Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp17 nɔma 5 kr. 7-8
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ABƆFO BOAA KRISTOFO ASAFO A NA EDI KAN NO
  • SƐNEA ABƆFO BETUMI ABOA WO
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Mmoa a Yenya Fi Onyankopɔn Abɔfo Hɔ
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
wp17 nɔma 5 kr. 7-8

ASƐM A ƐDA SO | ABƆFO​—ENTI WƆWƆ HƆ AMPA? NEA ENTI A ƐFA YƐN HO

Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo

Abɔfo anokwafo ani gye nea nnipa yɛ ho paa, na wɔboa ma Yehowa apɛde yɛ hɔ. Bere a Onyankopɔn bɔɔ asase no, abɔfo “boom too ahurusi dwom, na Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose.” (Hiob 38:4, 7) Nkɔmhyɛ a ɛma yehu nea daakye ebesisi wɔ asase so no, efi teteete nyinaa abɔfo pɛ “sɛ wɔpɛɛpɛe” mu.—1 Petro 1:11, 12.

Bible ma yehu sɛ, ɛtɔ mmere bi a abɔfo bɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ. (Dwom 34:7) Nhwɛso ahorow bi ni:

  • Bere a Yehowa sɛe Sodom ne Gomora no, abɔfo boaa Lot ne n’abusua ma woguanee.—Genesis 19:1, 15-26.

  • Tete Babilon nso, bere a wɔtow Hebrifo mmerante mmiɛnsa guu fononoo a ogya wom mu no, Onyankopɔn ‘somaa ne bɔfo ma okoyii ne nkoa’ no.—Daniel 3:19-28.

  • Wɔde ɔtreneeni Daniel too gyata amoa mu. Ade kyee no ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Onyankopɔn “asoma ne bɔfo ma wabemuamua agyata no ano,” enti hwee anyɛ no.—Daniel 6:16, 22.

Ɔbɔfo bi rebɔ Daniel ho ban afi agyata ho

Efi teteete na abɔfo aboa nnipa anokwafo

ABƆFO BOAA KRISTOFO ASAFO A NA EDI KAN NO

Ɛtɔ mmere bi a, na Onyankopɔn abɔfo de wɔn ho gye Kristofo asafo a wodi kan no nsɛm mu, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa apɛde bɛyɛ hɔ. Yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi:

  • Ɔbɔfo bi buee afiase apon, na ɔka kyerɛɛ asomafo a wɔda afiase hɔ no sɛ wɔnkɔ asɔrefie hɔ nkɔka asɛmpa no.—Asomafo Nnwuma 5:17-21.

  • Ɔbɔfo bi maa ɔsɛmpakafo Filipo ahyɛde sɛ ɔnkɔ sare kwan a efi Yerusalem kɔ Gasa no so, na ɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ Etiopiani bi a na wɔakɔsom wɔ Yerusalem reba.—Asomafo Nnwuma 8:26-33.

  • Onyankopɔn bere a wahyɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo betumi abɛyɛ Kristofo no soe. Enti ɔbɔfo bi yii ne ho adi wɔ anisoadehu mu kyerɛɛ Romafo sraani panyin Kornelio, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnto nsa mfrɛ ɔsomafo Petro mmra ne fie.—Asomafo Nnwuma 10:3-5.

  • Bere a wɔde ɔsomafo Petro too afiase no, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ no na oyii no fii afiase.—Asomafo Nnwuma 12:1-11.

SƐNEA ABƆFO BETUMI ABOA WO

Adanse biara nni hɔ sɛ ɛnnɛ Onyankopɔn nam abɔfo so boa nkurɔfo wɔ anwonwakwan so sɛnea na ɛte wɔ Bible mmere mu no. Nanso Yesu kaa yɛn bere yi ho asɛm sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Wunim sɛ abɔfo reboa Kristo asuafo no wɔ asɛmpaka adwuma no mu anaa?

Trɔk a nhoma gu so si hɔ, na nkurɔfo nam ho

Abɔfo boa ma yɛka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa

Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no ma yehu sɛ abɔfo bɛboa nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ma wɔasua Yehowa Nyankopɔn ne nea enti a ɔbɔɔ asase ne nnipa no ho ade. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Mihuu ɔbɔfo foforo a ɔnam wim a okura daa asɛmpa sɛ anigyesɛm a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa, na ɔteɛɛm sɛ: ‘Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu, enti monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nsuti no.’” (Adiyisɛm 14:6, 7) Ɛnnɛ, yɛwɔ osuahu pii a ɛkyerɛ sɛ abɔfo reboa Ahenni ho asɛmpaka adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no. Anokwa, sɛ ɔdebɔneyɛfo baako mpo sakra na ɔsan ba Yehowa nkyɛn a, “anigye ba Onyankopɔn abɔfo mu.”—Luka 15:10.

Sɛ asɛmpaka adwuma no ba awiei a, dɛn na ebesi? Abɔfo “asafodɔm a wɔwɔ ɔsoro no” bɛboa Yesu Kristo a ɔyɛ ahene mu Hene no ma wɔako wɔ Harmagedon, “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.” (Adiyisɛm 16:14-16; 19:14-16) Sɛ Awurade Yesu bu atɛn na ‘ɔde aweredi ba wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so’ a, abɔfo a wɔwɔ tumi bɛka ne ho ama wɔasɛe nnebɔneyɛfo.—2 Tesalonikafo 1:7, 8.

Enti nya awerɛhyem sɛ abɔfo no dwen wo ho paa. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no, abɔfo no pɛ sɛ esi wɔn yiye. Afei nso, Yehowa nam abɔfo so abɔ ne nkurɔfo ho ban ahyɛ wɔn den.—Hebrifo 1:14.

Ɛnde, yɛn mu biara wɔ gyinae titiriw bi a ɛsɛ sɛ osi. Asɛmpa a wɔreka wɔ wiase nyinaa no, yebetie na yɛadi so anaa? Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no ani begye sɛ wɔbɛboa wo ama woanya Onyankopɔn abɔfo ahoɔdenfo no so mfaso.

Nea Bible ka fa abɔfo anokwafo ne asoɔdenfo ho no, wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 10. Yehowa Adansefo na wɔyɛe. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena