Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp16 nɔma 6 kr. 3
  • Nsɛm a Nkurɔfo Bisa Fa Wɔn a Wɔte Ɔsoro no Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm a Nkurɔfo Bisa Fa Wɔn a Wɔte Ɔsoro no Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɔsoro Buei”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Wɔn a Wɔte Ɔsoro no Ho Anisoadehu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Henanom na Wɔwɔ Ahonhom Atrae?
    Nyan!—1996
  • So Wowɔ Honhom a Enwu Da?
    So Wowɔ Honhom a Enwu Da?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
wp16 nɔma 6 kr. 3
Wim mununkum

ASƐM A ƐDA SO | ƆSORO HO ANISOADEHU A ƐMA YENYA NIMDEƐ

Nsɛm A Nkurɔfo Bisa Fa Wɔn A Wɔte Ɔsoro No Ho

Woasusuw ɔsoro ne wɔn a wɔte hɔ no ho pɛn? Sɛ saa a, ɛnde ɛnyɛ wo nko ara na woayɛ saa. Nkurɔfo fi bere tenteenten na aka ho asɛm. Ebinom gye di sɛ yɛn nananom a wɔawuwu na ɛte ɔsoro hɔ, enti ɛsɛ sɛ yɛsom wɔn. Ebinom nso gye di sɛ ɛyɛ baabi a anigye ne asomdwoe wɔ. Wɔsan ka sɛ abɔfo ne nnipa pa a wɔawuwu ahyɛ hɔ ma, enti wɔfrɛ hɔ ɔsoro ahemman mu. Wei nyinaa akyi no, ebinom susuw sɛ ɛyɛ anyame ɔpepem pii no fie.

Nnipa bebree ka sɛ ɔsoro deɛ, yɛyɛ dɛn ara yɛrenhu sɛnea ɛhɔ te efisɛ obiara nkɔɔ hɔ mmae na kampɛsɛ waka ɛhɔ asɛm akyerɛ yɛn. Nanso sɛ obi ka saa a, ɛnyɛ nokware. Yesu Kristo tenaa ɔsoro wɔ ahonhom atenae hɔ ansa na ɔreba asase so. Ɔkaa no pen kyerɛɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ hɔ saa bere no sɛ: “Mifi soro aba sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, ɛnyɛ m’ankasa m’apɛde.” Enti na Yesu reka biribi a n’ankasa nim ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Tenabea pii wɔ m’Agya fie.”​—Yohane 6:38; 14:2.

Yesu Papa ne Onyankopɔn. Ne din de Yehowa. Yehowa “fie” wɔ soro. (Dwom 83:18) Enti Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo paa na wobetumi akyerɛkyerɛ saa beae yi a nnipa ntumi mfa wɔn aniwa nhu no mu yiye akyerɛ yɛn. Wɔama nnipa anokwafo anya ɔsoro ho anisoadehu a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ nwonwa pii.

Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu nea Bible no ka fa anisoadehu pii a nnipa nyae no ho asɛm. Bere a woresusuw saa anisoadehu yi ho no, kae sɛ ahonhom atenae hɔ nte sɛ asase so a yebetumi de yɛn aniwa ahu biribiara na yɛde yɛn nsa aka no. Enti sɛ́ anka Onyankopɔn de nneɛma a yɛrentumi mfa yɛn aniwa nhu bɛkyerɛkyerɛ sɛnea ɔsoro te mu akyerɛ yɛn ma yɛn adwene atu afra no, ɔde nneɛma a yebetumi ahu na yɛate ase na ɛkyerɛkyerɛɛ honhom mu nneɛma mu. Saa anisoadehu yi bɛma woate wɔn a wɔte ɔsoro, baabi a “tenabea pii” wɔ no ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena