Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp17 nɔma 6 kr. 12-14
  • Bible No​—Adɛn Nti na Yɛwɔ Ahorow Pii Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible No​—Adɛn Nti na Yɛwɔ Ahorow Pii Saa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BIBLE A WODII KAN YƐE
  • HELA SEPTUAGINT
  • LATIN VULGATE
  • WƆYƐƐ NKYERƐASE AHOROW PII
  • “Septuagint” No—Mfaso Wɔ So Tete ne Nnɛ Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Ɔfã a Edi Kan—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Yehowa, Onyankopɔn a Ɔne Nnipa Kasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
wp17 nɔma 6 kr. 12-14
Bible ahorow; nea wɔakyerɛw, nea wɔatintim, ne nea ɛwɔ fon so

Bible no​—Adɛn Nti na Yɛwɔ Ahorow Pii Saa?

Adɛn nti na ɛnnɛ yɛwɔ Bible nkyerɛase pii saa? Wohwɛ nkyerɛase ahorow a ɛnnɛ wɔayɛ no a, ɛboa ma yɛte Bible ase anaa ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase? Sɛ wuhu nea ɛma wɔyɛɛ saa nkyerɛase no a, ebetumi aboa wo ama woahu nkyerɛase a eye.

Yɛnhwɛ eyi ansa. Hena na odii kan kyerɛw Bible no, na bere bɛn na ɔkyerɛwee?

BIBLE A WODII KAN YƐE

Bible no, wɔtaa kyɛ mu afã mmienu. Ɔfã a edi kan no yɛ nhoma 39 na aka abom. “Onyankopɔn nsɛm kronkron” na ɛwom. (Romafo 3:2) Onyankopɔn de ne honhom kaa mmarima anokwafo bi ma wɔkyerɛw saa nhoma yi. Egyee mmere tenten paa ansa na wɔrewie; bɛyɛ mfe 1,100. Wofii ase afe 1513 A.Y.B., na wowiee bɛyɛ afe 443 A.Y.B. akyi. Wɔkyerɛw dodow no ara wɔ Hebri kasa mu, enti yɛfrɛ saa ɔfã no Hebri Kyerɛwnsɛm. Wɔsan frɛ no Apam Dedaw.

Ɔfã a ɛto so mmienu no, nhoma 27 na aka abom. Ɛno nso yɛ “Onyankopɔn asɛm.” (1 Tesalonikafo 2:13) Onyankopɔn de ne honhom kaa Yesu Kristo asuafo anokwafo ma wɔkyerɛw saa nhoma yi. Annye bere tenten pii, egyee bɛyɛ mfe 60. Wofii ase bɛyɛ afe 41 Y.B., na wowiee afe 98 Y.B. Wɔkyerɛw emu dodow no ara wɔ Greek anaa Hela kasa mu, enti wɔfrɛ ɔfã no Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm. Wɔsan frɛ no Apam Foforo.

Saa nhoma 66 yi na ɛka bom yɛ Bible no. Ne nyinaa yɛ nsɛm a efi Onyankopɔn hɔ ma nnipa. Nanso, adɛn nti wɔsan yɛɛ Bible nkyerɛase afoforo? Nea enti a ɛte saa no, emu atitiriw mmiɛnsa ni.

  • Sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo benya Bible wɔ wɔn kurom kasa mu akenkan.

  • Sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyiyi mfomso nketenkete bi a wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no yɛe, na ama ayɛ sɛ nea na ɛte mfiase no.

  • Sɛnea ɛbɛyɛ a kasa a atwam no, wobeyiyi afi mu de nnɛɛmafo kasa ahyɛ mu.

Bible nkyerɛase ahorow a wodii kan yɛe no, yɛnhwɛ emu mmienu ne sɛnea wɔde nsɛm yi yɛɛ adwuma wom.

HELA SEPTUAGINT

Bɛyɛ mfe 300 ansa na Yesu reba asase so no, Yudafo nhomanimfo fii ase kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase kɔɔ Hela mu. Wɔbɛfrɛɛ saa nkyerɛase yi Hela Septuagint. Adɛn nti na wɔyɛɛ saa nkyerɛase no? Saa bere no, na Yudafo bebree nka Hebri, mmom na wɔka Hela. Enti na eyi bɛboa wɔn ama wɔate “nkyerɛwee kronkron” no ase yiye.—2 Timoteo 3:15.

Ná nnipa ɔpepem pii nso wɔ hɔ a wɔnyɛ Yudafo, nanso wɔka Hela kasa. Enti, na Septuagint no bɛboa wɔn ama wɔahu nea Bible kyerɛkyerɛ. Ɔkwan bɛn so? Ɔbenfo W. F. Howard kaa sɛ: “Efi afeha a edi kan no mfinimfini hɔ baabi no, ɛbɛyɛɛ Bible a Kristofo Asɔre no de di dwuma. Ná wɔn asɛmpatrɛwfo kɔ hyiadan ahorow mu ‘de kyerɛwnsɛm no kodi adanse sɛ Yesu ne Mesia no.’” (Asomafo Nnwuma 17:3, 4; 20:20) Bible ho nhomanimfo F. F. Bruce kaa sɛ, eyi ne ade baako nti a ankyɛ koraa Yudafo bebree “ani annye Septuagint no ho bio” no.

Yesu asuafo no nsa kaa Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nkakrankakra, na wɔde kaa Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔakyerɛ ase ayɛ no Septuagint no ho. Ne nyinaa ka boom bɛyɛɛ Bible a ɛnnɛ yekura no.

LATIN VULGATE

Wɔkyerɛw Bible no wiei bɛyɛ mfe 300 akyi no, nyamesom ho ɔbenfo Jerome kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Latin kasa mu, na akyiri yi wɔbɛfrɛɛ nkyerɛase yi Latin Vulgate. Ná Latin nkyerɛase ahorow bebree wɔ hɔ, ɛnde adɛn nti na na ehia sɛ ɔyɛ foforo? Nhoma bi kaa sɛ, “nsɛm no bi wɔ hɔ a wɔanka no yiye, ebi wɔ hɔ a wɔatĩ, wɔde bi nso ahyehyɛ mu ɛnna wɔayi bi afi mu.” Enti, na Jerome pɛ sɛ ɔyɛ no yiye.—The International Standard Bible Encyclopedia.

Jerome siesiee saa mfomso no mu bebree. Nanso akyiri yi, asɔre mpanyimfo no sɛee asɛm no koraa! Wɔde too gua sɛ Latin Vulgate nko ara ne Bible nkyerɛase a wogye tom, na wɔyɛɛ saa mfehaha pii! Sɛ́ anka Vulgate no bɛma nkurɔfo a wɔba fam ate Bible ase no, ɛmaa ɛyɛɛ den mmom sɛ wɔbɛte ase. Efisɛ eduu bere bi no, na nnipa pii nte Latin no koraa.

WƆYƐƐ NKYERƐASE AHOROW PII

Saa bere no nyinaa, na nkurɔfo reyɛ Bible nkyerɛase afoforo. Ebi ne Syriac Peshitta a agye din paa no. Wɔyɛɛ no bɛyɛ afeha a ɛto so nnum Y.B. Nanso, ɛyɛ afeha a ɛto so 14 yi ara na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no ase akɔ nnipa dodow no ara kurom kasa mu.

Sɛnea na kasa a atwam akyekyere nkurɔfo no, John Wycliffe a na ɔwɔ England fii ase ma wɔdee wɔn ho fii ho wɔ afeha a ɛto so 14 mu. Ɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Borɔfo kasa mu ma nnipa a na wɔba fam mpo tumi tee ase. Ɛno akyi no, ankyɛ na Johannes Gutenberg nhomatintim afiri boaa Bible ho nhomanimfo ma wɔyɛɛ Bible nkyerɛase afoforo wɔ kasa ahorow pii mu, na wɔkyekyɛɛ no wɔ Europe nyinaa.

Bere a wɔyɛɛ nkyerɛase pii wɔ Borɔfo kasa mu no, ebinom kasa tiae sɛ ɛho nhia sɛ wɔyɛ nkyerɛase pii wɔ kasa koro no ara mu. Afeha a ɛto so 18 mu no, ɔsɔfo John Lewis a na ofi England kyerɛwee sɛ: “Kasa tumi twam, na ɛma ntease no tumi yera. Enti ɛho hia sɛ wɔsan hwɛ Nkyerɛase ahorow a akyɛ no bio, na wɔde Kasa a seesei nkurɔfo ka no kyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔwɔ hɔ no bɛte ase.”

Ɛnnɛ, Bible ho abenfo betumi ahwɛ Bible nkyerɛase a akyɛ no ayɛ no yiye asen bere foforo biara. Tete kasa a wɔde kyerɛw Bible no, seesei wɔte ase yiye paa. Afei nso nnansa yi, wɔahu Bible nsaano nkyerɛwee ahorow a ebetumi aboa wɔn paa. Eyi boa wɔn ma wotumi hu nea na ɛwɔ Bible a wodii kan kyerɛwee no mu ankasa.

Enti Bible nkyerɛase ahorow a wɔayɛ no nnansa yi no, mfaso wɔ so paa. Ɛwom, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nkyerɛase no bi ho.a Nanso wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no, sɛ wɔma ɔdɔ amapa a wɔwɔ ma Onyankopɔn ka wɔn ma wɔyɛ nkyerɛase foforo bi a, yebetumi anya wɔn adwuma no so mfaso paa.

Sɛ wopɛ sɛ wokenkan Bible no wɔ wo kasa mu wɔ Intanɛt so anaa wo fon so a, kɔ www.jw.org/tw. Kɔ NHOMA > BIBLE.

a Hwɛ asɛm a yɛato din “Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase a Eye?” a ɛwɔ May 1, 2008 Ɔwɛn-Aban mu no.

ONYANKOPƆN DIN KRONKRON WƆ BIBLE MU

Septuagint nsaano nkyerɛwee no fã bi a Yesu bere so na ɛwɔ hɔ; Onyankopɔn din wɔ so

Septuagint nsaano nkyerɛwee no fã bi a Yesu bere so na ɛwɔ hɔ; Onyankopɔn din wɔ so

Wohwɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu a, wɔde Onyankopɔn din kronkron Yehowa no di dwuma wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Borɔfo Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no, bebree nte saa. Wɔde “Awurade” mmom ahyɛ anan. Kasa asekyerɛfo binom ka sɛ, ade baako nti a wɔayɛ saa ne sɛ, Tetragrammaton (YHWH) a egyina hɔ ma Onyankopɔn din ankasa no ampue wɔ Hela Septuagint a wɔkyerɛɛ ase fii Hebri Kyerɛwnsɛm mu no. Nanso, ɛyɛ nokware anaa?

Afeha a ɛto so 20 no mfinimfini hɔ baabi no, wohuu Septuagint n’afã bi a ayɛ dedaw paa. Yesu bere so nyinaa na ɛwɔ hɔ. Wɔakyerɛw Onyankopɔn din kronkron no wɔ Hebri kasa mu wɔ so. Ɛbɛyɛ sɛ akyiri yi, wɔn a wɔhwɛɛ Bible so kyerɛw bi no yii Onyankopɔn din fii mu, na wɔde Hela asɛmfua Kyʹri·os a ɛkyerɛ “Awurade” hyɛɛ anan. Wohwɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu a, wɔde Onyankopɔn din no ahyehyɛ mmeae a ɛfata sɛ ɛhyɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu.

BIBLE NO, WƆASƐE NO ANAA?

Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee; Yesaia de no

Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee; Yesaia de no, adi mfe 2,000. Ɛne nsɛm a ɛwɔ Bible mu seesei no sɛ paa

Ɛyɛ nokware, wɔn a wɔhwɛɛ Bible so kyerɛw bi no dii mfomso nketenkete bi wom. Nanso saa mfomso no, ebiara ansɛe Bible no. “Kyerɛwsɛm biara nni hɔ a mfomso nketenkete a ɛwom nti ɛsɛe nkyerɛkyerɛ titiriw a Kristofo gyidi gyina so no.”​—Our Bible and the Ancient Manuscripts.

Yudafo akyerɛwfo no mpo de, wɔyɛɛ mfomso kakraa bi pɛ. “Yudafo akyerɛwfo a wɔwɔ tete Kristofo bere so no hwɛɛ Hebri Bible no so kyerɛw bi, na wɔsan hwɛɛ nea wɔakyerɛw no so kyerɛw foforo; nanso wɔkyerɛw no pɛpɛɛpɛ.”​—Second Thoughts on the Dead Sea Scrolls.

Nhwɛso bi ni. Wohuu Yesaia nhoma mmobɔwee bi wɔ Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no mu. Ná anyin sen nea ɛwɔ hɔ dedaw no mfe 1,000. Sɛ wode toto nea ɛwɔ hɔ nnɛ no ho a, ɛte sɛn? “Ɛwom ara a, wɔde asɛmfua bi ka ho anaa woyi bi fi mu.”​—The Book. A History of the Bible.

Wɔn a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi no, ebinom antɔ wɔn bo ase, enti wɔsesaa nsɛmfua, nkyerɛwde anaa nsɛm bi. Nanso, nnansa yi wotumi hu saa mfomso nketenkete no yɛ no yiye. “Tete nhoma biara nni wiase a wodi ho adanse sɛ edi mu pɛpɛɛpɛ te sɛ Apam Foforo no.”​—The Books and the Parchments.

“Agyidifo a ɛhaw wɔn no betumi anya awerɛhyem sɛ, Bible mu nsɛm a wodii kan kyerɛw wɔ Egypt no, ɛmfa ho sɛ wɔahwɛ so akyerɛw no mpɛn pii wɔ mmeae a wɔkyerɛw nhoma na wɔatintim no mpɛn pii wɔ mmeae a wotintim nhoma wɔ Europe no, besi nnɛ nsɛm no nsesae.”​—The Book. A History of the Bible.

Enti Bible no, wɔasɛe no anaa? Dabida!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena