Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp16 nɔma 4 kr. 14-15
  • Ntotoho a Ehia Paa sɛ Woyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ntotoho a Ehia Paa sɛ Woyɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐNEA YƐDE YƐN GYIDI BƐTOTO NEA BIBLE KA HO
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Henanom Na Wɔkɔ Ɔsoro, Na Dɛn Ntia?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
wp16 nɔma 4 kr. 14-15

Ntotoho A Ehia Paa Sɛ Woyɛ

WOYƐ Kristoni? Sɛ saa a, ɛnde woka nnipa bɛboro ɔpepepem mmienu a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no ho. Ɛnnɛ, asɔre mpempem pii na ɛwɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso ɛsono nea wɔn mu biara kyerɛkyerɛ. Ebia yɛreka yi mpo, wo gyidi ne Kristofo afoforo deɛ nhyia. Enti nea wugye di ho hia paa? Sɛ wopɛ sɛ wobɔ wo bra sɛ Kristoni sɛnea Bible ka ho asɛm no a, ɛnde ɛho hia.

Yesu Kristo asuafo no na wodii kan frɛɛ wɔn “Kristofo.” (Asomafo Nnwuma 11:26) Saa bere no, na wonhia din foforo biara efisɛ na Kristosom mu mpaapaee. Yesu Kristo a ɔde Kristosom bae no nkyerɛkyerɛ a na wɔde yɛ adwuma nti, na wɔyɛ baako. Asɔre a wokɔ nso ɛ? Sɛ wode nea Kristo kyerɛkyerɛe ne nea na n’asuafo no gye di toto mo de ho a, ɛne no yɛ pɛ? Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ saa na ɛte? Nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ, wode Bible no bɛtoto mo gyidi ne mo nkyerɛkyerɛ ho.

Wode hwɛ o, na Yesu Kristo bu Kyerɛwnsɛm no paa sɛ Onyankopɔn Asɛm. Ebinom a na wɔmfa Onyankopɔn Asɛm no nyɛ hwee na nnipa atetesɛm akyi na wodi no, ɔne wɔn anyɛ adwene. (Marko 7:9-13) Enti, yebetumi aka no pefee sɛ, Yesu akyidifo ankasa paa de, wɔde wɔn gyidi gyina Bible no so. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara bisa ne ho sɛ, ‘Yɛn asɔre nkyerɛkyerɛ gyina Bible no so?’ Sɛ wubetumi abua saa asɛm yi a, gye sɛ wode nea w’asɔre kyerɛkyerɛ no toto nea Bible ka no ho.

Yesu kae sɛ, Onyankopɔn a yɛresom no no, ɛsɛ sɛ yɛsom no wɔ nokware mu. Saa nokware no wɔ Bible mu. (Yohane 4:24; 17:17) Ɔsomafo Paulo kae sɛ, sɛ yebenya nkwa a, gye sɛ yenya “nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Timoteo 2:4) Enti ɛho hia paa sɛ yɛma yɛn gyidi gyina nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no so efisɛ ɛno so na yɛn nkwagye gyina!

SƐNEA YƐDE YƐN GYIDI BƐTOTO NEA BIBLE KA HO

Yɛsrɛ wo, kenkan nsɛmmisa nsia ne ɛho mmuae a Bible de ma a ɛka asɛm yi ho no. Hyɛ kyerɛw nsɛm a wɔakyerɛw no nsow, na dwinnwen mmuae no ho. Afei bisa wo ho sɛ, ‘Nea Bible no reka ne nea m’asɔre kyerɛkyerɛ no hyia?’

Saa nsɛmmisa yi betumi aboa wo ma woayɛ ntotoho a ehia paa. Nneɛma foforo a w’asɔre kyerɛkyerɛ no, woayɛ krado sɛ wode bɛtoto nea Bible no ka ho? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahwehwɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no mu. Wubetumi ne Adansefo no mu baako asua Bible a wuntua hwee anaa woakɔ yɛn wɛbsaet, jw.org/tw.

1 ASƐMMISA: Hena ne Onyankopɔn?

MMUAE: Ɔno ne Yehowa, Yesu Agya, Onyankopɔn a ɔte hɔ daa ne ade nyinaa so Tumfoɔ a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa.

NEA BIBLE NO KA:

“Bere biara a yɛbɛbɔ mpae ama mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase.”—Kolosefo 1:3.

“Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa.”—Adiyisɛm 4:11.

Hwɛ Romafo 10:13; 1 Timoteo 1:17 nso.

2 ASƐMMISA: Hena ne Yesu Kristo?

MMUAE: Yesu yɛ Onyankopɔn abakan. Wɔbɔɔ Yesu enti ɔwɔ mfiase. Yesu hyɛ Onyankopɔn ase na ɔyɛ N’apɛde.

NEA BIBLE NO KA:

“Agya no yɛ kɛse sen me.”—Yohane 14:28.

“[Yesu] ne Onyankopɔn a wonhu no no suban, abɔde nyinaa mu abakan.”—Kolosefo 1:15.

Hwɛ Mateo 26:39; 1 Korintofo 15:28 nso.

3 ASƐMMISA: Dɛn ne honhom kronkron?

MMUAE: Honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ adwuma ma n’apɛde bam. Ɛnyɛ onipa. Honhom kronkron tumi hyɛ nnipa mã, na ɛma wonya tumi.

NEA BIBLE NO KA:

“Elisabet tee Maria nkyia no ara pɛ, akokoaa a ɔhyɛ ne yafunu mu no huruwii; na honhom kronkron hyɛɛ Elisabet mã.”—Luka 1:41.

“Honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi.”—Asomafo Nnwuma 1:8.

Hwɛ Genesis 1:2; Asomafo Nnwuma 2:1-4; 10:38 nso.

4 ASƐMMISA: Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

MMUAE: Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso anaa aban a ɛwɔ soro. Yesu ne Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Ɛrenkyɛ saa Ahenni yi bɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so baabiara.

NEA BIBLE NO KA:

“Ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no. Na nne akɛse gyigyee soro sɛ: ‘Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na obedi hene daa daa.’”—Adiyisɛm 11:15.

Hwɛ Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10 nso.

5 ASƐMMISA: Apapafo nyinaa bɛkɔ soro?

MMUAE: Dabi. Nnipa anokwafo kakraa bi a wɔfrɛ wɔn “nguankuw ketewa” na Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔnkɔ soro. Wɔne Yesu bedi nnipa so hene.

NEA BIBLE NO KA:

“Munnsuro, nguankuw ketewa, efisɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.”—Luka 12:32.

“Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi hene.”—Adiyisɛm 20:6.

Hwɛ Adiyisɛm 14:1, 3 nso.

6 ASƐMMISA: Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase ne nnipa?

MMUAE: Onyankopɔn Ahenni mu no, asase bɛdan paradise na nnipa anokwafo benya asomdwoe afebɔɔ, na wobenya apɔwmuden ne daa nkwa.

NEA BIBLE NO KA:

“Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:10, 11.

“Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Hwɛ Dwom 37:29; 2 Petro 3:13 nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena