Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 12/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware—Ɛho Da So Hia Anaa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Kristofo Som Wɔ Honhom Ne Nokware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Onyankopɔn Nokwaredifo No A Yebesuasua No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yɛyɛ Dɛn Tie Onyankopɔn?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 12/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAEƐ

Wohwɛ a, yɛbɛtumi ahu Onyankopɔn ho nokwasɛm?

Yehowa Danseni bi a ɔte obi nkyɛn reka asɛm akyerɛ no

Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛhu ne ho nokwasɛm? Kenkan Yohane 17:3

Onyankopɔn aka ne ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ Bible mu. Ɔnam ne honhom kronkron anaa tumi a ɔde yɛ ade no so de ne nsɛm hyɛɛ Bible akyerɛwfo no adwenem. (2 Petro 1:20, 21) Sɛ yɛkenkan Bible a, yɛbɛtumi ahu nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn ho.—Kenkan Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:16.

Wokenkan Bible a, wobɛhu sɛ Onyankopɔn aka ne ho nsɛm pii akyerɛ yɛn. Waka nea enti a ɔbɔɔ nnipa, nea ɔbɛyɛ ama adasamma, ne sɛnea ɔpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra nyinaa akyerɛ yɛn. (Asomafoɔ Nnwuma 17:24-27) Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ yɛhu ne ho nokwasɛm.—Kenkan 1 Timoteo 2:3, 4.

Sɛ obi pɛ nokware a, adɛn nti na Onyankopɔn ani gye ne ho?

Yehowa yɛ nokware Nyankopɔn, na ɔsomaa ne Ba Yesu baa asase so sɛ ɔmmɛkyerɛ nnipa nokware no. Enti obiara a n’ani gye nokware no ho no tumi ka kɔ Yesu ho. (Yohane 18:37) Saafo no na Onyankopɔn pɛ sɛ wɔsom no.—Kenkan Yohane 4:23, 24.

Satan Ɔbonsam ama Onyankopɔn ho atosɛm adɔɔso, wei nti nnipa pii ntumi nsua Onyankopɔn ho nokwasɛm. (2 Korintofoɔ 4:3, 4) Nnipa a wɔmpɛ adepa no, wɔn deɛ saa nkyerɛkyerɛ no yɛ wɔn dɛ. (Romafoɔ 1:25) Nanso nnipa mpempem pii a wɔpɛ adepa resua Bible na ama wɔahu Onyankopɔn ho nokwasɛm.—Kenkan Asomafoɔ Nnwuma 17:11.

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma yi ti 1. Yehowa Adansefo na wɔtintimii

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena