Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp16 nɔma 2 kr. 3-4
  • Asɛm Yi Sii Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛm Yi Sii Ampa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA NOKWASƐM NO MA YEHU
  • YESU WUSƆRE NSO Ɛ?
  • Yesu Wusɔre​—Nea Ɛkyerɛ Ma Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yesu Wusɔre No—Esii Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛmpa No—Abakɔsɛm Anaa Anansesɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Owusɔre No Bɛba Mu Ɔkwan Biara So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
wp16 nɔma 2 kr. 3-4
Wɔreyi Yesu amu afi asɛndua no so, na n’asuafo no gyina akyiri rehwɛ

ASƐM A ƐDA SO | DƐN NTI NA YESU HUU AMANE NA OWUI?

Asɛm Yi Sii Ampa?

Afe 33 osutɔbere mu na wokum Nasareni Yesu. Wotwaa atoro too no so sɛ ɔyɛ ɔmammɔfo, wɔkaa no mpire, na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Yesu wuu owu yawyaw. Nanso, Onyankopɔn nyanee no, na adaduanan akyi no, ɔkɔɔ soro.

Nea wɔde yɛɛ Yesu yi, yebehu ho asɛm wɔ Nsɛmpa nnan no mu. Nsɛmpa nnan no wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a wɔtaa frɛ no Apam Foforo no mu. Enti saa nsɛm no sii ampa? Asɛmmisa yi ho hia paa, efisɛ sɛ saa nsɛm no ansi a, anka Kristofo gyidi yɛ kwa. Afei nso, anka anidaso a nnipa wɔ sɛ wobenya daa nkwa wɔ Paradise no nso bɛyɛ anidaso hunu. (1 Korintofo 15:14) Nanso, sɛ esii ampa a, yebetumi aka sɛ daakye papa bi wɔ hɔ ma adesamma a wo nso woka ho. Ɛnde yemmisa sɛ, nsɛm a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no yɛ anansesɛm, anaa nokwasɛm?

NEA NOKWASƐM NO MA YEHU

Nsɛmpa no mu nsɛm nyɛ bɔsrɛmka, na mmom ɛyɛ nea esii ankasa a akyerɛwfo no tɔɔ wɔn bo ase kyerɛwee no pɛpɛɛpɛ. Nkurow a ɛka ho asɛm no, ɛwɔ hɔ ankasa, na ɛnnɛ obi betumi akɔhwɛ hɔ. Abakɔsɛm akyerɛwfo di adanse sɛ, nnipa a Nsɛmpa no ka wɔn ho asɛm no tenaa ase ampa.​—Luka 3:1, 2, 23.

Abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔtenaa ase wɔ Yesu bere so ne ne wu akyi no kaa Yesu ho asɛm.a Sɛnea na Romafo kum obi a wɔabu no kumfɔ no, saa ara na Nsɛmpa no kyerɛ sɛ wokum Yesu. Afei nso, Nsɛmpa no kaa biribiara a esii no pɛpɛɛpɛ. Anyɛ kata-so-muamua-so biara—nea Yesu asuafo yɛe a enye mpo no, ɛkae. (Mateo 26:56; Luka 22:24-26; Yohane 18:10, 11) Wei nyinaa di adanse sɛ nea Nsɛmpa no akyerɛwfo ka faa Yesu ho no yɛ nokware turodoo.

YESU WUSƆRE NSO Ɛ?

Nnipa pii gye di sɛ Yesu tenaa ase na owui, nanso ne wusɔre no de, ebinom nnye nni. Bere a Yesu asomafo no mpo tee sɛ Yesu asɔre afi awufo mu no, mfiase no wɔannye anni. (Luka 24:11) Nanso, bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asomafo ne asuafo afoforo mpɛn pii no, wogye dii. Bere bi mpo de, nnipa bɛboro 500 de wɔn aniwa ankasa huu no.​—1 Korintofo 15:6.

Asuafo no de wɔn nkwa too asiane mu kaa Yesu wusɔre no ho asɛm akokoduru so. Wɔn a wokum Yesu mpo, asuafo no kaa ne wusɔre ho asɛm kyerɛɛ wɔn. (Asomafo Nnwuma 4:1-3, 10, 19, 20; 5:27-32) Sɛ wɔannyan Yesu a, wohwɛ a anka asuafo pii benya akokoduru a ɛte saa de aka asɛm no? Anokwa, Yesu wusɔre no na ɛmaa Kristosom gyee din tete no, na ɛno ara nso na ama Kristosom agye din nnɛ.

Biribiara a Nsɛmpa no ka fa Yesu wu ne ne wusɔre ho no ma yehu sɛ Yesu wu ne ne wusɔre no yɛ nokware turodoo. Sɛ wotɔ wo bo ase kenkan Nsɛmpa no a, wubehu sɛ nsɛm a ɛwom no nyinaa sisii ampa. Nanso sɛ wuhu nea enti a saa nsɛm no nyinaa sisii a, ɛbɛhyɛ wo den paa. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.

a Tacitus a wɔwoo no bɛyɛ afe 55 mu no kyerɛwee sɛ: “Edin [Kristofo] no fi Kristo mu, na Tiberio nniso mu na yɛn amrado Pontio Pilato kum no.” Wɔn a wɔkaa Yesu ho asɛm nso ne Suetonius (wɔwoo no afe 69); Yudafo abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus (wɔwoo no afe 37 anaa afe 38); ne Pliny Akumaa, Bitinia amrado (wɔwoo no afe 61 anaa afe 62).

Dɛn Nti na Wiase no Nni Yesu Ho Kyerɛwtohɔ Pii?

Yesu gyee din na onyaa nkurɔfo so tumi paa. Enti, ebia obi bɛka sɛ, ɛsɛ sɛ yenya n’asetena ne ne wusɔre ho kyerɛwtohɔ pii ka nea ɛwɔ Bible mu no ho. Nanso ɛnte saa. Adɛn ntia? Nea edi kan no, wɔkyerɛwee Nsɛmpa no bɛyɛ mfe 2,000 ni. Nhoma ahorow a wɔkyerɛw no saa bere no, emu kakraa bi na ɛda so ara wɔ hɔ. (1 Petro 1: 24, 25) Afei nso, na Yesu atamfo dɔɔso, enti na wɔrenhwɛ mma wɔnkyerɛw ne ho asɛm a ɛbɛma nkurɔfo agye no adi.

Petro a na ɔyɛ Yesu asomafo no baako kaa Yesu wusɔre ho asɛm sɛ: “Oyi na da a ɛto so abiɛsa no Onyankopɔn nyan no maa no hokwan sɛ onyi ne ho adi nkyerɛ, ɛnyɛ nnipa nyinaa, na mmom adansefo a Onyankopɔn adi kan apaw wɔn, yɛn a yɛne no didi nomee wɔ ne wusɔre akyi no.” (Asomafo Nnwuma 10:40, 41) Adɛn nti na wannyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa? Mateo Asɛmpa no ma yehu sɛ bere a nyamesomfo a wɔtan Yesu tee ne wusɔre ho asɛm no, wɔbɔɔ mmɔden paa sɛ wɔremma asɛm no ntrɛw.​—Mateo 28:11-15.

Wohwɛ a, na Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo bɛte ne wusɔre no ho asɛm anaa? Ɛnte saa, efisɛ Petro kae sɛ: “Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ nnipa no na yenni adanse fefeefe sɛ Oyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛyɛ ateasefo ne awufo temmufo no.” Nea Petro kae yi, ɛno ara na nokware Kristofo yɛe na wɔda so ara reyɛ saa.​—Asomafo Nnwuma 10:42.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena