Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 12/1 kr. 6-7
  • Ma Obi Mmoa Wo na Te Bible no Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Obi Mmoa Wo na Te Bible no Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • TETE NO, EBINOM NYAA MMOA
  • ƐNNƐ NSO, MMOA WƆ HƆ
  • Intanɛt Dwumadibea Soronko
    Nyan!—2014
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2014
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2014
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 12/1 kr. 6-7

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐTUMI ASUA BIBLE ATE ASE

Ma Obi Mmoa Wo na Te Bible no Ase

Fa no sɛ wei ne bere a ɛdi kan a woretu kwan akɔ obi man so. Sɛ wodu hɔ a, biribiara bɛyɛ wo foforo. Kurom hɔfo, wɔn amammerɛ, wɔn aduane ne wɔn sika bɛtumi ama w’ani so atan wo.

Sɛ worefiri ase asua Bible no a, saa na ɛte. Ɛbɛyɛ wo sɛ nea woatu kwan akɔ tete kuro bi so na biribiara ayɛ wo foforo. Wobɛhu nkurɔfo bi a wɔfrɛ wɔn Filistifo, na wobɛhu sɛ nkurɔfo bi nso wɔ hɔ a wɔn amammerɛ ma wɔtumi ‘sunsuane wɔn ntadeɛ mu.’ Wobɛte aduane bi a wɔfrɛ no mana ho asɛm, na woate sɛ wɔwɔ sika bi a ɛde drakma. (Exodus 16:31; Yosua 13:2; 2 Samuel 3:31; Luka 15:9) Weinom nyinaa bɛtumi ama w’ani so atan wo. Sɛ wokɔ obi man so foforo na sɛ ɔdomfoɔ bi pɛ sɛ ɔyɛ wo mmoa a, ɛrenyɛ wo dɛ?

TETE NO, EBINOM NYAA MMOA

Bɛyɛ mfe 1,600 ansa na wɔrewo Yesu na wɔfirii ase kyerɛw Bible no. Ɛfiri saa bere no nyinaa wɔaboa ebinom ma wɔakenkan emu nsɛm no ate ase. Yɛnhwɛ Mose, Israel kannifo a ɔdi kan no. Ɔfa too ne ho so “kyerɛkyerɛɛ” mmara a wɔakyerɛw no mu.—Deuteronomium 1:5.

Mose wuo akyi bɛyɛ mfe 1,000 no, na nnipa bi da so ara wɔ hɔ a wɔtumi kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu. Bɛyɛ mfe 455 ansa na wɔrewo Yesu no, Yudafo bi boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem abɔnten so maa Bible akyerɛkyerɛfo no “kenkan nokorɛ Nyankopɔn mmara nwoma no den” kyerɛɛ wɔn; ná mmofra mpo ka ho. Wɔankenkan nsɛm no ankyerɛ wɔn kɛkɛ, na mmom “wɔboa maa wɔnyaa akenkan no mu nteaseɛ.”—Nehemia 8:1-8.

Mfe 500 akyi no, Yesu Kristo nso bɛyɛɛ saa ɔkyerɛkyerɛ adwuma no bi. Ɛno nti, na nkurɔfo frɛ no ɔkyerɛkyerɛfo. (Yohane 13:13) Yesu kyerɛkyerɛɛ nnipadɔm ne ankorankoro nyinaa, na ne Bepɔ so Asɛnka a agye din mu no mpo deɛ, ɔkyerɛkyerɛɛ nnipakuo kɛse bi. “Ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no maa nnipakuo no ho dwirii wɔn.” (Mateo 5:1, 2; 7:28) Afe 33, nsutɔ bere mu no, na Yesu asuafo mmienu bi nam kwan so rekɔ akuraa bi a ɛbɛn Yerusalem. Wɔnam kwan so rekɔ no, Yesu kɔkaa wɔn ho na ‘ɔkyerɛɛ Twerɛnsɛm no mu kyerɛɛ wɔn.’—Luka 24:13-15, 27, 32.

Ná Yesu asuafo nso kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm. Bere bi, na Etiopiani panin bi rekenkan Kyerɛwsɛm no fã baabi. Osuani bi a ne din de Filipo kɔɔ ne nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Wote deɛ worekenkan no ase?” Etiopiani no buaa sɛ: “Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate aseɛ?” Afei Filipo kyerɛkyerɛ asɛm no mu kyerɛɛ no.—Asomafoɔ Nnwuma 8:27-35.

ƐNNƐ NSO, MMOA WƆ HƆ

Adwuma a Bible akyerɛkyerɛfo yɛɛ tete no, ɛnnɛ Yehowa Adansefo nso reyɛ bi; wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible no wɔ nsase 239 so. (Mateo 28:19, 20) Nnawɔtwe biara, wɔboa nnipa bɛboro ɔpepem nkron ma wɔsua Bible te ase. Nnipa a wɔkyerɛkyerɛ wɔn no bi wɔ hɔ a, wɔnkɔɔ asɔre da, na wɔn abusuafo mpo nyɛ Kristofo. Bible adesua a Adansefo no ne nkurɔfo yɛ no, wɔnnye sika; wɔbɛtumi ne wo ayɛ adesua no wɔ wo fie anaa baabi foforo biara. Ebinom mpo deɛ, wɔne wɔn yɛ adesua no wɔ fon anaa Intanɛt so.

Yɛsrɛ wo, hwehwɛ Yehowa Adansefo ma wɔnkyerɛ wo sɛnea wɔne nkurɔfo sua Bible no. Wobɛhu sɛ Bible no nyɛ nwoma a wosua a wonte ase, na mmom “ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, ntɛnyie, nneɛma atenetene, tenenee mu ntenesoɔ.” na ɛbɛma ‘wɔafata koraa a wɔasiesie wo yie ama adwuma pa biara.’—2 Timoteo 3:16, 17.

Hwɛ video a wɔato din Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Bible? wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

Hwɛ video a wɔato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn? wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

Wobɛtumi Anya Mmoa wɔ Intanɛt So

Ɔbaa bi te baabi renom tea, na ɔrehwɛ biribi wɔ jw.org wɛbsaet no so

Wopɛ sɛ wo ara wohwehwɛ Bible mu na wohu mu anaa? Ɛnneɛ kɔ jw.org wɛbsaet no so. Wobɛnya Bible ho nsɛm wɔ kasa bɛboro 700 mu a wontua hwee. Wobɛtumi akenkan nsɛmti a ɛdidi so yi ho nsɛm:

Nsɛm a nkurɔfo taa bisa

  • Adɛn nti na yɛwɔ wiase?

  • Adɛn nti na nnipa wu?

  • Yɛwu a, ɛhe na yɛkɔ?

(Kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE)

Asetenam nsɛm

  • Sɛ woboto a, nea wobɛtumi ayɛ

  • Wowɔ yareɛ koankorɔ bi a, dɛn na wobɛyɛ?

  • Sikasɛm ne ɛka

(Kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE)

Mmoa a wɔde ma abusua no

  • Ɔkwan a mobɛfa so agyae akasakasa

  • Sɛnea wobɛtete mmofra yie

  • Boa wo mma ma wɔmmɔ bra pa

(Kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > AWAREFO NE AWOFO)

Afotuo a wɔde ma mmabun

  • Sɛ obi de ɔbaa ne ɔbarima nna ho asɛm teetee wo a, wobɛyɛ dɛn?

  • Sɛ obi resisi wo a, nea ɛsɛ sɛ woyɛ

  • Sɛnea wobɛdi ankonamyɛ so

(Kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > MMABUN)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena