Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w17 June kr. 21
  • “Nhyira Nka Wo Nyansa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nhyira Nka Wo Nyansa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abigail ne Dawid
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ɔyɛɛ N’ade Nyansam
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔbea Nyansafo Bi Sianka Asiane
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Sɛnea Wɔkae Ebinom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
w17 June kr. 21
Abigail

“Nhyira Nka Wo Nyansa”

DAWID a ɔtenaa ase tete Israel no na ɔkaa saa asɛm no. Ɔkaa saa de kamfoo ɔbea bi a ohyiaa no. Ná yɛfrɛ ɔbea no Abigail. Dɛn na ɛmaa Dawid kamfoo no, na dɛn na yebetumi asua afi nea Abigail yɛe no mu?

Bere a Dawid reguan afi Ɔhene Saul anim no na ohyiaa ɔbea warefo yi. Ná Abigail kunu Nabal yɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan pii. Ná ɔde wɔn kɔ adidi wɔ bepɔw so, baabi a ɛwɔ Yuda anafo fam. Dawid ne ne mmarima no yɛe “sɛ ɔfasu” maa Nabal nguan ne ne nguanhwɛfo no. Akyiri yi, Dawid somaa ne mmerante sɛ wɔnkɔsrɛ Nabal sɛ, aduan a ne “nsa bɛka biara” ɔmma wɔn bi. (1 Sam. 25:8, 15, 16) Sɛ yɛhwɛ sɛnea na Dawid ne ne mmarima no abɔ Nabal agyapade ho ban a, na Dawid adesrɛ no nyɛ biribi a ɛboro so.

Ná Nabal din ne ne honam sɛ, efisɛ ne din no kyerɛ “Ogyimfo” anaa “Ɔkwasea.” Bere a ɔtee Dawid adesrɛ no, ɔteɛteɛɛm guu Dawid mmarima no so yeyaw wɔn, na wamma wɔn hwee. Enti Dawid siesiee ne ho sɛ ɔrekɔkyerɛ Nabal nyansa. Nabal nkwaseasɛm nti, na ɔne ne fiefo behu amane.—1 Sam. 25:2-13, 21, 22.

Abigail de n’ani too fam hui sɛ, nea Dawid de ahopere abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no de asɛnkɛse bɛba. Enti Abigail de akokoduru yɛɛ ho biribi. Ɔkasa kyerɛɛ Dawid obu so. Ɔsrɛɛ no sɛ ɔnhwɛ na wanyɛ biribi a ɛbɛsɛe ɔne Yehowa ntam. Afei ɔmaa Dawid a na ɔbɛyɛ ɔhene a odi hɔ ne ne mmarima no aduan pii. Dawid nso gye toom sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔsomaa Abigail baa ne nkyɛn a, anka ɔbɛyɛ biribi ama wadi fɔ wɔ Onyankopɔn anim. Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: “Nhyira nka wo nyansa, na nhyira nka wo sɛ woayi me afi mogya ho afɔdi mu.”—1 Sam. 25:18, 19, 23-35.

Nneɛma pa a Dawid yɛ maa Nabal nyinaa, wankyerɛ ho anisɔ. Sɛ yɛhwɛ nea Nabal yɛe no a, yetumi hu sɛ ɛnsɛ sɛ yesuasua no da. Bio nso, sɛ yehu sɛ ɔhaw bi rebobɔ ba a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi de siw ano. Asɛm a odwontofo no ka kyerɛɛ Onyankopɔn no, yɛn nso yebetumi aka bi. Ɔkae sɛ: ‘Kyerɛkyerɛ me nyansa ne nimdeɛ.’—Dw. 119:66.

Afoforo betumi ahu sɛnea yɛyɛ yɛn ade nyansam no. Sɛ wɔka ho asɛm oo, wɔanka oo, wɔn nso betumi ate nka sɛ Dawid. Ɔkae sɛ: “Nhyira nka wo nyansa.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena