Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w16 December kr. 18
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wokae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • So Wokae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Munnyae Adwinnwen
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Sɛ W’awofo Anyɛ Nhwɛso Pa Mpo a, Wubetumi Asom Yehowa
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
w16 December kr. 18

So Wokae?

Woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Bɔne bɛn na na Yesu reka ho asɛm wɔ afotu a ɛwɔ Mateo 18:15-17 no?

Ná ɔreka nsɛmnsɛm a nnipa a ɛfa wɔn ho no ankasa betumi asiesie. Nanso, asɛm no yɛ bɔne a emu yɛ duru a sɛ wɔanhwɛ ansiesie a wobetumi atu obi wɔ ho. Bɔne a yɛreka ho asɛm yi bi ne amimdi anaa ntwatoso a ebetumi asɛe obi din.​—w16.05, kr. 7.

Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woanya Bible akenkan so mfaso paa?

Nea wubetumi ayɛ ni: Nka sɛ, nea merekenkan yi mfa me ho. Mmom, hwehwɛ asuade a wubetumi de abɔ wo bra; bisa wo ho nsɛm bi te sɛ ‘Mɛyɛ dɛn de wei aboa afoforo?’; na fa nnwinnade a wowɔ no yɛ nea woakenkan no ho nhwehwɛmu.​—w16.05, kr. 24-26.

Ɛyɛ bɔne sɛ Kristoni a ogye owusɔre di bedi awerɛhow anaa?

Sɛ Kristoni bi gye owusɔre di a, ɛnkyerɛ sɛ sɛ ne biribi wu a, ɔrentumi nni awerɛhow kɛse. Bere a Sara wui no, Abraham gyam no, anaa osuu no. (Gen. 23:2) Bere bi akyi no, awerɛhow no ano bɛbrɛ ase.​—wp16.3, kr. 4.

Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen ne mmarima nsia a obiara kura dade a Hesekiel ti 9 ka wɔn ho asɛm no gyina hɔ ma henanom?

Ntease a yɛwɔ ne sɛ, wogyina hɔ ma ɔsoro asafodɔm a wɔhwɛ ma wɔsɛee Yerusalem no. Wɔka ho bi na wɔde Harmagedon sɛe no bɛba. Ɛnnɛ, ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no gyina hɔ ma Yesu Kristo a ɔbɛhyɛ wɔn a wobenya daa nkwa no agyirae no.​—w16.06, kr. 16-17.

Ɔhaw ahorow bɛn na antumi ansɛe Bible no?

Ɔhaw a antumi ansɛe Bible no bi ni: (1) Ná mmɛw krataa ne aboa nhoma a wɔkyerɛw so no betumi asuw anaa atetew; (2) atumfoɔ ne nyamesom akannifo yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsɛe no; ne (3) ebinom bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa emu nsɛm no.​—wp16.4, kr. 4-7.

Nneɛma bɛn na Kristoni bɛyɛ de ayɛ ne ho awiɛmfoɔ?

Hu nea wuhia ankasa, na nsɛe sika sɛnea ɛnsɛ. Yɛ sikasɛm ho nhyehyɛe a ɛfata. Tow nneɛma a wunhia gu, tɔn, anaa fa kyɛ, na tuatua wo ho aka biara. Tew bere a wode yɛ honam fam adwuma so, na yɛ nhyehyɛe fa trɛw wo som adwuma mu.​—w16.07, kr. 10.

Dɛn na Bible ka sɛ ɛsom bo sen sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ?

Hiob 28:12, 15 ma yehu sɛ Onyankopɔn nyansa som bo sen sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ. Enti sɛ worehwehwɛ a, bɔ mmɔden brɛ wo ho ase, na ma wo gyidi nyɛ den.​—w16.08, kr. 18-19.

Ɛnnɛ, ɛfata sɛ onuabarima bi gyaw abogyesɛ anaa?

Mmeae bi wɔ hɔ a, ebia ɛhɔfo bu abogyesɛ a wɔatwitwa so fɛfɛɛfɛ sɛ ade a nidi wom, na ɛnyɛ ade a ɛremma nkurɔfo ntie Ahenni ho asɛmpa no. Nanso, ebia anuanom binom beyi wɔn de. (1 Kor. 8:9) Mmeae bi nso, mmarima nnyaw abogyesɛ, na wobu no sɛ ɛmfata sɛ Kristofo begyaw abogyesɛ.​—w16.09, kr. 21.

Adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Dawid ne Goliat ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no yɛ nokware?

Nnansa yi mpo, nipa a wɔahu sɛ ɔware paa wɔ wiase nyinaa no, Goliat tenten boro ne de so sɛntimita 15 pɛ. Dawid yɛ onipa a ɔtenaa ase ankasa. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu ɔbo bi a wɔakyerɛw so “Dawid fie.” Bio nso, Yesu Kristo kaa Dawid ho asɛm sɛ ɔyɛ onipa a ɔtenaa ase ankasa. Asase ho nsɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ ne nokwasɛm a wogye tom hyia.​—wp16.5, kr. 13.

Ɔkwan bɛn so na ɛsono nyansa, ɛnna ɛsono nimdeɛ ne ntease?

Obi a ɔwɔ nimdeɛ boaboa nsɛm ano. Obi a ɔwɔ ntease tumi hu sɛnea asɛm bi fa asɛm foforo ho. Nanso, obi a ɔwɔ nyansa de, otumi de nimdeɛ ne ntease bom yɛ adwuma ma mfaso ba so.​—w16.10, kr. 18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena