Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w16 September kr. 13
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Home?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Woahyɛn Onyankopɔn Home Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Hebrifo 4:12—“Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nkwa, Na Ahoɔden Wɔ Mu”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
w16 September kr. 13
Maame bi ne ne babea regugu nhwiren so nsu wɔ Paradise

“Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa”

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn ne “Onyankopɔn asɛm” a Hebrifo 4:12 ka sɛ ‘ɛwɔ nkwa, na tumi wɔ mu’ no?

Sɛ yɛhwɛ nea na ɔsomafo Paulo reka ho asɛm no a, ɛma yehu sɛ na ɔretwe adwene asi nea Onyankopɔn aka afa n’atirimpɔw ho so, te sɛ nea yehu wɔ Bible mu no.

Yɛtaa ka Hebrifo 4:12 ho asɛm wɔ yɛn nhoma ahorow mu de kyerɛ sɛ Bible wɔ tumi a ɛma obi sesa n’abrabɔ. Sɛ yɛkyerɛ mu saa a, ɛnyɛ mfomso. Nanso, sɛ yesusuw Hebrifo 4:12 ho kɔ akyiri kakra a, ɛbɛboa paa. Ná Paulo rehyɛ Hebrifo Kristofo no nkuran sɛ wɔnyɛ nea ɛne Onyankopɔn atirimpɔw hyia. Yehu Onyankopɔn atirimpɔw ho nsɛm pii wɔ nkyerɛwee kronkron no mu. Paulo de Israelfo a wogyee wɔn fii Egypt no yɛɛ nhwɛso. Ná wɔn anidaso ne sɛ wɔrekɔ bɔhyɛ asase a “nufusu ne ɛwo sen wɔ so” no so. Ɛhɔ na na wobenya ɔhome ankasa.—Ex. 3:8; Deut. 12:9, 10.

Ná ɛno ne Onyankopɔn atirimpɔw. Nanso akyiri yi, Israelfo no pirim wɔn koma, na wɔannye Onyankopɔn anni. Enti wɔn mu dodow no ara anhyɛn saa home no mu. (Num. 14:30; Yos. 14:6-10) Nanso, Paulo de kaa ho sɛ, “bɔhyɛ da so wɔ hɔ sɛ yebetumi ahyɛn [Onyankopɔn] home mu.” (Heb. 3:16-19; 4:1) Ɛda adi pefee sɛ, saa “bɔhyɛ” no ka Onyankopɔn atirimpɔw a wada no adi no ho. Sɛnea Hebrifo Kristofo no yɛe no, yɛn nso yebetumi asua atirimpɔw no ho ade na yɛayɛ ho adwuma. Paulo faa Genesis 2:2 ne Dwom 95:11 mu nsɛm kae de kyerɛe sɛ saa bɔhyɛ no fi Kyerɛwnsɛm no mu.

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye paa sɛ “bɔhyɛ da so wɔ hɔ sɛ yebetumi ahyɛn [Onyankopɔn] home mu.” Yegye di sɛ asɛm a Bible ka sɛ yebetumi ahyɛn Onyankopɔn home mu no yɛ nokware ankasa, enti yɛatu anammɔn a ɛbɛma yɛahyɛn mu. Ɛnyɛ Mose Mmara no so na yɛredi, na saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma foforo bi na yɛreyɛ de ahwehwɛ Yehowa anim dom. Mmom no, esiane sɛ yegye Onyankopɔn di nti, yɛde anigye reyɛ n’atirimpɔw a wada no adi no ho adwuma, na yɛbɛkɔ so ayɛ ho adwuma. Afei nso, sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, nnipa mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa afi ase resua Bible no, na wɔresua Onyankopɔn atirimpɔw a wada no adi no ho ade. Akã wɔn mu dodow no ara koma ama wɔasesa wɔn abrabɔ, wɔada no adi sɛ wɔwɔ gyidi, na wɔabɔ asu abɛyɛ Kristofo. Sɛnea ade a wɔasua no akanyan wɔn no ma yehu paa sɛ, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” Onyankopɔn atirimpɔw a wada no adi wɔ Bible mu no ama yɛn abrabɔ atu mpɔn, na ɛbɛkɔ so ara anya yɛn asetena so tumi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena