Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp17 nɔma 6 kr. 3
  • “Ɛno Ne Akyɛde a Ne Sɛso Nni Hɔ a Me Nsa Aka””

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɛno Ne Akyɛde a Ne Sɛso Nni Hɔ a Me Nsa Aka””
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Rehwehwɛ Akyɛde a Ne Sɛso Nni Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Wowɔ Ɔma Honhom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Bi Nni—Adɛn Nti na Ɛsom Bo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Akyɛde a Ɛso Bi Nni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
wp17 nɔma 6 kr. 3
Abaayewa bi kura kraman, ɔbaa bi kura kɔmputa, ɔbarima bi kura anniversary kaad a wɔde nsa ayɛ

ASƐM A ƐDA SO | AKYƐDE BƐN NA NE SƐSO NNI HƆ?

“Ɛno Ne Akyɛde a Ne Sɛso Nni Hɔ a Me Nsa Aka”

Bere a wɔkyɛɛ abaayewa bi a wadi mfe 13 kraman no, saa na ɔkae. Ɔbea bi a adwuma ama asi no yiye nso kaa sɛ, bere a na ɔwɔ ntoaso sukuu no, ne Papa kyɛɛ no kɔmputa, na ɛno na ɛsesaa n’asetena. Ɔbarima bi a ɔwaree nkyɛe nso, bere a wonyaa afe no, ne yere de ne nsa yɛɛ kaad maa no. Ɔbarima no tee nka sɛ ɛno ne akyɛde a ne sɛso nni hɔ a ne nsa aka.

Afe biara, sɛ edu bere titiriw bi a, nnipa bebree de mmere pii yɛ nea wobetumi biara sɛ wobenya akyɛde a “ne sɛso nni hɔ” ama wɔn adamfo anaa wɔn busuani. Saa nkurɔfo yi mu dodow no ara nyae a anka nnipa no bɛkyerɛ ho anisɔ te sɛ nea yɛaka wɔ mfiase no. Wo nso ɛ? Wopɛ sɛ wokyɛ obi ade ma n’ani sɔ paa? Anaa wopɛ sɛ wunya akyɛde a ɛbɛsom bo ama wo paa?

Obiara nyaa no saa a anka ɔpɛ. Sɛ obi nya akyɛde a, ɛma n’ani gye. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara ne asɛm no. Mmom no, sɛ obi kyɛ ade nso a, ɛwɔ sɛnea ɔte nka. Bible ka sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Ɛwom, sɛ obi kyɛ ade na n’ani betumi agye kɛse a, gye sɛ nea ɔkyɛɛ no ade no ani sɔ akyɛde no paa.

Sɛ saa a, dɛn na wobɛyɛ na sɛ wokyɛ obi ade a, wo ne no nyinaa ani agye kɛse? Sɛ wuntumi mma obi akyɛde a “ne sɛso nni hɔ” mpo a, dɛn na wobɛyɛ na nkurɔfo ani asɔ w’akyɛde paa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena