopɔn a ɔmaa yɛn nkwa no, ɔno ara bɛtumi ama awufo asan aba nkwa mu bio? Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ daakye Onyankopɔn bɛyɛ saa. (Kenkan Asomafoɔ Nnwuma 24:15) Adɛn ntia?

Yɛn Bɔfo no hyɛɛ da bɔɔ onipa sɛ ɔntena asase so daa. (Genesis 1:31; 2:15-17) Ɛda so ara yɛ ne pɛ sɛ nnipa bɛtena ase daa. Sɛ ɔhwɛ nnipa nkwa nna a ɛyɛ tiaa ne amanehunu a ahyɛ mu ma no a, ɛtwa ne nsono mu.—Kenkan Hiob 14:1, 14, 15.

Ɛhe na wɔn a wɔbɛnyane wɔn no bɛtena?

Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ɔntena soro anaa? Dabi. Abɔfo na Onyankopɔn bɔɔ wɔn sɛ wɔntena soro. Ɔbɔɔ onipa sɛ ɔntena asase so. (Genesis 1:28; Hiob 38:4, 7) Wo deɛ hwɛ nnipa a Yesu nyanee wɔn no, ɛhe na wɔtenae? Ɛyɛ asase yi ara so. Enti nnipa a wɔbɛnyane wɔn daakye no, wɔn mu pii bɛtena asase so.—Kenkan Yohane 5:28, 29; 11:44.

Nanso, Onyankopɔn bɛnyane nnipa kakraa bi akɔ soro, na ɔbɛma wɔn honhom nipadua. (Luka 12:32; 1 Korintofoɔ 15:49, 50) Wɔn a wɔbɛnyane wɔn akɔ soro no ne Kristo bɛdi asase so hene.—Kenkan Adiyisɛm 5:9, 10.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 7. Yehowa Adansefo na wotintimii.

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena