Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w17 January kr. 22-26
  • Wokɔ Sɔhwɛ Mu Mpo a Wubetumi Akɔ So Abrɛ Wo Ho Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wokɔ Sɔhwɛ Mu Mpo a Wubetumi Akɔ So Abrɛ Wo Ho Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐ YƐN TEBEA SESA A YƐBƐYƐ DƐN?
  • SƐ WƆKASA TIA YƐN ANAA WƆKAMFO YƐN A, DƐN NA YƐBƐYƐ?
  • BERE A ƐSƐ SƐ YESI BIRIBI HO GYINAE
  • ƐSƐ SƐ YƐBRƐ YƐN HO ASE
  • Ahobrɛase Ho Da So Ara Hia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Ahobrɛase Su a ɛde Asomdwoe Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • “Ahobrɛasefo Na Nyansa Ne Wɔn Te”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • ‘Abrabɔ Pa Ahorow No Mu Nea Ɛba Fam Sen Biara’ Anaasɛ Nea Wobu No Sɛ Ɛsom Bo Kɛse?
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
w17 January kr. 22-26
Akwakoraa bi redaadaa odiyifo a ofi Yuda

Wokɔ Sɔhwɛ Mu Mpo a Wubetumi Akɔ So Abrɛ Wo Ho Ase

‘Brɛ wo ho ase ne wo Nyankopɔn nnantew.’​—MIKA 6:8.

NNWOM: 48, 95

ƆKWAN BƐN SO NA AHOBRƐASE BETUMI ABOA YƐN AMA . . .

  • asi yɛn yiye wɔ ɔsom adwuma a yɛreyɛ mu?

  • sɛ wɔkasa tia yɛn anaa wɔkamfo yɛn a, ɛrempira yɛn?

  • sɛ yehyia ɔhaw a, yebetumi asisi gyinae pa?

1-3. Dɛn na odiyifo bi a ofi Yuda anyɛ, na dɛn na efii mu bae? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

BERE a Ɔhene Yeroboam di ade wɔ Israel no, da bi Yehowa somaa odiyifo bi fii Yuda sɛ ɔnkɔka atemmusɛm bi a ano yɛ den nkyerɛ no. Nea ɛbae ne sɛ, na Israel hene no awae afi nokware som ho. Ná odiyifo yi brɛ ne ho ase, enti ɔkɔkaa Onyankopɔn atemmusɛm no pɛpɛɛpɛ. Ɔhene no bo fuw no, nanso Yehowa twitwa gyee no.​—1 Ahe. 13:1-10.

2 Bere a odiyifo no resan akɔ ne kurom no, ohyiaa akwakoraa bi a ofi Betel. Akwakoraa no ka kyerɛɛ no sɛ ɔyɛ Yehowa diyifo. Ná Yehowa aka akyerɛ ne diyifo a ofi Yuda no sɛ ɔkɔ Israel a, ‘mma onnidi, na ɔnnom nsu wɔ hɔ. Ɔkwan a ɔbɛfa so akɔ no, mma ɔnsan mfa so mma.’ Nanso odiyifo akwakoraa no daadaa no. Yehowa ani annye asoɔden a ɔyɛe no ho. Enti bere a ɔresan akɔ ne kurom no, gyata bi tow hyɛɛ no so kum no.​—1 Ahe. 13:11-24.

3 Odiyifo a ɔbrɛ ne ho ase sei deɛ, dɛn nti na ɔyɛɛ ahantan kodii akwakoraa daadaafo yi akyi? Bible no anka. Ebetumi aba sɛ ne werɛ fii koraa sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ so ‘brɛ ne ho ase ne Onyankopɔn nantew.’ (Kenkan Mika 6:8.) Bible mu no, sɛ yɛka sɛ obi ne Yehowa renantew a, ɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho ato no so na ogyina ne tumidi akyi. Afei odi n’akwankyerɛ so. Obi brɛ ne ho ase a, bere nyinaa ɔne n’Agya, ade nyinaa so Tumfoɔ a ɔdɔ yɛn no di nkitaho. Enti asɛm a odiyifo akwakoraa no ka kyerɛɛ no no, anka ɛsɛ sɛ odi kan bisa Yehowa, nanso Kyerɛwsɛm no anka sɛ ɔyɛɛ saa. Yɛn nso, ɛtɔ da a ehia sɛ yesi gyinae kɛse bi, nanso ebia na yenhu kwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so. Sɛ yɛwɔ ahobrɛase paa a, yɛbɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ, na yɛrensi gyinae bɔne biara.

4. Dɛn na yebehu wɔ adesua yi mu?

4 Nnawɔtwe a etwaam no, yebehuu nea enti ehia sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase sɛ Kristofo, ne nea yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Nneɛma bɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase? Yɛbɛyɛ dɛn anya saa su pa yi na yehyia ɔhaw bi mpo a yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase? Nea ɛbɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae no, yenni kan nhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ase. Afei yebehu kwampa a yɛbɛfa so asi gyinae pa wɔ nneɛma mmiɛnsa yi mu biara mu.​—Mmeb. 11:2.

SƐ YƐN TEBEA SESA A YƐBƐYƐ DƐN?

5, 6. Dɛn na Barsilai yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ahobrɛase?

5 Sɛ yɛn tebea sesa a, yebetumi akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase anaa yɛyɛ ahantan. Yɛmfa Barsilai asɛm no nyɛ nhwɛso. Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛtena ahemfie. Saa bere no na wadi mfe 80. Ɛbɛyɛ sɛ Barsilai ani gyee sɛ ɔhene no ahyɛ no anuonyam. Sɛ ɔkɔtena ahemfie hɔ a, ɔne Ɔhene Dawid ara na ɛbɛbɔ. Nanso Barsilai ankɔ. Adɛn ntia? Ná wanyin, enti ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adesoa ma no. Ɔka kyerɛɛ Ɔhene Dawid sɛ ɔmfa Kimham mmom nkɔ.​—2 Sam. 19:31-37.

6 Ahobrɛase nti, Barsilai sii gyinae pa. Ɛnyɛ sɛ na ɔte nka sɛ ɔrentumi nyɛ adwuma a Dawid de rema no no anaasɛ ɛyɛ no sɛ wabɔ akwakoraa nti bere aso sɛ ogye n’ahome. Nea ɛwom ara ne sɛ, ogye toom sɛ wanyin, na ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ enti ɛnsɛ sɛ ɔkɔfa adesoa a ontumi soa. (Kenkan Galatifo 6:4, 5.) Sɛ yɛde yɛn adwene si dibea anaa edin a yebegye so a, yɛbɛyɛ ahantan. Afei yɛne yɛn nuanom besi akan, na awiei koraa no, yɛn nsa besi fam. (Gal. 5:26) Nanso sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yɛne yɛn nuanom nyinaa de baakoyɛ bɛyɛ adwuma de ahyɛ Nyankopɔn anuonyam. Afei nso, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara aboa afoforo.​—1 Kor. 10:31.

7, 8. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yennye yɛn ho nni dodo?

7 Sɛ yenya ɔsom hokwan a, ɛma yenya tumi kakra wɔ yɛn nuanom so na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Bere a Nehemia tee sɛ ne nuanom rehu amane wɔ Yerusalem no, ɔbɔɔ mpae denneennen sɛ Yehowa mmoa wɔn. (Neh. 1:4, 11) Yehowa tiee ne mpaebɔ. Ɔmaa Ɔhene Artasasta yɛɛ no ɔmantam no so amrado. Nanso ne dibea oo, n’ahode oo, ne tumi oo, wamma emu biara ankɔ ne tirim. Ɔde ne ho too Yehowa so, na ɔkɔɔ so ne ne Nyankopɔn nantewee. Wamfa Onyankopɔn Mmara anni agorɔ koraa. (Neh. 8:1, 8, 9) Wanhyɛ ne nkurɔfo no so, mmom ɔde n’ahode nyinaa boaa wɔn.​—Neh. 5:14-19.

8 Yɛn nso, sɛ ɔsom hokwan a yɛwɔ sesa a, nea Nehemia yɛe no betumi aboa yɛn ama yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase, na yɛrennye yɛn ho nni dodo. Sɛ asafo mu panyin bi asom akyɛ a, anhwɛ a ɔde ne ho bɛto ne suahu so ayɛ nneɛma wɔ asafo no mu a onni kan mmɔ Yehowa mpae. Anuanom bi nso wɔ hɔ a, ebia wobesi gyinae bi ansa na wɔabɔ ho mpae. Yɛhwɛ a wei kyerɛ ahobrɛase? Enti sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, bere nyinaa yɛbɛkae sɛ yehia Onyankopɔn akwankyerɛ. Afei yebegye Onyankopɔn nhyehyɛe nyinaa atom. Sɛ yɛwɔ ɔsom hokwan bi a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛkɔ yɛn tirim. Tebea biara mu, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase na yɛde yɛn ho to Yehowa so. (Kenkan Mmebusɛm 3:5, 6.) Yɛn nyinaa yɛ Onyankopɔn asomfo, enti yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne yɛn abusua ne asafo no mufo nyinaa de baakoyɛ bɛsom Yehowa. Yɛremma dibea anaa hokwan bi a yebenya nnye yɛn adwene.​—1 Tim. 3:15.

SƐ WƆKASA TIA YƐN ANAA WƆKAMFO YƐN A, DƐN NA YƐBƐYƐ?

9, 10. Sɛ obi tu n’ani si yɛn so keka nsɛm a ɛmfata tia yɛn a, dɛn na yɛbɛyɛ akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?

9 Sɛ obi tu n’ani si yɛn so, keka nsɛm a ɛmfata tia yɛn a, anhwɛ a yɛrentumi nhyɛ yɛn ho so. Biribi saa too Hanah. Ná ne kunu dɔ no paa, nanso na ɔyɛ obonin. Wei nti na ne kora Penina taa serew no ma no su. Da bi, ɔkɔɔ asɔrefie kɔbɔɔ mpae. Ɛhɔ nso Ɔsɔfo Panyin Eli kasa tiaa no sɛ wabow nsã. Wo ara hwɛ! Nanso wei nyinaa akyi Hanah ahobrɛase nti, wamma ne bo amfuw. Mmom ɔtoo ne bo ase kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu kyerɛɛ Eli. Mpae a ofi ne komam bɔe no, Onyankopɔn ama wɔakyerɛw wɔ Bible mu. Ne mpaebɔ no kyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi. Ná n’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama no no, enti oyii no ayɛ.​—1 Sam. 1:5-7, 12-16; 2:1-10.

10 Bio, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ‘yɛbɛkɔ so de papa adi bɔne so nkonim.’ (Rom. 12:21) Satan wiase yi mu tena yɛ yaw, enti sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hyɛ yɛn ho so. (Dw. 37:1) Sɛ asɛm bi si yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam a, ebetumi ahaw yɛn paa. Nanso sɛ yɛwɔ ahobrɛase a yebesuasua Yesu. Bible se, “bere a wɔsopaa no no, wanyɛ bi antua ka . . . , mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.” (1 Pet. 2:23) Ná Yesu nim sɛ aweredi wɔ Yehowa. (Rom. 12:19) Kristofo nso, yɛatu yɛn fo sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase na ɛnsɛ sɛ ‘yɛde bɔne tua bɔne so ka.’​—1 Pet. 3:8, 9.

11, 12. (a) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛn nuanom hoahoa yɛn anaa wɔkamfo yɛn boro so a, dɛn na yɛbɛyɛ? (b) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, dɛn na yɛbɛyɛ wɔ yɛn ntadehyɛ, yɛn ahosiesie, ne yɛn suban ho?

11 Sɛ yɛn nuanom hoahoa yɛn anaa wɔkamfo yɛn dodo a, ɛno nso betumi asɔ yɛn ahobrɛase ahwɛ. Ebi too Ester. Ná Persia hene repɛ yere, enti wɔde mmabaa a wɔwɔ Persia Ahemman mu bebree bae sɛ ɔhene nyi wɔn mu baako. Ná Ester ka ho bi, na na ɔne mmabaa yi ara na ɛkɔ ba, nanso wansesa. Wɔhyɛɛ da de no kɔtenaa baabi pa wɔ ahemfie hɔ korɔkorɔɔ no bɛyɛ afe. Ahoɔfɛ deɛ na ɔfa no kwa. Ne nyinaa akyi, wamma ne ho so. Ná obu ade paa. Bere a ɔhene no waree no maa no bɛyɛɛ ɔhemmaa mpo, wanyɛ ahantan, ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase.​—Ester 2:9, 12, 15, 17.

Ebinom ahyɛ ntade asiesie wɔn ho kama wɔ Ahenni Asa so, ebinom nso ahyɛ ntade a ɛkyekyere wɔn ho wɔ hɔ

Sɛ yɛhwɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie a, ɛkyerɛ sɛ yebu Yehowa ne afoforo anaa ɛkyerɛ sɛ yenni ahobrɛase? (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12 Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, bere nyinaa yɛbɛhwɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie yiye. Afei yɛbɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yebu yɛn ho ne afoforo. Sɛ yɛanhoahoa yɛn ho anaa yɛantwe nkurɔfo adwene amma yɛn so a, ɛma nkurɔfo bu yɛn. Wei nti ehia sɛ yɛda “honhom a ɛyɛ komm na edwo” adi. (Kenkan 1 Petro 3:3, 4; Yer. 9:23, 24) Sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase a, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe beyi yɛn ama. Ebia yɛbɛyɛ biribi ama nkurɔfo ahu sɛ yɛwɔ ɔsom hokwan bi, yenim nsɛm bi a wonnim, anaa yɛne asafo mu mpanyimfo wɔ adamfofa titiriw bi. Ebi nso a, yɛne anuanom bi abom ayɛ adwuma bi, nanso sɛnea yɛbɛka ho asɛm no, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛn nko ara na yɛyɛe. Wei mu nso, Yesu atwa sa pa ato hɔ ama yɛn. Nsɛm a ɔkae no, ɔfaa pii fii Hebri Kyerɛwsɛm no mu. Ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ ɔwɔ ahobrɛase. Ná ɔpɛ sɛ n’atiefo hu sɛ ne nsɛm no fi Yehowa hɔ na ɛnyɛ ne nyansa anaa ne nimdeɛ na na ɔde kasa.​—Yoh. 8:28.

BERE A ƐSƐ SƐ YESI BIRIBI HO GYINAE

13, 14. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa?

13 Ade baako nso a ebetumi asɔ yɛn ahobrɛase ahwɛ yɛ bere a yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi anaa ɛsɛ sɛ yegye tebea bi tom. Bere bi, na ɔsomafo Paulo wɔ Kaesarea na na ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem. Nanso odiyifo Agabo ka kyerɛɛ no sɛ ɔkɔ a wɔbɛkyere no enti mma ɔnkɔ. Anhwɛ mpo a na wɔakum no. Wei maa anuanom no bɔɔ hu paa, enti wɔpaa Paulo kyɛw sɛ ɔnsan. Nanso Paulo ansesa n’adwene. Nea ɔyɛe no nkyerɛ sɛ na ɔredi akakabensɛm. Saa ara nso na wamma ehu anka no. Ná ɔwɔ Yehowa mu ahotoso na na wasiesie ne ho sɛ nea ebesi biara nsi. Nea Yehowa bɛma kwan biara obegye atom. Bere a Paulo sii saa gyinae no, anuanom anhyɛ no bio, wɔmaa no kɔɔ Yerusalem.​—Aso. 21:10-14.

14 Sɛ yennim sɛnea nneɛma bewie mpo a, ahobrɛase nti yebetumi asi gyinae pa. Yɛmfa no sɛ yɛde yɛn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma mu. Ebia yebebisa yɛn ho sɛ, sɛ yare bi bɔ yɛn a, yɛbɛyɛ dɛn? Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim? Yɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa a, hena na ɔbɛhwɛ yɛn? Sɛ yɛbɔ mpae anaa yɛyɛ nhwehwɛmu sɛ dɛn mpo a, ɛbɛyɛ den sɛ yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae. (Ɔsɛnk. 8:16, 17) Sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso a, yebehu sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ ho biribi. Nea yɛbɛyɛ ne sɛ yɛbɛbɔ asɛm no ho mpae, yɛbɛyɛ nhwehwɛmu na yɛabisa ebinom adwenkyerɛ. Ɛno akyi yebegyae biribiara ama Yehowa na ɔno ara akyerɛ yɛn kwan. (Kenkan Ɔsɛnkafo 11:4-6.) Yɛyɛ saa a, Yehowa behyira gyinae a yebesi so, na sɛ ehia sɛ yɛsesa yɛn adwene nso a ɔbɛboa yɛn.​—Mmeb. 16:3, 9.

ƐSƐ SƐ YƐBRƐ YƐN HO ASE

15. Sɛ yɛde yɛn adwene si Yehowa so a, yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Ɔkwan bɛn so?

15 Sɛ ahobrɛase so wɔ mfaso saa a, ɛnde yɛbɛyɛ dɛn ada no adi kɛse? Momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yedwinnwen Yehowa su a ɛkorɔn no ho na yegye tom sɛ ne tumi nni ano. Wei bɛma yɛabrɛ yɛn ho ase koraa ama Yehowa na yɛasuro no. (Yes. 8:13) Momma yɛnkae sɛ ɛnyɛ yɛne soro abɔfo anaa nnipa na ɛnam, mmom yɛne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn na ɛnam. Yɛma wei tena yɛn adwene mu a, ɛbɛma ‘yɛabrɛ yɛn ho ase ahyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wom no ase.’​—1 Pet. 5:6.

16. Sɛ yedwinnwen Onyankopɔn dɔ ho a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛma yɛabrɛ yɛn ho ase?

16 Nea ɛto so mmienu. Sɛ yedwinnwen Yehowa dɔ ho a, ɛbɛma yɛabrɛ yɛn ho ase. Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ Yehowa de ‘nidi pii ahyehyɛ’ nipadua no akwaa a yesusuw sɛ enni nidi no ho. (1 Kor. 12:23, 24) Yɛn nso, Yehowa dwen yɛn mu biara ho na onim sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ. Ɔmfa yɛn ntoto yɛn nuanom ho, na sɛ yɛfom no nso a ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn nti ɔmpo yɛn. Yenim sɛ Yehowa dɔ yɛn enti baabi a yɛbɛsom no biara yenim sɛ ɔwɔ hɔ ma yɛn.

17. Sɛ yɛde yɛn adwene si yɛn nuanom suban pa so a, mfaso bɛn na yebenya?

17 Nea ɛto so mmiɛnsa, sɛ yesuasua Onyankopɔn na yɛde yɛn adwene si yɛn nuanom suban pa so a, ɛbɛma yɛn ani asɔ adwuma biara a wɔde bɛma yɛn wɔ Yehowa som mu no paa. Ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ nnipa anim anuonyam anaa yɛbɛpere sɛ yebegye obi adwuma ayɛ. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛtaa abisa yɛn nuanom adwenkyerɛ, na sɛ wɔma yɛn nyansahyɛ nso a yɛde bɛyɛ adwuma. (Mmeb. 13:10) Sɛ yɛn nuanom nya ɔsom hokwan wɔ asafo no mu nso a, yɛne wɔn nyinaa ani begye. Sɛ yehu sɛnea Yehowa rehyira yɛn “nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa” no a, yɛbɛda no ase.​—1 Pet. 5:9.

18. Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm tete yɛn ahonim a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

18 Nea ɛto so nnan. Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm tete yɛn ahonim a, yɛbɛkɔ so abrɛ yɛn ho ase. Bible bɛma yɛahu Yehowa adwene wɔ nneɛma ho na yɛasi gyinae pa. Sɛ yɛkɔ so sua ade, bɔ mpae, na yɛde nea yɛasua yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛanya ahonim pa. (1 Tim. 1:5) Afei yɛremmu yɛn ho nkyɛn yɛn nuanom. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam deɛ a, ‘obewie yɛn ntetee.’ Ɔbɛma yɛanya ahobrɛase na yɛn suban bɛyɛ fɛ.​—1 Pet. 5:10.

19. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase daa?

19 Ahantan baako a odiyifo a ofi Yuda yɛe nti, Onyankopɔn bo fuw no, na ɔhweree ne nkwa. Nanso sɛ yɛkɔ sɔhwɛ mu mpo a yebetumi akɔ so abrɛ yɛn ho ase. Efi tete besi nnɛ, Yehowa asomfo anokwafo pii ayɛ saa. Sɛ yɛne Yehowa nantew kyɛ a, ɛsɛ sɛ yetumi brɛ yɛn ho ase kɛse. (Mmeb. 8:13) Baabi a yɛwɔ anaa ɔsom hokwan a yɛwɔ deɛ, ɛnyɛ ɛno ne asɛm no. Ade a ehia seesei paa ne sɛ yɛne Yehowa bɛkɔ so anantew. Biribiara nni hɔ a ɛkyɛn wei. Ma w’ani nnye efisɛ Yehowa ahyɛ wo anuonyam paa. Yɛ nea wubetumi biara brɛ wo ho ase na wo ne Yehowa akɔ so anantew daa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena