Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp17 nɔma 3 kr. 3
  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Woba Mu Sɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Woba Mu Sɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adiyisɛm No Mu Apɔnkɔ Sotefo A Wɔn Ho Yɛ Nwonwa No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Apɔnkɔ Sotefo No Ho Ahintasɛm No A Wohu Nea Ɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nnianim Nsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
wp17 nɔma 3 kr. 3
Apɔnkɔ nnan no retu mmirika

ASƐM A ƐDA SO | NNIPA NNAN A WƆTETE APƆNKƆ SO—DWUMA A WƆREDI NO KA WO SƐN?

Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Woba Mu Sɛn?

Apɔnkɔ ahoɔdenfo nnan bi yii wɔn ti prɛko pɛ! Mmirika a wɔde nti, wote sɛ wɔn nnan ase regyigye. Saa apɔnkɔ yi ne wɔn a wɔtete so no ho asɛm wɔ Bible mu. Sɛnea asɛm no te no, sɛ obiara kan a ne ho dwiriw no! Pɔnkɔ a odi kan no kɔla yɛ fitaa. Nea ɔte so no yɛ ɔhene foforo bi a wɔahyɛ no anuonyam, na ɔhyɛ ahemmotiri. Pɔnkɔ a odi n’akyi no, ne kɔla te sɛ ogya. Nea ɔte so no yii asomdwoe fii asase nyinaa so. Pɔnkɔ a ɔto so mmiɛnsa no yɛ tumm paa te sɛ anadwo dasum. Nea ɔte so no kura nsenia wɔ ne nsam, na ɛnne bi de awerɛhosɛm bi too gua sɛ, aduan ho bɛyɛ den. Pɔnkɔ a ɔto so nnan no kɔla te sɛ nsõ. Ɔde yare ne nneɛma a ɛyɛ hu na ɛnam, na Owu ankasa na ɛte ne so. Adamoa di n’akyi pɛɛ. Wei yɛ adesamma nyinaa adamoa; ɛfa nnipa a wowuwu nyinaa!—Adiyisɛm 6:1-8.

“Bere a edi kan a mekan nnipa nnan a wɔtete apɔnkɔ so no ho asɛm no, ehu kaa me. Ná ɛyɛ me sɛ Atemmu Da reba. Esiane sɛ na memmoaa me ho nti, na minim sɛ merennya nkwa.”—Crystal.

“Nnipa nnan a wɔtete apɔnkɔ a ɛsono wɔn mu biara kɔla so no, bere a mekan wɔn ho asɛm no midwen ho paa. Nanso bere a mebɛtee anisoadehu no ase no, mihuu sɛ ɛtɔ asom.”—Ed.

Adwene a Crystal nyae wɔ apɔnkɔsotefo nnan a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ho no, ɛno ara bi na wowɔ? Anaa wotee nka te sɛ Ed? Adiyisɛm nhoma no ne Bible mu nhoma a etwa to. Sɛ yɛreka nsɛm a nkurɔfo nim paa wɔ Adiyisɛm nhoma no mu a, emu baako ne nnipa nnan a wɔka apɔnkɔ ahoɔden so no. Wunim sɛ, wote anisoadehu yi ase a ɛbɛboa wo anaa? Ɛbɛboa wo sɛn? Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, nkɔmhyɛ nhoma yi, sɛ wokan, wusua, na wode nea wɔakyerɛw wom no bɔ wo bra a, w’ani begye paa.—Adiyisɛm 1:1-3.

Ɛwom, sɛ ebinom kan nnipa nnan a wɔtete apɔnkɔ so no ho asɛm a, ehu ka wɔn. Nanso wɔankyerɛw sɛ enhunahuna obiara. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa ɔpepem pii akenkan saa anisoadehu yi, na wɔahu sɛ ahyɛ wɔn gyidi den. Ama wɔanya daakye ho anidaso a edi mũ mpo. Wo nso, ebetumi ahyɛ wo den! Yɛsrɛ wo, kenkan asɛm a edi hɔ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena